Atemmufo 7 - KYERƐW KRONKRONGideon di Midianfo so 1 Ɛnna Yerubaal a ɔne Gideon no ne ɔman a wɔka ne ho no nyinaa sɔree anɔpahema, na wɔkɔbɔɔ nsra Harod nsuaniwa ho, na Midian nsra no wɔ ne benkum fam, More koko ho bon no mu. 2 Na AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Ɔman a wɔka wo ho no dɔɔso sen sɛnea mede Midian mɛhyɛ wɔn nsa, na Israel ampɔw me so anka sɛ: M’ankasa me nsa na agye me. 3 Enti afei ma wɔnka ɔman no asom sɛ: Nea osuro na ne koma tutu no nsan n’akyi, na ɔnnan n’ani mfi Gilead bepɔw ho nkɔ. Ɛnna ɔman no mu nnipa ɔpeduonu abien san wɔn akyi kɔe, na ɛkaa nnipa ɔpedu. 4 Na AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Ɔman no da so dɔɔso; fa wɔn sian kɔ asu no ho, na minyiyi wɔn mu memma wo wɔ hɔ; nea mese wo sɛ: Oyi ne wo nkɔ no, ɔno na ɔne wo nkɔ; na obiara a mese wo sɛ: Oyi ne wo nnkɔ no, ɔnnkɔ. 5 Na ɔde ɔman no sian kɔɔ asu no ho. Na AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Obiara a ɔde ne tɛkrɛma bɛtaforo nsu no bi sɛnea ɔkraman taforo no, fa no nko gyina; na obiara a ɔkotow ne nankoroma anim nom no nso, yɛ no saa ara. 6 Na wɔn a wɔde wɔn nsa totoo wɔn ano taforoe no ano si nnipa ahasa, na ɔman no nkae nyinaa kotow wɔn nankoroma anim nom nsu no. 7 Na AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Mmarima ahasa a wɔtaforoe no na mede megye mo, na mede Midian mahyɛ wo nsa, na ma wɔn a aka no mu biara nkɔ ne tenabea. 8 Na wogyigyee ɔman no akwansoduan ne wɔn ntorobɛnto kurakurae; na ogyaa Israel nyinaa kwan ma wɔkɔɔ wɔn ntamadan mu, na osoo mmarima ahasa no mu. Na Midian nsra no wɔ n’ase fam, obon no mu. 9 Na anadwo no ara AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre sian kɔ nsra no mu, na mede mahyɛ wo nsa. 10 Na sɛ wo de, wusuro sɛ wubesian a, wo ne w’abofra Pura nsian nkɔ nsra no mu, 11 na kotie asɛm a wɔbɛka, na ɛno akyi no, wo nsa bɛyɛ den na woasian akɔ nsra no mu. Na ɔne n’akoa Pura sian kɔɔ nsra no mu twafo no ano noho. 12 Na Midian ne Amalek ne apueifo no nyinaa boaboa wɔn ho ano wɔ obon no mu a wɔn dodow te sɛ mmoadabi, na wɔn yoma nni ano, wɔn dodow te sɛ mpoano nwea. 13 Na Gideon dui no, na hwɛ, obi reka ɔdae bi akyerɛ ne yɔnko sɛ: Hwɛ, maso dae bi, na hwɛ, atoko abodoo sebɔw bi repirew aba Midian nsra mu, na eduu ntamadan no ho, na ɛpem no hwee hɔ, na ebutuw no koraa ma ntamadan no guguu hɔ. 14 Na ne yɔnko no buaa no sɛ: Eyi nyɛ biribiara sɛ Israelni Yoas ba Gideon nkrante; ne nsam na Onyankopɔn de Midian ne nsra no nyinaa ahyɛ. 15 Na Gideon tee dae no ne ne nkyerɛase no, ɔkotow sɔree, na ɔsan baa Israel nsra mu, na ɔkae sɛ: Monsɔre, efisɛ AWURADE de Midian nsra no ahyɛ mo nsa. 16 Na ɔkyɛɛ mmarima ahasa no mu akuw abiɛsa, na ɔde ntorobɛnto hyehyɛɛ wɔn nyinaa nsa, ne nkuruwa hunu, ne agyatɛn a ɛhyehyɛ nkuruwa no mu. 17 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ me, na monyɛ sɛ meyɛ: Na hwɛ, sɛ midu nsra no ano a, sɛnea mɛyɛ no, saa ara na monyɛ. 18 Na sɛ me ne nnipa a wɔka me ho nyinaa hyɛn torobɛnto a, mo nso monhyɛn ntorobɛnto ntwa nsra no ho nyinaa nhyia, na monka sɛ: AWURADE ne Gideon de ni! 19 Na Gideon ne mmarima ɔha a wɔka ne ho no duu nsra no ano, ɔdasu a edi mfinimfini no mfiase a wɔde awɛmfo gyinagyinae ara pɛ, na wɔhyenhyɛn ntorobɛnto no, na wɔbobɔɔ nkuruwa a ekurakura wɔn no. 20 Na akuw abiɛsa no hyenhyɛn ntorobɛnto no, na wɔbobɔɔ nkuruwa no, na wokurakura agyatɛn no wɔn nsa benkum mu, ne ntorobɛnto no wɔn nsa nifa mu hyenhyɛnee, na wɔteɛɛm sɛ: AWURADE ne Gideon nkrante! 21 Na wogyinagyinaa hɔ, wɔn gyinabea, de twaa nsra no ho hyiae. Na nsra no nyinaa bɔɔ twi, na wɔteɛteɛɛm na woguanguanee. 22 Na wɔhyenhyɛn ntorobɛnto ahasa no. Na AWURADE maa wɔn nyinaa nkrante kyerɛkyerɛɛ wɔn yɔnkonom ne nsra no nyinaa so; na ɛdɔm no nyinaa guan kosii Bet-sita wɔ Serera, kosii Abel-mehola a ɛwɔ Tabat ho no ano. 23 Na wɔpae kohyiaa Israel mmarima fi Naftali ne Aser ne Manase nyinaa, na wobetiw Midian. 24 Na Gideon somaa abɔfo kɔɔ Efraim bepɔw nyinaa so kɔkae sɛ: Munsian nkohyia Midian, na munnye wɔn nsam nsu ano akwan nkodu Bet-bara ne Yordan ano. Na Efraim mmarima nyinaa behyiae, na wobegyee nsu ano akwan no de kosii Bet-bara ne Yordan ano. 25 Na wɔkyeree Midian asafohene baanu, Oreb ne Seeb, na wokum Oreb, Oreb bo so, na Seeb nso wokum no Seeb nsa-kyi-amoa ho. Na wotiw Midian na wɔde Oreb ne Seeb ti fi Yordan agya brɛɛ Gideon. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana