Atemmufo 10 - KYERƐW KRONKRONTola ne Yair ho asɛm 1 Na Abimelek akyi no, nea ɔsɔre begyee Israel ne Pua ba Tola a ɔyɛ Isakarni Dodo ba; na ɔtenaa Samir, Efraim bepɔw so. 2 Na odii Israel anim mfe aduonu abiɛsa. Na owui, na wosiee no Samir. 3 Na n’akyi no, Gileadni Yair sɔree, na obuu Israel atɛn mfe aduonu abien. 4 Na ɔwɔ mmammarima aduasa a wɔtenatenaa mfurum mma aduasa so na wɔwɔ nkurow aduasa a wɔfrɛ no Yair nkurow de besi nnɛ. Ɛwɔ Gilead asase so. 5 Na Yair wui, na wosiee no Kamon. Israelfo hyɛ wɔn atamfo ase bio 6 Na Israelfo kɔɔ so yɛɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔsom Baalim ne Astarot ne Siria anyame ne Sidon anyame ne Moab anyame ne Amonfo anyame ne Filistifo anyame, na wogyaw AWURADE hɔ na wɔansom no. 7 Na AWURADE abufuw dɛw hyɛɛ Israel, na ɔtɔn wɔn hyɛɛ Filistifo ne Amonfo nsa. 8 Na wɔhom Israelfo so haw wɔn afe no ara mu. Mfe dunwɔtwe na wodii Israelfo a wɔwɔ Yordan agya, Amorifo asase so wɔ Gilead no nyinaa so. 9 Na Amonfo no betwaa Yordan, ne Yuda ne Benyamin ne Efraim fi nso bɛkoe; na Israel ho hiaa wɔn sɛ. 10 Ɛnna Israelfo su frɛɛ AWURADE sɛ: Yɛayɛ wo bɔne, sɛ yɛagyaw yɛn Nyankopɔn na yɛakɔsom Baalim. 11 Na AWURADE ka kyerɛɛ Israelfo sɛ: Misraim ne Amorifo ne Amonfo ne Filistifo, 12 ne Sidonfo ne Amalek ne Maon hyɛɛ mo so na musu frɛɛ me no, migyee mo fii wɔn nsam. 13 Na mo de, moagyaw me akɔsom anyame foforo. Enti merenkɔ so minnye mo bio. 14 Monkɔ nkosu mfrɛ anyame a moapaw wɔn no, na wonnye mo mo ahohia bere mu. 15 Na Israelfo no ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Yɛayɛ bɔne! Wo de, yɛ yɛn sɛ eye w’ani so nyinaa, ogye nko na gye yɛn nnɛ da yi. 16 Na woyiyii anyame ananafo no fii wɔn mu, na wɔsom AWURADE; na Israel amanehunu no yɛɛ ne kra ahometew. 17 Na Amonfo no hyia bae bɛbɔɔ nsra Gilead. Na Israelfo nso boaboaa wɔn ho ano kɔbɔɔ nsra Mispa. 18 Na Gilead man, wɔn mu atitiriw sisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Hena ne ɔbarima a ɔne Amonfo no befi ase ako? Ɔno na onkodi Gileadfo nyinaa ti. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana