Galatifo 1 - KYERƐW KRONKRONNkyia 1 Paulo a emfi nnipa, nso ɛnnam onipa bi so, na mmom ɛnam Yesu Kristo ne Agya Nyankopɔn a onyan no fii awufo mu no so na ɔyɛ ɔsomafo 2 ne anuanom a wɔka me ho nyinaa de kɔma Galatia asafo horow: 3 Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. 4 Ɔno na yɛn bɔne nti ɔde ne ho mae, na wayi yɛn afi wiase bɔne yi mu, sɛnea yɛn Agya Onyankopɔn pɛ no te. 5 Ɔno na anuonyam nka no mmeresanten mfesanten. Amen. Galatifo nsanakyiri 6 Ɛyɛ me nwonwa sɛ moatwe mo ho ntɛm sɛɛ afi nea wafrɛ mo Kristo adom mu no ho kɔ asɛmpa foforo 7 a nso ɛnyɛ asɛmpa foforo biara, na mmom nnipa bi wɔ hɔ a wɔhaw mo na wɔpɛ sɛ wɔsesa Kristo asɛmpa no. 8 Na sɛ mpo yɛn anaa abɔfo bi fi soro ba bɛka asɛmpa foforo bi kyerɛ mo, ka nea moagye no ho a, onnue! 9 Sɛnea yɛkae kan no, saa ara na afei mereka bio, sɛ obi ba bɛka asɛmpa foforo bi kyerɛ mo ka nea moagye no ho a, onnue! 10 Na afei anim pa na merehwehwɛ afi nnipa hɔ anaasɛ Onyankopɔn hɔ? Anaasɛ merehwehwɛ sɛ mesɔ nnipa ani anaa? Sɛ meda so mesɔ nnipa ani a, ɛnne na menyɛ Kristo akoa. Paulo nkyerɛkyerɛ firi Kristo 11 Na, anuanom, merema moahu sɛ, asɛmpa a mekae no nte sɛ nnipa ade; 12 efisɛ ɛnyɛ nnipa nkyɛn na migyee no, nso wɔamfa ankyerɛkyerɛ me, na mmom Yesu Kristo na ɔdaa no adi kyerɛɛ me. 13 Na moate abrabɔ a kan no na mebɔ no wɔ Yudafo som mu, sɛnea metaataa Onyankopɔn asafo maa no boroo so, na mesɛee wɔn, 14 na menyaa nkɔso Yudafo som mu mesen m’atipɛnfo pii m’abusua mu, na mebɔɔ m’agyanom atetesɛm ho mmɔden bebree ma ɛtraa so. 15 Na ɛsɔɔ nea oyii me fii me na yam, na ɔnam n'adom so afrɛ me no ani 16 sɛ ɔbɛda ne Ba adi me mu no, sɛ menka ne ho asɛmpa menkyerɛ amanaman no, ntɛm ara me ne honam ne mogya antu agyina, 17 nanso mankɔ Yerusalem wɔn a wodii m'anim yɛɛ asomafo no nkyɛn, na mmom mekɔɔ Arabia, na mesan mebaa Damasko bio. Nsra a ɔkɔsraa Yerusalem, Siria ne Kilikia 18 Ɛnna mfirihyia abiɛsa akyi no, mekɔɔ Yerusalem sɛ merekɔhwɛ Kefa anim, na midii ne nkyɛn nna dunum; 19 na asomafo a ɛkeka ho no de, manhu wɔn mu biara, gye Awurade nua Yakobo. 20 Na nea merekyerɛw mo yi, hwɛ, Onyankopɔn anim, merenni atoro. 21 Ɛno akyi no, mebaa Siria ne Kilikia fam. 22 Na Yudea asafo a wɔwɔ Kristo mu no nnim m’anim; 23 na ɔte nko na na wɔate sɛ, nea anka kan ɔtaa yɛn no, afei de, ɔka gyidi a kan ɔsɛee no no ho asɛmpa. 24 Na me nti wɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana