Atemmufo 11 - KYERƐW KRONKRONYefta: Ne nkunimdi ne ne bɔhyɛ 1 Na Gileadni Yefta yɛ ɔbarima a ɔyɛ nnam, nanso ɔyɛ ɔbea aguaman bi ba, na Gilead na ɔwoo Yefta. 2 Na Gilead yere woo mmammarima maa no, na ɔyere no mma nyinnyinii no, wɔpam Yefta, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Worennya awunnyade yɛn agya fi, efisɛ ɔbea foforo bi ba ne wo. 3 Ɛnna Yefta guan fii ne nuanom nkyɛn kɔtenaa Tob asase so, na nnipa ahuhufo bi boaa wɔn ho ano bɛkaa Yefta ho, na wodii n’akyi. 4 Na ɛno akyi no, Amonfo ne Israel kodii ako. 5 Na Amonfo ne Israel bɛkoe no, Gilead mpanyimfo kɔe kɔfaa Yefta fii Tob asase no so, 6 na wɔka kyerɛɛ Yefta sɛ: Bra bɛyɛ yɛn safohene, na yɛne Amonfo nkɔko. 7 Na Yefta ka kyerɛɛ Gilead mpanyimfo no sɛ: So ɛnyɛ mo ara na motan me na mopam me fii m’agya fi no? Na ɛdɛn nti na moba me nkyɛn afei a mowɔ ahohia mu yi? 8 Na Gilead mpanyimfo no ka kyerɛɛ Yefta sɛ: Ɛno nti na afei yɛasan aba wo nkyɛn yi, na wo ne yɛn nkɔ na yɛne Amonfo nkɔko, na yɛ yɛn ti, Gileadfo nyinaa so. 9 Na Yefta ka kyerɛɛ Gilead mpanyimfo no sɛ: Sɛ mode me san kɔ sɛ me ne Amonfo nkɔko na AWURADE de wɔn hyɛ me nsa a, me na minni mo ti anaa? 10 Na Gilead mpanyimfo no ka kyerɛɛ Yefta sɛ: AWURADE nyɛ yɛne wo ntam dansefo. Ampa ara nea wuse yi, ɛno ara na yɛbɛyɛ. 11 Ɛnna Yefta ne Gilead mpanyimfo no siim bae, na ɔman no de no sii wɔn ti ne safohene. Na Yefta kɔkaa ne nsɛm nyinaa AWURADE anim wɔ Mispa. 12 Ɛnna Yefta somaa abɔfo kɔɔ Amonfo hene no nkyɛn sɛ: Asɛm bɛn na me ne wo wɔ na woreba me so ne m’asase abɛko yi? 13 Na Amonfo hene no ka kyerɛɛ Yefta abɔfo no sɛ: Efisɛ Israel faa m’asase bere a wofii Misraim reba no, de fi Arnon kosi Yabok ne Yordan ano. Na afei dan ma me komm. 14 Na Yefta san somaa abɔfo bio kɔɔ Amonfo hene no nkyɛn 15 kɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Yefta se ni: Israel amfa Moab asase ne Amonfo asase bi, 16 na mmom wofi Misraim no, Israel nantew sare so kosii Mmɛw-Po ano, na wɔbaa Kades. 17 Na Israel somaa abɔfo kɔɔ Edom hene nkyɛn sɛ: Ma mintwam w’asase so ɛ! Na Edom hene no antie. Na ɔsoma kɔɔ Moab hene nkyɛn nso, na wampene. Na Israel tenaa Kades. 18 Na wɔnantew sare so kotwaa Edom asase ne Moab asase ho kɔntɔnkrɔn, na wobefii Moab asase no apuei, na wɔbɛbɔɔ nsra Arnon agya noho, na wɔamma Moab asase so, efisɛ Arnon ne Moab hye. 19 Ɛnna Israel somaa abɔfo kɔɔ Amorifo hene Sihon a ɔyɛ Hesbonhene no nkyɛn, na Israel ka kyerɛɛ no sɛ: Ma yentwam w’asase so nkɔ m’afa. 20 Na Sihon annye Israel anni, sɛ ɔbɛma wɔafa ne hye so, na Sihon boaa ne man nyinaa ano, na wɔbɛbɔɔ nsra Yahas, na ɔne Israel bɛkoe. 21 Na AWURADE, Israel Nyankopɔn, de Sihon ne ne man nyinaa hyɛɛ Israel nsa, na wokunkum wɔn, na Israel faa Amorifo a wɔte asase no so no asase nyinaa dii so, 22 na wɔfaa Amorifo asase nyinaa fi Arnon ano kosi Yabok ano, na efi sare so kosi Yordan ano. 23 Na afei a AWURADE Israel Nyankopɔn atu Amorifo afi ne man Israel anim yi, wo na wobɛfa adi so anaa? 24 So ɛnyɛ nea wo nyame Kemos de maa wo sɛ di so na wobɛfa adi so anaa? Na ade biara a AWURADE yɛn Nyankopɔn agye ama yɛn sɛ yenni so no, ɛno na yɛbɛfa adi so. 25 Na afei, so wuye sen Moab hene Sipor ba Balak? So ɔham na ɔne Israel hamee anaasɛ ɔko na ɔne wɔn koe? 26 Bere a Israel tenaa Hesbon ne ɛho nkurow ne Aroer ne ɛho nkurow ne Arnon ho nkurow nyinaa mu mfirihyia ahasa no, ɛdɛn nti na moannye saa bere no? 27 Na me de, menyɛɛ wo bɔne bi ɛ, na wo na woreyɛ me bɔne sɛ wo ne me rebɛko yi. AWURADE temmufo na ommu Israelfo ne Amonfo ntam atɛn nnɛ. 28 Nanso Amonfo hene antie Yefta nsɛm a ɔsoma kɔka kyerɛɛ no no. 29 Na AWURADE honhom baa Yefta so, na ɔfaa Gilead ne Manase sen kɔɔ Gilead-mispe, na ofi Gilead-mispe twaam kɔɔ Amonfo no so. 30 Na Yefta hyɛɛ AWURADE bɔ sɛ: Sɛ wode Amonfo no hyɛ me nsa a, 31 ɛnne nea ebefi me fi apon ano abehyia me da a meresan mafi Amonfo so dwoodwoo no, ɛbɛyɛ AWURADE de, na mede mɛbɔ afɔre mu. 32 Ɛnna Yefta twaam kɔɔ Amonfo no so ne wɔn kɔkoe; na AWURADE de wɔn hyɛɛ ne nsa. 33 Na okunkum wɔn okum kɛse pa ara fi Aroer kosi nea wɔfa kɔ Minit, nkurow aduonu, ɛde kosi Abel-keramim. Na wɔbrɛɛ Amonfo no ase Israelfo anim. Yefta babea behyia no 34 Ɛnna Yefta baa ne fi Mispa. Na hwɛ, ne babea de mpintin ne asaw fii adi behyiaa no, nso na odi no bakoro, onni ɔbabarima anaa ɔbabea ka ne ho. 35 Na ohuu no no, osunsuanee ne ntade mu kae sɛ: Ao! Me ba, ɔbrɛ na woabrɛ me ase, na worebɛhow me werɛ! Efisɛ mabue m’ano mama AWURADE, na mintumi mensan m’akyi. 36 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: M’agya, woanya abue w’ano ama AWURADE a, ɛnne yɛ me sɛnea afi w’ano no, sɛ AWURADE anya adi were ama wo, w’atamfo Amonfo no so yi. 37 Na ɔka kyerɛɛ n’agya bio sɛ: Wɔnyɛ eyi mma me: Gya me kwan asram abien, na minsian menkɔ mmepɔw so, na me ne me mfɛfo nkosu me mmabaabere. 38 Na ɔkae sɛ: Kɔ! Na ogyaa no kwan asram abien. Na ɔne ne mfɛfo kɔe, na okosuu ne mmabaabere mmepɔw so. 39 Na asram abien duu no, ɔsan baa n’agya nkyɛn; na ɔyɛɛ no sɛnea ne bɔ a ɔhyɛe no te; na wanhu ɔbarima biara. Na ɛyɛɛ atɔremude Israel mu sɛ: 40 Daa afirihyia Israel mmabea de su kɔkae Gileadni Yefta babea no afe mu no nnanan. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana