Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Adiyisɛm 18 - KYERƐW KRONKRON


Babel asehwe

1 Na eyinom akyi no, mihuu ɔbɔfo foforo sɛ ofi soro resian ba, na ɔwɔ tumi kɛse, na n’anuonyam nti asase haranee.

2 Na ɔde nne a emu yɛ den teɛɛm sɛ: Wahwe ase, Babel kɛse no ahwe ase, na adan ahonhommɔne tenabea ne ahonhom fi nyinaa atɛwee ne nnomaa a wɔyɛ fi na wokyi wɔn nyinaa atɛwee.

3 Efisɛ amanaman nyinaa anom n’aguamammɔ abufuw nsa no bi, na asase so ahene ne no abɔ aguaman, na asase so aguadifo nam ne taamudi ahoɔden so anya wɔn ho.

4 Na metee nne foforo fii soro sɛ: Me man, mumfi no mu, na moanyɛ ne nneyɛe bɔne no bi, na moannya ne haw no bi.

5 Efisɛ ne nneyɛe bɔne atoatoa abedu soro, na Onyankopɔn akae n’amumɔyɛ.

6 Muntua no ka, sɛnea otuaa mo ka, na momfa mmɔ ho abien mma no, sɛnea ne nnwuma te. Kuruwa a ɔfrae no, momfra mmu mmɔ ho abien mma no.

7 Dodow a ɔhyɛɛ ne ho anuonyam na odii taamu no, momma n’ayayade ne n’awerɛhow nnɔɔso saa; Efisɛ ɔkae ne komam sɛ: Mete hɔ sɛ ɔhemmea, na menyɛ okunafo, na merenni awerɛhow da.

8 Eyi nti na ne haw bɛba da koro pɛ, owu ne awerɛhow ne ɔkɔm, na wɔde gya bɛhyew no, efisɛ Awurade Nyankopɔn a obu no atɛn no yɛ ɔhoɔdenfo.

9 Na asase so ahemfo a wɔne no abɔ aguaman na wɔadi taamu no, sɛ wohu ne hyew wusiw a, wobesu no, na wɔabobɔ ne ho abubuw.

10 N’aninyanne no suro nti wobegyinagyina akyiri aka sɛ: Due, due, kurow kɛse Babel, kurow a ɛyɛ den, efisɛ dɔnhwerew biako mu na w’atemmu aba.

11 Na asase so aguadifo besu no na wɔadi ne ho nkɔmmɔ, efisɛ obi ntɔ wɔn aguade bio:

12 Sika kɔkɔɔ, dwetɛ, aboɔden abo, nhene pa, nwera pa, ntama afasebiri, sedaa ne nkranhoma aguade, nnua a ɛyɛ huam nyinaa, asommɛn adwinni a wɔde nnua a ɛwɔ din, ayowa, dade ne abohemmaa ayɛ nyinaa,

13 pɛprɛ, mmurongo, nnuru huamhuam, kurobow, huamfufu, nsa, ngo, asikresam muhumuhu, awi, nyɛmmoa, nguan, apɔnkɔ, nteaseɛnam, nnipadua ne nnipa akra.

14 Na nnuaba a wo kra kɔn dɔ no afi wo nkyɛn, na nnepa ne anuonyanne nyinaa afi wo ho ayera, na worenhu bio koraa.

15 Nneɛma yi ho aguadifo a kurow no nti wɔanya ade no, begyinagyina akyiri n’aninyanne no suro nti, na wɔasu na wɔadi nkɔmmɔ sɛ:

16 Due, due, kurow kɛse a ofura nwera pa ne ntama afasebiri ne nkranhoma, na ɔde sika ne aboɔden abo ne nhene pa ahyehyɛ ne ho.

17 Efisɛ dɔnhwerew biako pɛ mu na saa ahonya no ayɛ pasaa yi. Na hyɛn akwankyerɛfo nyinaa ne wɔn a wɔnam hyɛn mu kɔ baabi nyinaa ne hyɛn mufo ne dodow a wɔyɛ po so adwuma gyinagyina akyiri,

18 na wohuu ne hyew wusiw no, wɔteɛɛm sɛ: Kurow bɛn na ɛte sɛ kurow kɛse yi?

19 Na wɔde dɔte guu wɔn atifi, na wɔde osu ne gyam teɛɛm sɛ: Due, due, kurow kɛse yi a n’aboɔdenne nti wɔn a wɔwɔ hyɛn wɔ po so nyinaa anyinya wɔn ho wɔ mu, efisɛ dɔnhwerew biako pɛ mu na wɔayɛ no pasaa.

20 Ɔsoro ne mo, ahotefo ne asomafo ne adiyifo, momma mo bo ntɔ mo yam wɔ ne ho, efisɛ Onyankopɔn abu no atɛn ama mo.

21 Na ɔbɔfo hoɔdenfo bi maa ɔbo bi a ɛte sɛ owiyammo kɛse so tow kyenee po mu kaa sɛ: Sɛnea wɔbɛtow kurow kɛse Babel akyene hwii ne no, na wɔrenhu bio koraa.

22 Na wɔrente asankubɔfo ne nnwontofo ne mmɛnhyɛnfo ne ntorobɛntohyɛnfo nne wo mu bio, na wɔrenhu adwinni bi mu dwumfo biara wo mu bio, na wɔrente wiyammo biara nka wo mu bio,

23 na ɔkanea hann renhyerɛn wo mu bio, na wɔrente ayeforokunu ne ayeforo nne wo mu bio, efisɛ w’aguadifo yɛɛ asase so nnipa akɛse, na wɔde w’aduto adaadaa amanaman nyinaa.

24 Na ɛno mu na wohuu adiyifo ne ahotefo ne wɔn a wɔakum wɔn asase so no nyinaa mogya.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan