Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Atemmufo 2 - KYERƐW KRONKRON


Ɔman no asoɔden ne Onyankopɔn abufuw

1 Na AWURADE bɔfo fi Gilgal baa Bokim bɛkae sɛ: Miyii mo fii Misraim na mede mo mebaa asase a mekaa ho ntam mekyerɛɛ mo agyanom no so, na mise: Meremmu me ne mo ntam apam no so da biara da;

2 na mo nso, mo ne asase yi sofo mmpam apam bi: Mummubu wɔn afɔremuka! Nanso moantie m’asɛm. Ɛdɛn na moayɛ yi?

3 Na maka nso sɛ: Merempam wɔn mo anim, na wɔbɛdan nsɔe ama mo, na wɔn anyame adan mo mfiri.

4 Na AWURADE bɔfo no kaa nsɛm yi kyerɛɛ Israelfo no nyinaa no, ɔman no maa wɔn nne so sui.

5 Enti wɔfrɛɛ hɔ sɛ: Bokim, na wɔbɔɔ AWURADE afɔre wɔ hɔ.

6 Na Yosua gyaa ɔman no kwan maa Israelfo nyinaa kokɔɔ wɔn agyapade so kodii asase no so.

7 Na ɔman no som AWURADE, Yosua nna nyinaa, ne nna a mpanyimfo a wonyin kyɛe Yosua akyi nyinaa na wohuu AWURADE nnwuma akɛse a ɔyɛ maa Israel no nyinaa wɔ hɔ no.

8 Na Nun ba Yosua, Awurade akoa no, wui, na wadi mfirihyia ɔha ne du;

9 na wosiee no n’asase mu wɔ Timnat-heres, Efraim bepɔw so, Gaas bepɔw Atifi fam.

10 Na awo ntoatoaso no nyinaa nso tiw wɔn agyanom wɔ asamando, na awo ntoatoaso foforo dii wɔn akyi bae, nnipa a wonnim AWURADE, na wonnim nea Awurade yɛ maa Israel no nso.

11 Na Israelfo no yɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔsom Baalim.

12 Na wogyaw AWURADE, wɔn agyanom Nyankopɔn a oyii wɔn fii Misraim asase so no, na wokodii anyame foforo a wofi aman a wɔatwa wɔn ho ahyia no anyame no mu akyi, na wɔsɔree wɔn, na woyii AWURADE abufuw.

13 Na wogyaw AWURADE kɔsom Baal ne Astarot.

14 Na AWURADE bo fuw Israel, na ɔde wɔn hyɛɛ afowfo nsa na wɔfow wɔn, na ɔtɔn wɔn hyɛɛ wɔn atamfo a wɔatwa wɔn ho ahyia no nsa, na wɔantumi annyina wɔn atamfo anim bio.

15 Baabiara a wofi adi kɔ no, AWURADE pa wɔn ma wodi nkugu, sɛnea AWURADE kae ne sɛnea AWURADE kaa wɔn ntam no; na wɔn ho hiahiaa wɔn papaapa.

16 Nanso AWURADE momaa Akannifo so ma wogyee wɔn nkwa fii wɔn afowfafo no nsam.

17 Na wɔn Akannifo no nso, wɔantie wɔn, na wodii anyame foforo akyi aguamammɔ mu, na wɔsɔree wɔn; ntɛm ara na wofii kwan a wɔn agyanom nantew so tiee AWURADE mmara nsɛm no so; na wɔn de, wɔanni so.

18 Na sɛ Awurade ma akannifo so ma wɔn a, ɛnne Awurade di ɔkannifo no akyi na ogye wɔn fi wɔn atamfo no nsam, ɔkannifo no nna nyinaa, efisɛ wɔn ahawfo ne wɔn ataafo anim apinisi no nti, AWURADE yam hyehyee no.

19 Na sɛ ɔkannifo no wu a, Israelfo no san wɔn akyi na wɔsɛe sen wɔn agyanom, di anyame foforo akyi, som wɔn, sɔre wɔn; wɔannyae wɔn amumɔyɛ ne wɔn kɔnsenee kwan so nantew.

20 Na AWURADE abufuw dɛw hyɛɛ Israel, na ɔkae sɛ: Sɛ ɔman yi ato m’apam a mehyɛɛ wɔn agyanom, na wontie me nne yi,

21 me nso merenkɔ so mintu amanaman a Yosua wu gyaw wɔn no mu biara bio, wɔn anim,

22 na wɔde wɔn asɔ Israel ahwɛ sɛ wɔbɛhwɛ AWURADE kwan no anantew so, sɛnea wɔn agyanom yɛe no, anaasɛ wɔrenhwɛ.

23 Enti AWURADE gyaw amanaman no komm, na wantu wɔn ntɛm, na wamfa wɔn anhyɛ Yosua nsa.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan