Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Asomafo 1 - KYERƐW KRONKRON


Wohu Yesu a wasɔre no

1 Teofilo, kan nhoma a meyɛe no fa nneɛma a Yesu fii ase yɛe na ɔkyerɛkyerɛe nyinaa,

2 de besii da a ɔnam Honhom Kronkron so maa asomafo a ɔpaw wɔn no ahyɛde, na wɔfaa no kɔɔ soro no ho no.

3 Wɔn nso na n’amanehunu akyi no, ɔnam adanse bebree so yii ne ho kyerɛɛ wɔn sɛ ɔteasefo adaduanan mu ma wohuu no, na ɔkaa Onyankopɔn ahenni ho asɛm.

4 Na ɔne wɔn hyiae no, ɔhyɛɛ wɔn sɛ wommfi Yerusalem nnkɔ, na mmom wɔntwɛn Agya no bɔhyɛ a ose: Mote fii m’anom no,

5 sɛ Yohane de, ɔde nsu na ɛbɔɔ asu, na mo de, nna yi mu ɛrenkyɛ na wɔbɛbɔ mo asu Honhom Kronkron mu.

6 Ɛnna wohyiae no, wobisaa no sɛ: Awurade, bere yi mu na wobɛsan de ahenni no ama Israel anaa?

7 Na obuaa wɔn sɛ: Ɛnyɛ mo asɛm sɛ mubehu bere anaa nna a Agya no ahyɛ ato hɔ n’ankasa ne tumi mu,

8 na mmom sɛ Honhom Kronkron no nya ba mo so a, mubenya ahoɔden, na moayɛ m’adansefo Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano noho.


Yesu sorokɔ

9 Na ɔkaa eyinom wiei na wɔrehwɛ no no, wɔmaa no so, na omununkum gyee no fii wɔn anim.

10 Na ɔrekɔ na wɔrehwɛ ɔsoro haa no, hwɛ, mmarima baanu bi a wɔhyɛ ntade fitaa begyinaa wɔn nkyɛn,

11 na wɔkaa nso sɛ: Galilea mmarima, adɛn na mugyina ha rehwɛ ɔsoro yi? Yesu yi ara a wɔafa no mo nkyɛn kɔ ɔsoro yi, ɔbɛba saa ara, sɛnea muhu no sɛ ɔrekɔ ɔsoro yi.


Asomafo no hyia Yerusalem

12 Ɛno na wofii bepɔw a wɔfrɛ no Ngo Bepɔw a ɛbɛn Yerusalem bɛyɛ homeda kwan no so san kɔɔ Yerusalem.

13 Na woduu hɔ no, wɔkɔɔ abansoro dan no mu; ɛhɔ na Petro ne Yohane ne Yakobo, Andrea, Filipo ne Toma, Bartolomeo ne Mateo, Alfeo ba Yakob ne Simon Selote ne Yakobo ba Yuda te.

14 Eyinom nyinaa de koma koro kura mpaebɔ mu ara, wɔne mmea no ne Maria, Yesu ne na ne ne nuanom.


Petro asɛnka

15 Na nna yi mu Petro sɔre gyinaa anuanom no mfinimfini (na nkurɔfokuw a wɔahyia faako no bɛyɛ nnipa ɔha aduonu) na ɔkae sɛ:

16 Anuanom, etwa sɛ kyerɛw no a Honhom Kronkron nam Dawid anom nsɛm so kae kan no nya ba mu wɔ Yuda a ɔyɛɛ wɔn a wɔkyeree Yesu no kwankyerɛfo no ho.

17 Na wɔkan no fraa yɛn, na onyaa ɔsom yi kyɛfa bi somee.

18 (Saa Yuda yi na ɔde n'amumɔyɛ akatua nyaa asase, na ɔhyɛɛ akɔmfo no, ne mu paee, na n’ayamde nyinaa tu gui;

19 na wɔn a wɔte Yerusalem nyinaa tee, na wɔfrɛɛ asase no wɔn ankasa kasa mu sɛ Hakeldama, ase ne Mogya Asase).

20 Na wɔakyerɛw nnwom nhoma mu sɛ: Ne tenabere nyɛ amamfo, na obiara nntena mu! Ne hwɛ adwuma no, ɔfoforo mfa!

21 Enti etwa sɛ mmarima a wɔne yɛn nantewee bere a Awurade Yesu dii yɛn mu ahyɛmfiri no nyinaa

22 fi Yohane asubɔ so de besi da a wɔfaa no yɛn nkyɛn kɔɔ ɔsoro no mu biako ne yɛn yɛ ne sɔre ho adansefo.


Matia paw

23 Na wɔde baanu begyinaa hɔ, Yosef a wɔfrɛ no Barsaba a wɔtoo no Yusto no, ne Matia.

24 Na wɔbɔɔ mpae sɛ: Wo, Awurade a wunim nnipa nyinaa komam, kyerɛ baanu yi mu biako a woayi no

25 sɛ ɔmfa ɔsom yi ne asomafodwuma a Yuda fii mu teree ho sɛ ɔrekɔ ɔno ankasa tenabea no kyɛfa no nsom!

26 Na wɔtwee wɔn so ntonto; na ntonto no bɔɔ Matia, na wɔkan no kaa asomafo dubiako no ho.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan