5 Mose 23 - KYERƐW KRONKRONNea ɔmfata sɛ ɔba AWURADE bagua mu 1 Nea wɔapɛtɛw ne hwea ne nea ne barima atwa no mmma AWURADE bagua mu. 2 Aguaman ba bi mmma AWURADE bagua mu; n’awo ntoatoaso a ɛto so du po mmma AWURADE bagua mu. 3 Amonni anaa Moabni mmma AWURADE bagua mu; wɔn awo ntoatoaso a ɛto so du po mmma AWURADE bagua mu da, 4 efisɛ wɔamfa aduan ne nsu ammehyia mo ɔkwan mu, bere a mufi Misraim reba no, ne sɛ wɔkɔbɔɔ Beor ba Bileam a ofi Petor wɔ Mesopotamia paa sɛ ɔmmɛdome wo nti. 5 Na AWURADE wo Nyankopɔn ampɛ sɛ otie Bileam, na AWURADE wo Nyankopɔn dan nnome no nhyira maa wo, efisɛ AWURADE wo Nyankopɔn dɔ wo. 6 Nhwehwɛ wɔn asomdwoe ne wɔn papa da, wo nna nyinaa. 7 Nkyi Edomni, efisɛ ɔyɛ wo nua. Nkyi Misraimni, efisɛ woakɔyɛ n’asase so hɔho. 8 Mma a wɔbɛwo ama wɔn no awo ntoatoaso a ɛto so abiɛsa mmra AWURADE bagua mu. Ɛdɔm ahotew 9 Sɛ wufi kɔbɔ w’atamfo so nsra a, hwɛ wo ho yiye adebɔne nyinaa ho. 10 Sɛ ɔbarima bi wɔ wo mu a ne ho ntew, nea ɛyɛɛ no anadwo ho a, ɛnne omfi nkɔ nsra no akyi, ɔmmma nsra no mu. 11 Na ɛrekɔ anwummere no, ɔmfa nsu nguare, na sɛ owia kɔtɔ a, ɔmmra nsra no mu. 12 Na yɛ baabi, nsra no akyi fa, na woafi adi akɔ hɔ; 13 na nya ɔsosɔw wɔ w’ade mu, na sɛ wokɔkotow nsra no akyi hɔ a, wode afunu akotow so, na woakata nea afi wo mu no so. 14 Efisɛ AWURADE wo Nyankopɔn nam wo nsra mu sɛ ɔregye wo, na ɔde w’atamfo ahyɛ wo nsa; enti ma wo nsra mu nyɛ kronkron, na wanhu wo mu aniwude bi, na wannan amfi w’akyi. 15 Mfa akoa a wafi ne wura nkyɛn abɛdɔm wo nhyɛ ne wura nsa; 16 ɔntena wo nkyɛn wɔ mo mu, wo nkurow mu biako a ɔbɛfa a eye ma no mu; nhyɛ no so. 17 Israel mmabea mu biara nnnan aguaman, na Israel babarima biara nnnan aguaman. 18 Mfa ɔbea guamanfo apɛde anaa ɔkraman (ɔbarima oguamanfo) apaade mma AWURADE wo Nyankopɔn fi wo bɔhyɛ biara mu, na n’abien no yɛ AWURADE wo Nyankopɔn akyide. Mfɛntom, bɔhyɛ ne tɔsofa ho mmara 19 Nnye wo nua sika ho mfɛntom, anaa aduan ho mfɛntom, anaa biribiara a wogye ɛho mfɛntom ho mfɛntom. 20 Ɔnanani nkyɛn na gye mfɛntom, na wo nua de, nnye no hɔ bi, na AWURADE wo Nyankopɔn nhyira wo nea wode wo nsa bɛka nyinaa mu, asase a worekɔ akɔfa no so. 21 Sɛ wohyɛ AWURADE wo Nyankopɔn bɔ a, nnodow ne tua ho, efisɛ AWURADE wo Nyankopɔn bɛhwehwɛ wɔ wo hɔ, na adan wo bɔne. 22 Nanso woanhyɛ bɔ no koraa de a, ɛnyɛ bɔne mma wo. 23 Nea afi w’ano no, di so na yɛ, sɛnea wufi wo pɛ mu de w’ano ahyɛ AWURADE wo Nyankopɔn bɔ no. 24 Sɛ wudu wo yɔnko bobeturo mu a, di aba no bi sɛnea wopɛ mee, na mfa bi ngu w’ade mu. 25 Sɛ wudu wo yɔnko awi a egyina hɔ mu a, fa wo nsa pompan mmɛtem no bi, na mma kantankrankyi so wɔ wo yɔnko awi so. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana