Adiyisɛm 5 - KYERƐW KRONKRONNhoma no ne oguammaa no 1 Na mihuu nhoma bi wɔ nea ɔte ahengua no so no nifa mu a wɔakyerɛw emu ne akyiri, na wɔde nsɔano ason asosɔ ano. 2 Na mihuu ɔbɔfo hoɔdenfo bi a ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Hena na ɔfata sɛ obue nhoma no mu na ɔtew ne nsɔano no? 3 Na obiara nni soro anaa asase so anaa asase ase a obetumi abue nhoma no mu anaasɛ ɔbɛhwɛ mu. 4 Na misui pii, efisɛ wonhu obi a ɔfata sɛ obebue nhoma no mu anaasɛ ɔbɛhwɛ mu. 5 Na mpanyimfo no mu biako ka kyerɛɛ me sɛ: Nsu, hwɛ, Yuda abusuakuw mu gyata no, Dawid ntini no, adi nkonim sɛ obebue nhoma no mu na watetew ne nsɔano ason no. 6 Na mehwɛe, na ahengua no ne ateasefo baanan no ntam ne mpanyimfo no ntam no, oguammaa bi gyina hɔ a ɔte sɛ wɔakum no. Ɔwɔ mmɛn ason ne aniwa ason a ɛyɛ Onyankopɔn ahonhom ason a wɔasoma wɔn akɔ asase nyinaa so no. 7 Na ɔbae begyee nhoma no fii nea ɔte ahengua no so no nifa mu. 8 Na ogyee nhoma no no, ateasefo baanan no ne mpanyimfo aduonu anan no hwehwee oguammaa no anim, wɔn nyinaa kurakura asanku ne sika ayowa a ohuam ayɛ no mama a ɛyɛ ahotefo mpaebɔ no. 9 Na wɔtoo dwom foforo sɛ: Wofata sɛ wugye nhoma no na wubue ne nsɔano no, efisɛ wɔakum wo, na wode wo mogya atɔ yɛn ama Onyankopɔn, afi mmusua ne ɔkasa ne nkurɔfo ne aman nyinaa mu, 10 na woayɛ wɔn ahemman ne asɔfo ama yɛn Nyankopɔn, na wobedi asase so ahene. 11 Na mehwɛe, na metee abɔfo bebree a wɔatwa ahengua no ne ateasefo no ne mpanyimfo no ho kɔntɔnkrɔn nne, wɔn ano si mpempem ne mpem ahorow mpem, 12 na wɔde nne kɛse too dwom sɛ: Oguammaa a wokum no no fata sɛ ogye tumi ne ahonya ne nyansa ne ahoɔden ne nidi ne anuonyam ne nhyira. 13 Na abɔde a ɛwɔ ɔsoro ne asase so ne asase ase ne ɛpo so ne nea ɛwɔ mu nyinaa, de nne kɛse to dwom sɛ: Nhyira ne nidi ne anuonyam ne tumi nka nea ɔte ahengua no so ne oguammaa no daa daa. 14 Na ateasefo baanan no kae sɛ: Amen. Na mpanyimfo no hwehwee ase, na wɔkotow sɔree. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana