Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Asomafo 28 - KYERƐW KRONKRON


Paulo wɔ Malta supɔw so

1 Na yefii mu fii no, ɛno na yɛtee sɛ wɔfrɛ supɔw no Malta.

2 Na ɛhɔfo pɔtɔfo no yɛɛ yɛn adɔe pii a ɛmma ɔka; na osu a ɛretɔ ne awɔw no nti, wɔsɔɔ ogya gyee yɛn nyinaa.

3 Na Paulo boaboaa mmobaa ano de guu gya no so no, ɔhyew no nti, ahurutoa bi fii mu bɛkyekyeree ne nsa ho.

4 Na nnipa a wɔwɔ hɔ no huu aboa no sɛ ɔsɛn ne nsa ho no, wosisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Ampa ara, onipa yi yɛ owudifo a wanya nkwa afi po mu de, nanso aweredi nti, ɛmma onnya nkwa.

5 Na ɔpetee aboa no too gya mu, nso hwee anyɛ no.

6 Na wɔn de, anka wɔn ani wɔ so sɛ ɔrebɛhonhon anaasɛ ɔrebɛhwe ase awu mpofirim; nanso wɔhwɛe hwɛe na wohui sɛ biribi anyɛ no no, wɔsakraa wɔn adwene kae sɛ gyama ɔyɛ onyame bi.

7 Nso ɛhɔnom ara na supɔw no so otitiriw a ne din de Publio no asase wɔ; na ogyee yɛn yɛɛ yɛn hɔho nnansa hwɛɛ yɛn yiye.

8 Na ɛbae sɛ Publio n’agya da hɔ yare atiridii ne ayamhwie; enti Paulo kɔɔ no nkyɛn, na ɔbɔɔ mpae de ne nsa guu no so saa no yare.

9 Eyi akyi no, wɔn a aka nso a wɔyare supɔw no so no bae ma wɔsaa wɔn yare.

10 Wodii yɛn ni pii, na yefi hɔ rekɔ no, wɔde nneɛma a ehia yɛn no brɛɛ yɛn.


Paulo kɔduu Roma

11 Na asram abiɛsa akyi no, yesii Aleksandria hyɛn bi a abedi awɔw bere supɔw no so a n’agyirae ne Ata-ne-ata no mu kɔe.

12 Na yekogyinaa Sirakuse no, yedii hɔ nnansa.

13 Ɛhɔ na yefi de kɔntɔn koduu Regio, na dafua akyi no, anafo mframa bɔe, na n’adekyee no, yekoduu Puteoli.

14 Ɛhɔ na yehuu anuanom bi, na wɔsrɛɛ yɛn sɛ yɛntena wɔn nkyɛn nnansɔn; na yefii hɔ koduu Roma.

15 Ɛhɔ na anuanom a wɔtee yɛn nka no fi behyiaa yɛn Apius gua so ne akuraa bi a ɛde Nsadan-mmiɛnsa, na Paulo huu wɔn no, ɔdaa Onyankopɔn ase, na ɔmaa ne bo tɔɔ ne yam.

16 Na yeduu Roma no, wɔmaa Paulo kwan sɛ ɔne ɔsraani a ɔhwɛ no no nkɔtena nea ɔpɛ.


Paulo ne Yudafo mpanyimfo nkɔmmɔbɔ

17 Na ɛbae sɛ nnansa akyi no, Paulo frɛfrɛɛ Yudafo atitiriw no hyiae; na wɔbae no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Anuanom, menyɛɛ biribi mintiaa ɔman anaa yɛn agyanom amanne de, nanso wɔkyeree me Yerusalem de me hyɛɛ Romafo nsa.

18 Na wɔn nso, wɔhwehwɛɛ asɛm no mu no, wɔpɛe sɛ anka wogyaa me, efisɛ menyɛɛ akunne biara.

19 Nanso Yudafo kasa tiae nti, na etwa sɛ mede m'asɛm kɔdan Kaesare, ɛnyɛ sɛ me ne me man wɔ nkurobɔ bi.

20 Afei eyi nti na mefrɛɛ mo, sɛ mehu mo na makasa makyerɛ mo; efisɛ Israel anidaso nti na wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn yi agu me yi.

21 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛn de, yennyaa wo ho nhoma bi mfii Yudea ɛ, nanso anuanom no mu biara mmae mmɛbɔɔ kaseɛ anaasɛ ɔmmɛkaa wo ho asɛmmɔne bi ɛ.

22 Na yɛpɛ sɛ yetie nea wo ara wudwen, na Fekuw yi de, yenim sɛ wɔkasa tia mmaa nyinaa.


Paulo ka asɛm wɔ Roma

23 Na wɔhyɛɛ no da no, nnipa bebree baa ne nkyɛn nea ɔte hɔ; na ɔkyerɛɛ wɔn ase dii Nyankopɔn ahenni ho adanse, na ɔde Mose mmara ne adiyifo no kyerɛɛ wɔn Yesu ho nsɛm no mu fi anɔpa kosii anadwofa.

24 Na ebinom gyee nea ɔkae no dii, na ebinom nso annye anni.

25 Na wɔn ano ankɔ bɛnkoro mu nti, wɔkɔe, bere a Paulo kaa asɛm biako sɛ: Nokwasɛm na Honhom Kronkron nam odiyifo Yesaia so ka kyerɛɛ mo agyanom

26 sɛ: Kɔ ɔman yi nkyɛn na kɔka sɛ: Ɔte de, mobɛte, na morente ase, na ohu nso, mubehu, na morenhu mu.

27 Na ɔman yi koma apirim, na wɔmfa wɔn aso nte asɛm yiye, na wɔamuamua wɔn ani; na wɔamfa wɔn ani anhu ade, na wɔamfa wɔn aso ante asɛm, na wɔamfa wɔn koma ante ase, na wɔannan amma me nkyɛn na mansa wɔn yare.

28 Enti munhu sɛ wɔama wɔde Onyankopɔn nkwagye no akɔma amanaman mufo no; na wɔbɛte.

29 [Na ɔkaa nsɛm yi no, Yudafo no kɔe, na wogyigyee akyinnye pii wɔn mu].

30 Na mfe abien kusuu na ɔde tenaa n’ankasa fi a otua ka no mu, na ogyee wɔn a wɔbaa ne nkyɛn nyinaa

31 kaa Onyankopɔn ahenni ho asɛm, na ɔde nnam nyinaa kyerɛkyerɛɛ nneɛma a ɛfa Awurade Yesu Kristo ho, na obi ansiw no kwan.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan