Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Atemmufo 1 - KYERƐW KRONKRON


Akannifo no akodi

1 Na Yosua wu akyi no, Israelfo bisaa Awurade sɛ: Yɛn mu hena na onni kan ne Kanaanfo nkɔko?

2 Na Awurade buaa sɛ: Yuda nni kan, hwɛ, mede asase no mahyɛ ne nsa.

3 Na Yuda ka kyerɛɛ ne nua Simeon sɛ: Wo ne me nkɔ me kyɛfa mu na yɛne Kanaanfo nkɔko, na me nso me ne wo bɛkɔ wo kyɛfa mu. Na Simeon ne no kɔe.

4 Na Yuda tu kɔe, na Awurade de Kanaanfo ne Perisifo no hyɛɛ ne nsa, na wokum nnipa ɔpedu wɔ Besek.

5 Na wohuu Adoni-besek wɔ Besek, na wɔne no koe, na wokum Kanaanfo ne Perisifo no.

6 Na Adoni-besek guanee, na wotiw no kɔkyeree no, na wotwitwaa ne nsa ne ne nan kokurobeti.

7 Ɛnna Adoni-besek kae sɛ: Ahene aduɔsɔn a wɔn nsa ne wɔn nan kokurobeti atwitwa tasetasee me pon ase; sɛ meyɛe no, saa ara na Onyankopɔn ahyɛ me ananmu. Na wɔde no baa Yerusalem, na obewuu wɔ hɔ.

8 Na Yuda mma no ne Yerusalem bɛkoe, na wɔfae, na wɔde nkrante kunkum wɔn, na wɔtoo kurow no mu gya.

9 Ɛno akyi no, Yudafo no sianee na wɔne Kanaanfo a wɔte bepɔw so ne nifa asase so ne po ho tataw so no kɔkoe.

10 Na Yuda siim kɔɔ Kanaanfo a wɔte Hebron no ho, nso kan no na Hebron din ne Kiriat-arba, na wokum Sesai ne Ahiman ne Talmai.


Otniel
( Yosua 15.13-19 )

11 Na wofi hɔ kɔɔ Debirfo ho, kan no na Debir din ne Kiriat-sefer.

12 Na Kaleb kae sɛ: Nea ɔbɛbɔ Kiriat-sefer na ɔbɛfa no, mede me babea Aksa mɛma no aware.

13 Na Kaleb ne nua kumaa Kenas ba Otniel kɔfae, na ɔde ne babea Aksa maa no aware.

14 Na ɔbea no kɔɔ Otniel nkyɛn no, ɔhyɛɛ Otniel sɛ ommisa n’agya [Kaleb] hɔ asase bi. Na Aksa fi n’afurum so sii fam. Na Kaleb ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn na wohwehwɛ?

15 Na Aksa ka kyerɛɛ no sɛ: Kyɛ me biribi ɛ! Na nifa asase na wode ama me, na ma me mmasu nso. Na Kaleb maa no Atifi mmasu ne Anafo mmasu.

16 Na Mose n’ase Kenini no mma ne Yudafo fi nkyeresia kurow no mu foro baa Yuda sare a ɛwɔ Arad nifa fam no so na wɔkɔ kɔtenaa ɔman no mu.

17 Na Yuda ne ne nua Simeon siim kɔe kokunkum Kanaanfo a wɔte Sefat no, na wɔsɛee no pasaa, na wɔfrɛɛ kurow no din Horma.

18 Na Yuda kɔfaa Gasa ne ne hye ne Askelon ne ne hye ne Ekron ne ne hye.

19 Na Awurade dii Yuda akyi, na odii bepɔw no so; na mmɔnsefo no de, wɔannya wɔn atuye, efisɛ wɔwɔ dade nteaseɛnam.

20 Na wɔde Hebron maa Kaleb, sɛnea Mose kae no, na otuu Anak mma baasa no fii hɔ.

21 Nanso Yebusifo a wɔte Yerusalem no de, Benyaminfo no antu wɔn, na Yebusifo no ne Benyaminfo no tenaa Yerusalem beduu nnɛ.

22 Na Yosef fi nso foro kɔɔ Betel, na Awurade dii wɔn akyi.

23 Na Yosef mma no soma ma wɔkɔsraa Betel, kan no na kurow no din de Lus.

24 Na akwansrafo no huu ɔbarima bi a ofi kurow no mu, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Kyerɛ yɛn kurow no mu ahyɛnee, na yɛne wo bedi no adɔe so.

25 Na ɔkyerɛɛ wɔn kurow no mu ahyɛnee, na wɔde nkrante bɔɔ kurow no, na ɔbarima no ne n’abusua nyinaa de, wogyaa wɔn.

26 Na ɔbarima no siim kɔɔ Hetifo asase so kɔkyekyee kurow, na ɔtoo no din Lus. Ɛno ne ne din de besi nnɛ.

27 Na Manase antu Bet-sean ne ɛho nkuraa ne Taanak ne ɛho nkuraa ne Dor ne ɛho nkuraa ne Yibleam ne ɛho nkuraa ne Megido ne ɛho nkuraa mufo. Ɛno nti Kanaanfo no tumi tenaa asase yi so.

28 Na Israel ho yɛɛ den no, wɔhyɛɛ Kanaanfo no ma wɔyɛɛ ɔsom adwuma, na mmom, wɔantu wɔn ase koraa.

29 Na Efraim antu Kanaanfo a wɔte Geser no; na Kanaanfo no tenaa wɔn mu wɔ Geser.

30 Na Sebulon antu Kitronfo ne Nahalolfo; na Kanaanfo no tenaa wɔn mu, na wɔhyɛɛ wɔn de yɛɛ ɔsom adwuma.

31 Aser antu Akofo ne Sidonfo ne Ahlab ne Aksib ne Helba ne Afik ne Rehob;

32 na Aserfo no tenaa Kanaanfo a wɔte asase no so no mu, na wɔantu wɔn.

33 Naftali antu Bet-semesfo ne Bet-anatfo, na wɔtenaa Kanaanfo a wɔte asase no so no mu. Na Bet-semesfo ne Bet-anatfo na wɔhyɛɛ wɔn yɛɛ ɔsom adwuma.

34 Amorifo no kaa Danfo no kɔɔ bepɔw no so, na wɔamma wɔansian ansi asase tamaa no so.

35 Na Amorifo no tumi tenaa Heres bepɔw so wɔ Ayalon ne Saalbim, nanso Yosef fi nsa yɛɛ wɔn so den, na wɔhyɛɛ wɔn yɛɛ ɔsom adwuma.

36 Na Amorifo hye fi Akrabim aforoee, efi Sela kɔ no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan