Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

5 Mose 3 - KYERƐW KRONKRON


Wodi Og so
( Numeri 21.31-35 )

1 Ɛnna yɛdan yɛn ani foro kɔɔ Basan kwan so; na Basan hene Og fi behyiaa yɛn, ɔno ne ne man nyinaa ne yɛn bɛkoe wɔ Edrei.

2 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Nsuro no, na mede ɔne ne man nyinaa ne n’asase mahyɛ wo nsa, sɛ yɛ no sɛnea woyɛɛ Amorifo hene Sihon a ɔtenaa Hesbon no.

3 Na AWURADE yɛn Nyankopɔn de Basan hene Og nso ne ne man nyinaa hyɛɛ yɛn nsa, na yekum no kosii sɛ oguanfo biara anka amma no.

4 Na yɛfaa ne nkurow nyinaa bere no mu; kurow biara nni hɔ a yɛannye wɔn nsam; nkurow aduosia, Argob asase nyinaa, Og ahenni a ɛwɔ Basan.

5 Nkurow yi nyinaa, ɛho wɔ afasu atenten ne aponkɛse ne adaban ma ɛyɛ den, ɛsono asase pataa so nkurow a ɛdɔɔso bebree.

6 Na yɛsɛee wɔn pasaa sɛnea yɛyɛɛ Hesbonhene Sihon no, yɛsɛee nkurow no ne mu mmarima, mmea ne mmofra nyinaa pasaa.

7 Na afieboa nyinaa ne nkurow no mu asade de, yɛfom fae.

8 Na yegyee asase no fii Amorifo ahemfo baanu a wɔwɔ Yordan agya no nsam saa bere no, efi Arnon subon so kosi Hermon bepɔw ho,

9 Sidonfo frɛ Hermon sɛ Sirion, na Amorifo frɛ no Senir,

10 asasetaw so nkurow nyinaa ne Gilead nyinaa ne Basan nyinaa kodu Salka ne Edrei, Basan hene Og ahenni no nkurow.

11 (Na Basan hene Og nko na aka, abran akɛse nkae no mu. Hwɛ, ne mpa a ɛyɛ dade mpa, ensi Amon mma Raba anaa? Ne tenten basafa anan ne fa, na ne tɛtrɛtɛ basafa abien, sɛ onipa basafa te).


Nsase no mu kyekyɛ

12 Na yɛfaa asase yi saa bere no; efi Aroer a ɛda Arnon subon so, ne Gilead bepɔw fa ne ne nkurow na mede memaa Rubenfo ne Gadfo,

13 na Gilead nkae ne Basan nyinaa, Og man a ɛyɛ Argob asase nyinaa, mede maa Manase abusuakuw fa. Saa Basan no nyinaa na wɔfrɛ no abran akɛse asase.

14 Manase ba Yair faa Argob asase no nyinaa a ɛne Basan, kosii Gesurfo ne Maakatfo hye so, na ɔde ne din too asase no frɛɛ no Hawot-yair de besi nnɛ da yi.

15 Na mede Gilead maa Makir.

16 Na Rubenfo ne Gadfo no, memaa wɔn Gilead fa bi, ekodu Arnon subon ho a subon no mfinimfini ne ɔhye, de kɔpem Yabok subon no, Amon mma hye so,

17 ne Araba tataw so ne Yordan ne ɛho asase, efi Kineret kosi Araba tataw so po a ɛne Nkyene-Po no ano wɔ Pisga bepɔw ase apuei fam.

18 Na mehyɛɛ mo saa bere no sɛ: AWURADE mo Nyankopɔn de asase yi ama mo sɛ munni so, mo akofofo nyinaa mmia ntwam nni mo nuanom Israelfo anim;

19 mo yerenom ne mo mma ne mo mmoa de, minim sɛ mowɔ mmoa pii, wɔntena mo nkurow a mede mama mo no mu,

20 nkosi sɛ AWURADE bɛma mo nuanom ahome sɛ mo, na wɔn nso wɔadi asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema wɔn Yordan agya no so, ansa na moasan aba mo agyapade a mede mama mo no so.

21 Na Yosua nso, mehyɛɛ no saa bere no sɛ: W’aniwa ahu nea AWURADE mo Nyankopɔn de yɛɛ ahene baanu yi nyinaa: Saa ara nso na AWURADE bɛyɛ ahenni a woretwam akɔ hɔ nyinaa;

22 munnsuro wɔn, efisɛ AWURADE mo Nyankopɔn na ɔbɛko ama mo.


Mose mpaebɔ

23 Na mesrɛɛ AWURADE saa bere no sɛ:

24 AWURADE, wo na woafi ase de wo kɛseyɛ ne wo nsa a ɛyɛ den no akyerɛ w’akoa, na onyame bɛn na ɔwɔ ɔsoro anaa asase so a obetumi ayɛ wo nnwuma ne wo mmaninne yi bi?

25 Mesrɛ wo, ma mintwa menkɔhwɛ asase pa a ɛwɔ Yordan agya no, bepɔw asase fɛfɛ no ne Lebanon.

26 Nanso mo nti AWURADE bo fuw me, na wantie me; na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Ɛdɔɔ wo so, nkɔ so ne me nkasa asɛm yi ho bio.

27 Foro kɔ Pisga so, na ma w’ani so hwɛ atɔe ne benkum fam ne nifa ne apuei, na fa w’ani hwɛ, na Yordan yi de, worentwa.

28 Na fa adwuma yi hyɛ Yosua nsa, na hyɛ no den na hyɛ no baninha, efisɛ ɔno na ɔbɛkyɛ asase a wubehu no mu ama wɔn.

29 Na yɛtenaa obon no mu, Bet-peor ntentenso.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan