Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Atemmufo 8 - KYERƐW KRONKRON


Midianfo so nkunimdi awiei

1 Na Efraim mmarima ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn nti na wo ne yɛn adi saa asɛm yi sɛ wo ne Midian rekɔko no, woamfrɛ yɛn? Na wɔne no hamee dennen pa ara.

2 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Dɛn na mayɛ afei a ɛte sɛ mo de? So Efraim mpɛpɛwadi nye nsen Abieser bobetew nyinaa?

3 Mo nsam na Onyankopɔn de Midian asafohene Oreb ne Seeb ahyɛ, na dɛn na matumi mayɛ sɛ mo? Na ɔkaa saa no, wɔn bo gyaa no fuw.

4 Na Gideon duu Yordan ano no, ɔne mmarima ahasa a wɔka ne ho no twae; wɔabrɛ, nanso wotiw wɔn ara.

5 Na ɔka kyerɛɛ Sukotfo no sɛ: Mesrɛ mo, momma mmarima a wodi m’akyi yi abodoo sebɔw bi ɛ, na wɔabrɛ, na me nso meretiw Midian ahene Seba ne Salmuna.

6 Na Sukot atitiriw no kae sɛ: So Seba ne Salmuna wɔ wo nsam dedaw na yɛmfa abodoo mma wo dɔm yi anaa?

7 Na Gideon kae sɛ: Eyi nti sɛ AWURADE nya de Seba ne Salmuna hyɛ me nsa a, ɛnne mede sare so nsɔe ne akraate mɛtetew mo honam.

8 Na ofii hɔ kɔɔ Penuel, na ɔne wɔn kasae saa ara. Na Penuelfo no buaa no sɛnea Sukotfo no buaa no no.

9 Na ɔka kyerɛɛ Penuelfo no nso sɛ: Sɛ mesan meba dwoodwoo a, meburuw abantenten yi.

10 Nso na Seba ne Salmuna wɔ Karkor, na wɔn dɔm ka wɔn ho; wɔbɛyɛ nnipa ɔpedunum, Apueifamfo dɔm no nkae nyinaa; efisɛ nnipa a wɔtwe nkrante ɔpeha aduonu na atotɔ.

11 Na Gideon foro faa ntamadan mutefo kwan so, Noba ne Yogbeha apuei, na okokunkum dɔm no, efisɛ na dɔm no ani nni wɔn ho so.

12 Na Seba ne Salmuna guanee, na otiw wɔn kɔkyeree Midian ahene baanu no, Seba ne Salmuna, na ɔbɔɔ dɔm no nyinaa gui.

13 Ɛnna Yoas ba Gideon san fii dɔm no mu faa Heres aforoe bae.

14 Na ɔkyeree aberante bi a ofi Sukot, na obisaa no, na ɔkyerɛw Sukot atitiriw ne mpanyimfo no din maa no, mmarima aduɔsɔn asɔn.

15 Na ɔbaa Sukotfo no nkyɛn bɛkae sɛ: Hwɛ, Seba ne Salmuna a wɔn nti mosopaa me sɛ: So Seba ne Salmuna wɔ wo nsam dedaw na yɛmma wo mmarima a wɔabrɛ no abodoo no ni?

16 Na ɔfaa kurow no mu mpanyimfo, na ɔfaa sare so nsɔe ne akraate, de kyerɛɛ Sukotfo no nyansa.

17 Na oburuw Penuel abantenten no, na okunkum kurow no mu mmarima.

18 Na ɔka kyerɛɛ Seba ne Salmuna sɛ: Mmarima a mukunkum wɔn Tabor no te dɛn? Na wose: Wɔne wo pɛ, wɔn nyinaa sesɛ ahene mma.

19 Na ɔkae sɛ: Me nuanom, me na mma ne wɔn; sɛ AWURADE te ase yi, sɛ moma wɔtenaa ase a, anka merenkum mo.

20 Na ɔka kyerɛɛ n’abakan Yeter sɛ: Sɔre kum wɔn! Nanso abofra no antwe ne nkrante, na osuro, efisɛ ɔda so yɛ abofra.

21 Na Seba ne Salmuna kae sɛ: Wo ara sɔre tow yɛn dade, na sɛ ɔbarima te na ne mmaninyɛ te. Ɛnna Gideon sɔre kunkum Seba ne Salmuna, na ɔfaa asram nketewa nnwinne a egu wɔn yoma kɔn mu no.

22 Na Israel mmarima ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Di yɛn so, wo ne wo ba ne wo ba ba nyinaa, efisɛ wo na woagye yɛn afi Midian nsam.

23 Na Gideon ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Me de, merenni mo so, na me ba nso nnni mo so, AWURADE na onni mo so.

24 Na Gideon ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mebisa mo hɔ biribi: Mo nyinaa mfa mo asade mu nkaa mmrɛ me. Efisɛ Midianfo yɛ Ismaelfo nti, wɔwowɔ sika nkaa.

25 Na wose: Yefi yɛn pɛ mu de bɛma. Na wɔde ntama sɛw hɔ, na obiara tow n’asade mu nkaa guu so.

26 Na sika nkaa a obisae no ano si sika nnwetɛbona apem ahansɔn; ɛsono asram nketewa nnwinne ne asom ahyehyɛde ne ntade a ɛberedum a ɛhyehyɛ Midian ahene no, na ɛsono wɔn yoma kɔn mu ahyehyɛde no.

27 Na Gideon de yɛɛ asɔfotade sɛso sɛ ohoni a, ɔde too ne kurow Ofra mu. Ɛhɔ na Israel nyinaa dii akyiri aguamammɔ mu, na ɛdan Gideon ne ne fi afiri.

28 Na wɔbrɛɛ Midian ase Israelfo anim, na wɔamma wɔn ti so bio. Na asase no so dwoe Gideon bere so mfirihyia aduanan.

29 Na Yoas ba Yerubaal siim kɔtenaa ne fi.

30 Na Gideon wɔ mmammarima aduɔsɔn a wofi n’asen mu, efisɛ ɔwɔ yerenom pii.

31 Na ne mpena a ɔwɔ Sekem no nso woo babarima maa no, na ɔtoo no din Abimelek.

32 Na Yoas ba Gideon wui na wabɔ akora pa ara, na wosiee no n’agya Yoas asiei a ɛwɔ Ofra a ɛyɛ Abi-eserfo de no.

33 Na Gideon wui no, Israelfo san kodii Baalim akyi aguamammɔ mu, na wɔfaa Baal-berit de yɛɛ wɔn nyame.

34 Na Israelfo ankae AWURADE wɔn Nyankopɔn a oyii wɔn fii wɔn atamfo nyinaa nsam hyiae no;

35 nso wɔanyɛ Yerubaal-gideon fi adɔe amfa antua yiye a ɔyɛɛ Israel no nyinaa so ka.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan