Atemmufo 12 - KYERƐW KRONKRONEfraimfo di nkogu 1 Na Efraim mmarima hyiae, na wotwaam kɔɔ Safon, na wɔka kyerɛɛ Yefta sɛ: Ɛdɛn nti na wutwaam kɔe ne Amonfo kɔkoe, na yɛn de, woamfrɛ yɛn na yɛne wo ankɔ? Yɛde ogya bɛhyew wo fi agu wo so. 2 Na Yefta ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Me ne me man nyinaa ne Amonfo nyaa manso kɛse; na meteɛɛm mefrɛɛ mo no, moannye me amfi wɔn nsam; 3 na mihuu sɛ momma mmegye me no, mede me nkwa metoo me nsam, na mesen mekɔɔ Amonfo no so, na AWURADE de wɔn hyɛɛ me nsa, na ɛdɛn na moforo ba me so ne me abɛko nnɛ yi? 4 Na Yefta boaa Gilead mmarima nyinaa ano na ɔne Efraim koe; na Gilead mmarima no kum Efraim, efisɛ wose: Mo Gileadfo aguanfo, mowɔ Efraim mu, ne Manase mu. 5 Na Gilead faa Yordan atwae twaree Efraim; na sɛ Efraim aguanfo no mu bi ka sɛ: Ma mintwa, a, ɛnne Gilead mmarima no bisaa no sɛ: Woyɛ Efraimni anaa? Na ose: Dabi, 6 wɔka kyerɛ no sɛ: Ɛnne ka sɛ: Shibolet, na sɛ ɔka sɛ: Sibolet, efisɛ ontumi nka no yiye a, na wɔakyere no akum no Yordan atwae hɔ. Na saa bere no Efraimfo ɔpeduanan abien na ɛtotɔe. 7 Na Yefta dii Israel anim mfe asia. Na Gileadni Yefta wui, na wosiee no Gilead nkurow no bi mu. Ibsan, Elon ne Abdon 8 Na Yefta akyi no, Ibsan a ofi Betlehem dii Israel anim 9 Na ɔwɔ mmammarima aduasa; na ɔde mmabea aduasa momaa aware mmeaemmeae, na okogyigyee mmabaa aduasa nso fi mmeaemmeae brɛɛ ne mmammarima aware. Na odii Israel anim mfe asɔn. 10 Na Ibsan wui, na wosiee no Betlehem. 11 Na n’akyi no, Sebulonni Elon dii Israel anim mfe du. 12 Na Sebulonni Elon wui, na wosiee no Ayalon, Sebulon asase so. 13 Na n’akyi no, Hilel ba Abdon a ɔyɛ Piratonni dii Israel anim. 14 Na ɔwɔ mmammarima aduanan ne mmanana aduasa a wɔtenaa mfurum aduɔsɔn so. Na odii Israel anim mfe awotwe. 15 Na Hilel ba Abdon a ɔyɛ Piratonni no wui, na wosiee no Piraton wɔ Efraim asase a ɛwɔ Amalekfo bepɔw so no so. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana