Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Asomafo 19 - KYERƐW KRONKRON


Paulo wɔ Efeso

1 Na ɛbae sɛ bere a Apolo wɔ Korinto no, Paulo kyinii amantifi asase so na obeduu Efeso; na ɔbɛtoo asuafo bi no,

2 obisaa wɔn sɛ: Mugye dii no, munyaa Honhom Kronkron anaa? Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛntee pɛn po sɛ Honhom Kronkron bi wɔ baabi.

3 Na obisaa wɔn sɛ: Ɛdɛn mu na wɔbɔɔ mo asu hyɛe? Na wose: Yohane asubɔ mu.

4 Na Paulo se: Yohane bɔɔ adwensakra asu mmom ka kyerɛɛ ɔman no sɛ wonnye nea odi n’akyi reba a ɔne Yesu no nni.

5 Na wɔtee no, wɔma wɔbɔɔ wɔn asu hyɛɛ Awurade Yesu din mu.

6 Na Paulo de ne nsa guu wɔn so no, Honhom Kronkron baa wɔn so, na wɔde tɛkrɛma horow kasae, na wɔhyɛɛ nkɔm.

7 Na wɔn nyinaa bɛyɛ mmarima dumien.

8 Na ɔkɔɔ hyiadan mu, na ɔde akokoduru kaa asɛm no, asram abiɛsa na ɔkasae, na ɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛm.

9 Nanso ebinom koma yɛ den, na wontie, na wɔkasa ɔkwan no ho bɔne nnipakuw no anim nti, ogyaw wɔn hɔ yii asuafo no fii wɔn mu, na ɔkasae obi a ɔde Tirano suadan mu daa.

10 Na saa ade yi kɔɔ so mfirihyia abien, na ɛmaa wɔn a wɔte Asia nyinaa, Yudafo ne Helafo, tee Awurade asɛm.


Skewa mma baasɔn ho asɛm

11 Na Onyankopɔn nam Paulo nsa so yɛɛ ahoɔdenne a wɔnka,

12 na ɛma wɔde ne ho nnukuu anaa nsɛnanim po beguu ayarefo so, na nyarewa no fii wɔn so, na ahonhommɔne fii wɔn mu.

13 Ɛnna Yudafo bi a wɔnam kyini tutu ahonhommɔne no mu binom sii wɔn bo sɛ wɔbɛbɔ Awurade Yesu din wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne so sɛ: Meka Yesu a Paulo ka ne ho asɛm no gu mo so.

14 Yudani sɔfo panyin Skewa mma baasɔn bi na ɛyɛɛ saa.

15 Na honhommɔne no buae sɛ: Minim Yesu, na minim Paulo, na mone henanom?

16 Na onipa a honhommɔne no wɔ no mu no tow hyɛɛ wɔn so yɛɛ wɔn pasaa, na wɔde adagyaw ne opira guanguan fii ofi no mu.

17 Na Yudafo ne Helafo a wɔte Efeso nyinaa tee no, ehu kaa wɔn nyinaa, na woyii Awurade Yesu din ayɛ kɛse.

18 Na wɔn a wɔagye adi no mu pii bae bɛkaa wɔn bɔne ne wɔn kokoam nsɛm.

19 Na wɔn a na wɔyɛ asumanne no mu bebree de wɔn nhoma bae bɛhyewee wɔ nnipa nyinaa anim; na wobuu ne bo ano hui sɛ esi nnwetɛbona ɔpeduonum.

20 Sɛnea Awurade asɛm nam ahoɔden so nyinii na ɛyɛɛ den ne no.

21 Na wowiee eyinom no, Paulo bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛfa Makedonia ne Akaia akɔ Yerusalem, na ose: Midu hɔ a, akyiri yi etwa sɛ mikohu Roma nso.

22 Na ɔmaa wɔn a wɔsom no no mu baanu, Timoteo ne Erasto, kɔɔ Makedonia, na ɔno ankasa de, ɔkyɛe Asia kakra.


Demetrio sakasakayɛ

23 Ɛbere no ara mu sakasaka a ɛbae ɔkwan kuw no ho nyɛ adewa.

24 Ɛne sɛ dwetɛdwumfo bi a ne din de Demetrio a ɔde dwetɛ yɛ Artemi asɔredan nsɛso ma adwumfo nya mfaso kɛse

25 boaa wɔne wɔn a wɔyɛ adwuma yi bi no ano kae sɛ: Awuranom, munim sɛ adwinni yi mu na yenya yɛn ho.

26 Na muhu, na mote ase sɛ, ɛnyɛ Efeso ha nko, na ɛkame ayɛ Asia nyinaa, na Paulo yi atu nkurɔfo bebree aso adan wɔn ani ka sɛ: Anyame a wɔde nsa ayɛ nyɛ anyame.

27 Na ɛnyɛ yɛn adwuma nko na ɛrekame asɛe, na mmom ɔbosombea kɛse Artemi asɔrefi rekɔyɛ sɛ wommu no hwee bio, na n’anuonyam kɛse a Asia nyinaa ne wiase de sɔre no no rebɔ no.

28 Wɔtee no, wɔn bo fuwii pa ara, na wɔteɛteɛɛm sɛ: Efesofo Artemi yɛ ɔkɛse!

29 Na kurow no ani danee, na wɔbɔɔ twi de mmirika kɔɔ ahwɛe kɔkyeree Makedoniafo Gaio ne Aristarko a wɔne Paulo nam no.

30 Paulo pɛe sɛ anka ɔkɔhyɛn nkurɔfokuw no mu, nanso asuafo no amma no kwan.

31 Na Asia mpanyimfo bi nso a wɔyɛ ne nnamfo soma kɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ ɔnnkɔ ahwɛe hɔ.

32 Afei na ebinom teɛm sɛɛ, na afoforo nso teɛm sɛɛ, efisɛ gua no ayɛ sakasaka, na ɔfa kɛse no ara nnim dekode a enti wobehyiae.

33 Afei nnipa bi pempem Aleksanda sɛ ɔnkasa, efisɛ ɔno na Yudafo no de no adi wɔn anim. Na Aleksanda nyamaa nkurɔfokuw no pɛe sɛ anka oyi n’ano kyerɛ nkurɔfo no.

34 Nanso wohui sɛ ɔyɛ Yudani no, wɔn nyinaa de nne koro teɛɛm bɛyɛ nnɔnhwerew abien sɛ: Efesofo Artemi yɛ ɔkɛse!

35 Na ɔkyerɛwfo no pataa nkurɔfokuw no sɛ: Efesofo, onipa bɛn po na onnim sɛ Efeso kurow yɛ Artemi kɛse asɔrefi ne ohoni a efi Seus so bedurui no so hwɛfo?

36 Na obiara nnye eyi ho akyinnye nti, ɛsɛ sɛ moyɛ komm, na mommfa abufuw nnyɛ biribi.

37 Nnipa a mode wɔn aba ha yi nguu asɔrefi ho fi na wɔnkaa mo bosombea ho abususɛm.

38 Enti sɛ Demetrio ne adwumfo a wɔka ne ho no wɔ obi ho asɛm bi a, asɛnnii ne amradofo wɔ hɔ; momma wɔmmɛbɔ nkuro.

39 17 Na sɛ mohwehwɛ nsɛm foforo ho biribi a, wobedi no baguam sɛnea mmara te.

40 Na anhwɛ a, yebenya nnɛ sakasakayɛ yi ho amane, efisɛ sɛ wɔkɔtoto yɛn ano mansotwe ho a, yenni asɛm biara a yɛde betumi akyerɛ gyegyeegye yi ase.

41 Na ɔkaa saa no, ɔmaa gua no tui.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan