Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Amos 1 - KYERƐW KRONKRON


Amanaman no ateɛteɛ

1 Amos a ɔwɔ Tekoa nguanhwɛfo mu nsɛm a ohui n’ani so, Israel ho, Yuda hene Usia bere so ne Israel hene Yeroboam a ɔyɛ Yoas ba bere so, mfe abien ansa na asasewosow no bae ni.

2 Na ose: AWURADE fi Sion bobom, na ofi Yerusalem ma ne nne so; na nguanhwɛfo adidibea no atwintwam, na Karmel atifi akisa.

3 Sɛ AWURADE se ni: Damasko amumɔyɛ ntoatoaso nti merennan n’asotwe no, sɛ wɔde dade awiporowade dwerɛw Gilead nti:

4 Na mɛto Hasael fi mu gya, na ahyew Ben-hadad aban dennen no;

5 na mebubu Damasko pon akyi adaban, na matwa wɔn a wɔte Awen bon mu afi mu, ne ɔhempomakurafo no afi Bet-eden; na wobetu Siria man akɔ Kir, AWURADE na ose.

6 Sɛ AWURADE se ni: Gasa amumɔyɛ ntoatoaso nti merennan n’asotwe no, sɛ wotuu atukɔfo dodow, ɔman mu, kɔe sɛ wɔde wɔn rekɔhyɛ Edom nsa nti.

7 Na mɛto Gasa fasu mu gya, na ahyew n’aban dennen no;

8 na metwa emufo afi Asdod ne ɔhempomakurafo afi Askelon, na mɛdan me nsa mahyɛ Ekron, na Filistifo nkae ayera, AWURADE Nyankopɔn na ose.

9 Sɛ AWURADE se ni: Tiro amumɔyɛ ntoatoaso nti merennan n’asotwe no, sɛ wɔde atukɔfo dodow, ɔman mu hyɛɛ Edom nsa, na wɔankae anuanom apam no nti.

10 Na mɛto Tiro fasu mu gya, na ahyew n’aban dennen no.

11 Sɛ AWURADE se ni: Edom amumɔyɛ abiɛsa ne anan nti merennan n’asotwe no, sɛ ɔde afoa tiw ne nua, na ne yam anhyehye no, na n’abufuw sɛe ade ara, na ɔyɛ n’abohuru no so ade daa nti.

12 Na mɛto Teman mu gya, na ahyew Bosra aban dennen no.

13 Sɛ AWURADE se ni: Amonfo amumɔyɛ ntoatoaso nti merennan wɔn asotwe no, sɛ bere a wogu so retrɛw wɔn ahye mu no mpo, wɔpaepae Gilead apemfo mu nti

14 na mɛsɔ Raba fasu mu gya, na ahyew n’aban dennen no, ɔko da no bɛyɛ gyegyeegye, na ɛbɛyɛ den sɛ, ahumtu da ne kirididibɔ.

15 Na wɔn hene bɛkɔ otukɔ mu, ɔno ne ne mmapɔmma bɛbom akɔ, AWURADE na ose.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan