Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Asomafo 8 - KYERƐW KRONKRON


Wɔtaa agyidifo

1 Na Saulo nso penee ne kum no so. Na da no ara ɔtaa kɛse baa asafo a ɛwɔ Yerusalem no so, na wɔn nyinaa hwete kɔɔ Yudea ne Samaria nsaase so, gye asomafo no nko.

2 Nso nnipa nyamesurofo bi siee Stefano, na wosuu no pii.

3 Na Saulo de, ɔhaw asafo no hyɛnhyɛn afi mu kɔtwee mmarima ne mmea ma wɔde wɔn koguu afiase.


Filipo asɛnka wɔ Samaria

4 Ɛnna wɔn a wɔhwetee no kyinkyin kɔkaa asɛmpa no.

5 Na Filipo kɔɔ Samaria kurow bi mu kɔkaa Kristo ho asɛm kyerɛɛ wɔn.

6 Na nkurɔfo akuwakuw no tee na wohuu nsɛnkyerɛnne a Filipo yɛe no, wɔde koma koro yɛɛ aso maa nsɛm a ɔkae no.

7 Na ahonhom fi a ɛwɔ nnipa bebree mu de nne kɛse teɛɛm fii adi, na mmubuafo ne mpakye pii ho sanee.

8 Na anigye kɛse baa kurow no mu.

9 Na ɔbarima bi a ɔde Simon wɔ kurow no mu a kan no oyi nkonyaa, na ɔyɛ ne ho sɛ obi a ɔyɛ kɛse ma Samaria man no ho dwiriw wɔn.

10 Ɔno na wɔn nyinaa, efi nketewa so kosi akɛse so, tie no ka sɛ: Oyi ne Onyankopɔn tumi a wɔfrɛ no Kɛse no.

11 Na wotiee no, efisɛ ɔde nkonyaayi no maa wɔn ho dwiriw wɔn akyɛ.

12 Na wogyee Filipo a ɔka Onyankopɔn ahenni ne Yesu Kristo din ho asɛmpa no dii no, mmarima ne mmea ma wɔbɔɔ wɔn asu.

13 Na Simon ankasa nso gye dii, na wɔbɔɔ no asu no, ɔde ne ho bataa Filipo ho; na ohuu nsɛnkyerɛnne ne ahoɔdenne akɛse a ɔyɛe no, ne ho dwiriw no.


Petro ne Yohane kɔ Samaria

14 Na asomafo a wɔwɔ Yerusalem no tee sɛ Samariafo agye Onyankopɔn asɛm no, wɔsomaa Petro ne Yohane kɔɔ wɔn nkyɛn.

15 Na wɔbae no, wɔbɔɔ mpae maa wɔn sɛ wonnya Honhom Kronkron;

16 efisɛ na ɔmmaa wɔn mu biara so, na asu nko na wɔabɔ wɔn akɔ Awurade Yesu din mu.

17 Ɛnna wɔde wɔn nsa guu wɔn so, na wonyaa Honhom Kronkron.

18 Na Simon hui sɛ ɛnam asomafo no nsa a wɔde gu obi so no so na wɔde Honhom no ma no, ɔde sika brɛɛ wɔn kae sɛ:

19 Momma me tumi yi bi, na obiara a mede me nsa megu no so no, wanya Honhom Kronkron.

20 Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Wo sika ne wo nyinaa nyera, efisɛ woasusuw sɛ wɔde sika na enya Onyankopɔn akyɛde.

21 Wunni asɛm yi mu kyɛfa anaa apɛgyade, efisɛ wo koma nteɛ Onyankopɔn anim.

22 Enti sakra w’adwene fi wo bɔne yi ho, na srɛ Onyankopɔn sɛ ebia wɔde wo komam adwene no bɛkyɛ wo.

23 Efisɛ mahu sɛ wowɔ bɔnwoma nwenenwene mu, na amumɔyɛ hama akyekyere wo.

24 Na Simon buae sɛ: Monsrɛ Awurade mma me, na nea moaka yi mu biara amma me so.

25 Na wɔn de, wodii adanse na wɔkaa Awurade asɛm no no, wɔsan kɔɔ Yerusalem, na wɔkaa asɛmpa no wɔ Samariafo nkuraa bebree ase.


Filipo ne Etiopiani no

26 Na Awurade bɔfo kasa kyerɛɛ Filipo sɛ: Sɔre kɔ anafo fam ɔkwan a esian fi Yerusalem kɔ Gasa no so! Ɛyɛ anwea pradada so kwan.

27 Na ɔsɔre kɔe. Na hwɛ, Etiopiani barima bi a ɔyɛ Etiopiafo hemmaa Kandake piani tumfo a wasa no a ɔhwɛ ne sika nyinaa so ni; waba Yerusalem abɛsɔre,

28 na ɔresan akɔ, na ɔte ne teaseɛnam mu rekan odiyifo Yesaia nhoma.

29 Na Honhom no ka kyerɛɛ Filipo sɛ: Twiw kɔ teaseɛnam yi ho!

30 Na Filipo de mmirika kɔɔ ne nkyɛn, na ɔtee sɛ ɔrekan Odiyifo Yesaia nhoma no, obisaa no sɛ: So wote nea wokan yi ase anaa?

31 Na ose: Ɛbɛyɛ dɛn na metumi, gye sɛ obi kyerɛ me? Na ɔsrɛɛ Filipo sɛ ɔmforo mmɛtena ne nkyɛn.

32 Nso kyerɛw no mu asɛm a ɔrekenkan no ni: Wɔde no kɔe sɛ oguanten a wɔrekokum no, na sɛ oguammaa tɔ ne yifo anim mum no, sɛ nso wammue n’ano ne no.

33 N’ahobrɛase mu wobuu no ntɛnkyew. N’abusua nso hena na obetumi akyerɛ? Efisɛ woyii ne nkwa fii asase so.

34 Na opiani no buaa Filipo sɛ: Mesrɛ wo, hena ho asɛm na odiyifo no ka yi? N’ankasa anaa obi ho asɛm?

35 Na Filipo buee n’ano, na ogyinaa kyerɛwsɛm no ara so kaa no Yesu ho asɛmpa no kyerɛɛ no.

36 Na wɔnam kwan so rekɔ no, wokoduu asu bi ho, na opiani no kae sɛ: Hwɛ, nsu ni; ɛdɛn na esiw me asubɔ ho kwan?

37 [Na Filipo se: Sɛ wode wo koma nyinaa gye di a, ɛwɔ ho kwan sa. Na obuae sɛ: Migye midi sɛ Yesu Kristo ne Nyankopɔn ba].

38 Na ɔhyɛ maa teaseɛnam no gyinae, na wɔn baanu sian kɔɔ asu no mu, Filipo ne opiani no, na ɔbɔɔ no asu.

39 Na wofi asu no mu reba no, Awurade honhom hwim Filipo, na opiani no anhu no bio; na ɔde anigye kɔɔ ne kwan.

40 Na Filipo de, okofii Asoto; na ɔretwam no, ɔkaa asɛmpa no nkurow no nyinaa mu de kosii sɛ oduu Kaesarea.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan