Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Adiyisɛm 9 - KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔbɔfo a ɔto so anum no hyɛnn ne torobɛnto. Na mihuu nsoromma bi a efi soro atɔ asase so, na wɔde ebun abura ano safe maa no.

2 Na obuee ebun abura no ano, na owusiw a ɛte sɛ ɔfononoo kɛse mu wusiw fii abura no mu, na owia ne ahun mu duruu sum, abura no mu wusiw no nti.

3 Na mmoadabi fii wusiw no mu baa asase so, na wɔmaa wɔn tumi a ɛsɛe asase so nkekantwɛre tumi.

4 Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnnka asase so nwura anaa ahaban momono biara anaa dua biara, gye nnipa a wonni Nyankopɔn nsɔano wɔn moma so no nko.

5 Na wɔmaa wɔn kwan sɛ wonnkum wɔn, na mmom wɔnhaw wɔn asram anum. Na wɔn haw no te sɛ nkekantwɛre a ɔka onipa bi de.

6 Na nna no mu no, nnipa bɛhwehwɛ owu, na wɔrennya, na wɔbɛpɛ sɛ wowu, nanso owu beguan wɔn.

7 Na mmoadabi no suban te sɛ apɔnkɔ a wɔasiesie wɔn ama ɔko de, na biribi wowɔ wɔn ti so te sɛ sika kɔkɔɔ abotiri, na wɔn anim te sɛ nnipa anim.

8 Na wɔwowɔ nwi te sɛ mmea nwi, na wɔn se te sɛ agyata se.

9 Na wɔwowɔ nkatabo te sɛ dade nkatabo, na wɔn ntaban mu gyegyeegye te sɛ apɔnkɔ bebree a wɔrekɔ ɔsa nteaseɛnam de.

10 Na wɔwowɔ dua te sɛ nkekantwɛre, na nwowɔe wɔ wɔn dua mu, na wɔn tumi ne sɛ wɔnhaw nnipa asram anum.

11 Na wɔwɔ wɔn so hene a ɛyɛ bun no mu bɔfo a wɔfrɛ ne din Hebri kasa mu sɛ: Abadon, na Hela kasa mu de, ɛde Apolion.

12 Mmusu biako atwam. Hwɛ, eyi akyi mmusu abien da so reba.

13 Na ɔbɔfo a ɔto so asia no hyɛnn ne torobɛnto. Na metee nne biako a efi sika afɔremuka a esi Nyankopɔn anim no mmɛn anan no mu

14 a ɛka kyerɛ ɔbɔfo a ɔto so asia a ɔwɔ torobɛnto no sɛ: Sansan abɔfo baanan a wɔasesa wɔn asubɔnten kɛse Eufrate ho no.

15 Na wɔsansan abɔfo baanan a wɔasiesie wɔn ama ɛdɔn ne ɛda ne ɔsram ne afe sɛ wonkunkum nnipa nkyɛm abiɛsa no mu biako.

16 Na metee sɛ ɛdɔm a wɔtete apɔnkɔ so no ano si ɔpedu ahorow ɔpeduonu.

17 Na sɛnea mihuu apɔnkɔ ne wɔn a wɔtete wɔn so no, anisoadehu no mu ni: Wɔwɔ ogya ne afasebiri ne sufre nkatabo, na apɔnkɔ no ti tete sɛ gyata ti, na ogya ne wusiw ne sufre fifi wɔn anom.

18 Wɔnam ɔhaw abiɛsa yi so de gya ne wusiw ne sufre a efifi wɔn anom no so kunkum nnipa nkyɛm abiɛsa mu biako.

19 Na apɔnkɔ no ahoɔden wɔ wɔn ano ne wɔn dua mu. Na wɔn dua no te sɛ awɔ, na ɛwowɔ ti, na ɛno na wɔde pira.

20 Na nnipa a aka a wɔankum wɔn wɔ ɔhaw horow yi mu no ansakra wɔn adwene amfi wɔn nsa ano nnwuma ho, sɛ wɔrensɔre ahonhommɔne ne sika ne dwetɛ ne ayowa ne abo ne duaahoni a enhu ade na ɛnte asɛm nanso entumi nnantew.

21 Na wɔansakra wɔn adwene amfi wɔn awudi ne wɔn aduto ne wɔn aguamammɔ ne wɔn korɔno ho.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan