Atemmufo 14 - KYERƐW KRONKRONSamson aware ne n’aborɔme no 1 Na Samson sian kɔɔ Timna, na okohuu ɔbea bi wɔ hɔ a ɔyɛ Filistifo mmabea no bi. 2 Na ɔforo bae bɛka kyerɛɛ n’agya ne ne na sɛ: Makohu ɔbea bi wɔ Timna, Filistifo mma mu, na monkɔfa no mmrɛ me nware. 3 Na n’agya ne ne na ka kyerɛɛ no sɛ: So wo nuanom mmabea ne me man nyinaa mu nni ɔbea bi, na worekɔ akɔware ɔbea Filistifo momonotofo no mu? Na Samson ka kyerɛɛ n’agya sɛ: Ɔno na kɔfa no brɛ me, na ɔno na ɔsɔ m’ani. 4 Na n’agya ne ne na nnim sɛ eyi fi AWURADE, na ɔrepɛ Filistifo ho kwan; efisɛ saa bere no na Filistifo di Israel so. 5 Na Samson ne n’agya ne ne na siim kɔɔ Timna. Na woduu Timna bobe nturo ho, na hwɛ, gyataforo bi boboom hyiaa no. 6 Na AWURADE honhom sii no so, na ɔtetew no mu, sɛnea wɔtetew abirekyi ba mu, nanso na hwee nkita ne nsam. Na wanka nea ɔyɛe no ankyerɛ n’agya ne ne na. 7 Na osiim kɔe ne ɔbea no kɔkasae, na ɔsɔɔ Samson ani. 8 Na nna bi akyi no, ɔsan kɔe sɛ okohyia no, na ɔman kɔhwɛɛ gyata funu no, na hwɛ, nnowatɔw ne ɛwo adɔ gyata no yam. 9 Na ɔfaa bi kurae dii no akwanakwan, na okoduu n’agya ne ne na nkyɛn, na ɔmaa wɔn bi dii; nanso wanka ankyerɛ wɔn sɛ gyata no yam na oyii ɛwo no. 10 Na n’agya siim kɔɔ ɔbea no nkyɛn, na Samson tow pon wɔ hɔ, efisɛ saa na mmerante taa yɛ. 11 Na wohuu no no, wɔde nnamfonom aduasa bɛkaa no ho. 12 Na Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Merebɛto mo aborɔme bi. Sɛ mutumi kyerɛ me ase nnansɔn apontow yi mu na muhu a, ɛnne mɛma mo nkamisaa aduasa ne ntade nsakraho aduasa; 13 na sɛ moantumi ankyerɛ me a, mo nso momma me nkamisaa aduasa ne ntade nsakraho aduasa. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: To wo aborɔme no na yentie. 14 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Odidifo mu na aduan fi bae, na ɔhoɔdenfo mu na adɔkɔdɔkɔde fi bae. Na wɔantumi ankyerɛ aborɔme no ase nnansa. 15 Na da a ɛto so ason no, wɔka kyerɛɛ Samson yere no sɛ: Daadaa wo kunu na ɔnkyerɛ yɛn aborɔme no ase, na yɛamfa ogya anhyew wo ne w’agya fi! So yɛn fow nti na mubehyiaa yɛn? 16 Na Samson yere no su guu no so kae sɛ: Ɔtan nko na wotan me na wonnɔ me. Woato me nkurɔfo aborɔme, nso wonkyerɛɛ me ase. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, m’agya ne me na po menkyerɛɛ wɔn, na wo na menkyerɛ wo anaa? 17 Na osu guu no so nnansɔn a apontow no gu so no nyinaa. Na da a ɛto so ason no, ɔka kyerɛɛ no, efisɛ na ɔhaw no. Na ɔkɔka kyerɛɛ ne nkurɔfo no. 18 Na kurow no mu mmarima ka kyerɛɛ no da a ɛto so ason no ansa na owia retɔ sɛ: Dɛn na ɛyɛ dɔkɔdɔkɔ sen ɛwo, na ɛdɛn na ne ho yɛ den sen gyata? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moamfa me nantwi amfɛtɛw a, anka moanhu m’aborɔme no ase. 19 Na AWURADE honhom sii no so denneennen, na osiim kɔɔ Askelon kokunkum wɔn mu mmarima aduasa, na ɔfaa wɔn ahode, na ɔde ntade nsakraho no momaa wɔn a wɔkyerɛɛ aborɔme no ase no. Na ne bo fuwii. Na ɔsan kɔɔ n’agya fi. 20 Na wɔde Samson yere no maa ne yɔnko a odii akyi wɔ aware no mu no. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana