Adiyisɛm 10 - KYERƐW KRONKRONƆbɔfo no ne Nhoma ketewa no 1 Na mihuu ɔbɔfo foforo ahoɔdenfo bi sɛ ofi soro baa fam, na ofura omununkum, na nyankontɔn wɔ ne ti so, na n’anim te sɛ owia, na ne nan te sɛ ogya fadum. 2 Na okura nhoma ketewa bi a emu abue wɔ ne nsam, na ɔde ne nan nifa sii po so, na ɔde benkum sii asase so. 3 Na ɔde nne kɛse teɛɛm sɛnea gyata bom. Na ɔteɛɛm no, aprannaa ason no de wɔn nne kasae. 4 Na aprannaa ason no kasae no, anka meyɛ makyerɛw. Na metee sɛ ɛnne bi fi soro ka kyerɛɛ me sɛ: Sɔ nea aprannaa ason no aka no ano, na nkyerɛw! 5 Na ɔbɔfo a mihuu no sɛ ogyina po ne asase so no maa ne nsa nifa so kyerɛɛ ɔsoro. 6 Na ɔkaa nea ɔte ase daa daa a ɔbɔɔ ɔsoro ne nea ɛwɔ mu ne asase ne nea ɛwɔ mu ne ɛpo ne nea ɛwɔ mu no ho ntam sɛ: Bere bi nni hɔ bio, 7 na mmom nna a ɔbɔfo a ɔto so ason no bɛhyɛn n'abɛn no, na Onyankopɔn ahintasɛm aba mu, sɛnea ɔkaa ho asɛmpa kyerɛɛ ne nkoa, adiyifo no. Ɔbɔfo no nhoma 8 Na ɛnne a mete fii soro no ne me kasae bio sɛ: Kɔ kogye nhoma ketewa a wɔabue mu no ɔbɔfo a ogyina asase ne po so no nsam. 9 Na mekɔɔ ɔbɔfo no nkyɛn mekɔka mekyerɛɛ no sɛ ɔmfa nhoma ketewa no mma me. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Gye mene, na ɛbɛyɛ nwenenwene wo yam, na w’anom de, ɛbɛyɛ fremfrem sɛ ɛwo. 10 Na migyee nhoma ketewa no ɔbɔfo no nsam memenee, na ɛyɛɛ fremfrem m’anom sɛ ɛwo, na miwiee di no, ɛyɛɛ nwenenwene wɔ me yam. 11 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛsɛ sɛ woka nkurɔfo ne aman ne ɔkasa ne ahemfo bebree ho adiyisɛm bio. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana