Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Atemmufo 18 - KYERƐW KRONKRON


Danfo wia Mika ahoni, wodi Lais so na wɔsom ahoni

1 Nna no mu no, na ɔhene bi nni Israel; bere koro no ara mu nso na Danfo abusuakuw no rehwehwɛ agyapade atena so, efisɛ ɛde besi saa bere no, na agyapade bi nnya mmɛtɔɔ wɔn fam Israel mmusuakuw no mu.

2 Na Danfo no somaa wɔn abusua mu mmarima baanum, wɔn mu mmarima a wɔyɛ nnam, fi Sora ne Estaol, sɛ wɔnkɔsra asase no na wɔnhwehwɛ mu, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔhwɛ asase no so. Na woduu Efraim bepɔw so, Mika fi, na wɔdaa hɔ.

3 Wɔwɔ Mika fi no ho no, wɔtee aberante Lewini no nne, na wɔman hɔ, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Hena na ɔde wo baa ha? Na ɛdɛn na woreyɛ wɔ ha? Na ɛdɛn nso na wowɔ wɔ ha?

4 Na obuaa wɔn sɛ: Sɛɛ ne sɛɛ na Mika ne me adi, na wabɔ me paa, na midi no sɔfo.

5 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Bisa Onyankopɔn ɛ, na yenhu sɛ yɛn kwan a yɛnam so yi bɛyɛ siade kwan anaa?

6 Na ɔsɔfo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa asomdwoe nkɔ. AWURADE anim na mo kwan a monam mu no da.

7 Na mmarima baanum no siim koduu Lais; na wohuu ɔman a ɛwɔ hɔ no sɛ wɔte hɔ dwoodwoo sɛ Sidonfo, wɔte hɔ komm ne dwoodwoo, na obi nni hɔ a ɔka wɔn biribiara mu na odi tumi asase no so, na wɔne Sidonfo ntam ware, na wɔne obi nni asɛm bi.

8 Na wɔbaa wɔn nuanom nkyɛn wɔ Sora ne Estaol; na wɔn nuanom no bisaa wɔn sɛ: Amanneɛ?

9 Na wose: Momma yɛnsɔre na yɛnkɔ wɔn so, efisɛ yɛahu asase no, na hwɛ, eye papaapa. Na moayɛ komm yi ɛ? Monntwentwɛn, na monkɔ hɔ nkɔfa asase no.

10 Mokɔ a, mobɛto ɔman a wɔte hɔ dwoodwoo, asase no so na Onyankopɔn de ahyɛ mo nsa; baabi a asase so ade biara nyɛ na hɔ.

11 Ɛnna Danfo abusua no mu mmarima ahansia a wɔahyehyɛ akode tu fii Sora ne Estaol.

12 Na wɔkɔe, kɔbɔɔ nsra Kiriat-yearim wɔ Yuda. Ɛno nti, wɔfrɛ hɔ Mahane-dan de besi nnɛ; hwɛ, ɛwɔ Kiriat-yearim akyi.

13 Na wotwaam hɔ kɔɔ Efraim bepɔw so, na woduu Mika fi.

14 Ɛnna mmarima baanum a wɔkɔsraa asase no bua see wɔn nuanom no sɛ: So munim sɛ asɔfotade ne abusua ahoni a wɔasen ne agude wɔ adan yi mu? Na afei monhwɛ nea mobɛyɛ.

15 Na wɔman hɔ, na woduu aberante Lewini no fi a ɛyɛ Mika fi, na wokyiaa no.

16 Na mmarima ahansia a wɔahyehyɛ akode a wofi Danfo no mu no gyinaa abobow ano.

17 Na mmarima baanum a wɔkɔsraa asase no kɔe kɔhyɛn hɔ faa ohoni a wɔasen ne asɔfotade ne abusua ahoni ne agude no, nso na ɔsɔfo no ne mmarima ahansia a wɔhyehyɛ akode no gyina abobow no ano.

18 Na eyinom kɔhyɛn Mika fi kɔfaa ohoni a wɔasen, asɔfotade ne abusua ahoni ne agude no no, ɔsɔfo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Dɛn na moreyɛ yi?

19 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛ komm, fa wo nsa mua w’ano na wo ne yɛn nkɔ, na yɛ yɛn agya ne ɔsɔfo. So eye ma wo sɛ wubedi sɔfo ama onipa biako fi anaasɛ wubedi sɔfo ama Israel mu abusuakuw ne abusua?

20 Ɛnna ɔsɔfo no penee, na ɔfaa asɔfotade ne abusua ahoni ne ohoni a wɔasen no, na ɔde kɔɔ ɛdɔm no mu.

21 Ɛnna wɔdan wɔn ho de kɔe, na wɔmaa mmofra ne afieboa ne nneɛma a ɛho hia dii wɔn anim.

22 Wɔne Mika fi ntam twee ara yiye no, wɔfrɛfrɛɛ nnipa a wɔwɔ afi a ɛbemmɛn Mika fi no mu no behyiae, na wotiw Danfo no.

23 Na wɔteɛɛm frɛɛ Danfo no, na wɔdannan wɔn ho ka kyerɛɛ Mika sɛ: Dɛn na ɛyɛ wo na wode dɔm a ɛte sɛɛ reba yɛn so yi?

24 Na ose: M’anyame a meyɛe ne ɔsɔfo no, moafa de rekɔ, na ɛdɛn na mewɔ bio? Na afei adɛn na moka kyerɛ me sɛ: Dɛn na ɛyɛ wo, yi?

25 Na Danfo no ka kyerɛɛ no sɛ: Mma wɔnnte wo nne wɔ yɛn mu, na mmarima a wɔn bo afuw ammɛtow anhyɛ mo so, na woanhwere wo nkwa ne wo fifo de.

26 Na Danfo no sii wɔn kwan so kɔe. Na Mika huu sɛ wɔn ho yɛ den sen no no, ɔdan ne ho san baa ne fi.

27 Na wɔn de, wɔfaa nneɛma a Mika yɛe no ne ɔsɔfo a onyae no kɔe koduu Lais, ɔman a wɔwɔ hɔ komm na wɔte hɔ dwoodwoo no, na wɔde nkrante kunkum wɔn, na wɔde gya hyew kurow no.

28 Na ogyefo bi amma, efisɛ ɛne Sidon ware, na wɔne obi bi nni twaka; na ɛda obon a ɛde kɔ Bet-rehob no mu. Na wɔkyekyeree kurow no tenaa mu,

29 na wɔtoo kurow no din Dan, sɛ wɔn agya Dan a wɔwoo no maa Israel no din te; nanso anka kan no na kurow no din de Lais.

30 Na Danfo no de ohoni a wɔasen no sii hɔ fae, na Mose ba Gersom ba Yonatan ne ne mma dii asɔfo maa Dan abusuakuw no de kosii asase no tukɔ da.

31 Na wɔde Mika honi a wɔasen a ɔyɛe no sii hɔ fae nna a Onyankopɔn fi no wɔ Silo no nyinaa.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan