Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Amos 7 - KYERƐW KRONKRON


Atemmu ho anisoadehu horow abiɛsa no

1 Eyi na AWURADE Nyankopɔn ma mihui, na hwɛ, ɔrenwene mmoadabi, ɛbere a adom wura fii ase fifii, na hwɛ, ɛyɛ ɔhene wuratwa akyi adom wura.

2 Na wobedii asase so ahaban wiei no, mekae sɛ: O AWURADE Nyankopɔn, fa firi ɛ! Yakob begyina dɛn, sɛ osua yi?

3 AWURADE sakraa n’adwene eyi ho: Ɛrenyɛ hɔ! AWURADE na ose.

4 Eyi na AWURADE Nyankopɔn ma mihui, na hwɛ, AWURADE Nyankopɔn refrɛ ogya abɛtwe aso, na ɛbɛhyew obun haharaa no, na ɛrehyew asase no bi.

5 Na mise: O AWURADE Nyankopɔn, gyae ɛ! Mesrɛ wo Yakob begyina dɛn sɛ osua yi?

6 AWURADE sakraa n’adwene eyi ho; eyi nso renyɛ hɔ! AWURADE Nyankopɔn na ose.

7 Sɛɛ na ɔma mihui, na hwɛ, Awurade Nyankopɔn gyina ɔfasu kyerebenn so na kyerebennyɛ hama kura.

8 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Amos, dɛn na wuhu yi? Na mise: Kyerebennyɛ hama. Na Awurade Nyankopɔn se: Hwɛ, mede kyerebennyɛ hama misi me man Israel mfinimfini, merenkɔ so mintwa wɔn ho bio.

9 Na Isak sorɔnsorɔmmea no bɛdannan afoafo, na Israel kronkrommea no ayɛ agowagow, na mede afoa mɛsɔre mahyɛ Yeroboam fi.


Wɔpam Amos fi Betel

10 Ɛnna Betel sɔfo Amasia soma kɔɔ Israel hene Yeroboam nkyɛn sɛ: Amos apam wo tiri so, Israel fi mfinimfini, ne nsɛm no nyinaa rensen asase yi so.

11 Na sɛ Amos se ni: Afoa ano na Yeroboam bewu, na Israel betu afi n’asase so akɔ.

12 Na Amasia ka kyerɛɛ Amos sɛ: Ɔdehufo, kɔ! Bɔ wo ho aguaa kɔ Yuda asase so, na kodidi hɔ na hyɛ nkɔm wɔ hɔ.

13 Na nkɔ so nhyɛ nkɔm Betel bio, efisɛ ɛyɛ ɔhene kronkronbea, na ɛyɛ ahenni fi nso.

14 Ɛnna Amos buaa Amasia sɛ: Ɛnyɛ odiyifo ne me na ɛnyɛ odiyifo ba ne me; na meyɛ mmoahwɛfo ne ɔdoma so hwɛfo;

15 na AWURADE faa me fii nguan akyidi, na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ na kɔhyɛ nkɔm kyerɛ me man Israel.

16 Na afei tie AWURADE asɛm: Wo de, woka sɛ: Nhyɛ nkɔm ntia Israel, na nsosɔ ngu Isak fi so.

17 Enti sɛ AWURADE se ni: Wo yere bɛdan aguaman kurow no mu, na wo mmabanin ne wo mmabea bɛtotɔ afoa ano, na w’asase no, wɔde hama bɛkyɛ mu, na wo de, wubewu asase a ɛso akum so, na Israel betu afi n’asase so akɔ.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan