5 Mose 19 - KYERƐW KRONKRONGuankɔbea nkurow 1 Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn twitwa amanaman a AWURADE wo Nyankopɔn de wɔn asase rema wo no, na wutu wɔn tena wɔn nkurow ne wɔn adan mu a, 2 yiyi w’asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ fa no so nkurow abiɛsa fa. 3 Siesie ɛhɔ kwan no fa, na kyɛ w’asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di so no mu abiɛsa, na onipakumfo biara aguan akɔ hɔ. 4 Na onipakumfo a onguan nkɔ hɔ na onnya nkwa no ho asɛm ni: Nea onnim na ɔbɔ ne yɔnko ade, nanso bere a atwam no ɔntan no, 5 sɛ ebia, obi ne ne yɔnko kɔ kwae mu akɔtow nnua, na ne nsa ma abonnua so de retwa dua, na dade no hɔn fi ne dua mu bɔ ne yɔnko no ma owu a, ɛnne onguan nkɔ nkurow yi biako mu na onnya nkwa; 6 na mogya ho werefo no amfa abufuhyew antiw onipakumfo no, na ɔkwan no ware nti, wankɔto no ankum no; nso na ɛnsɛ sɛ onipa no wu, efisɛ bere a atwam no na ɔntan ne yɔnko no. 7 Enti na merehyɛ wo sɛ yiyi nkurow abiɛsa fa. 8 Na sɛ AWURADE wo Nyankopɔn trɛw wo hye mu, sɛnea ɔkaa w’agyanom ntam no, na ɔde asase a ɔkae sɛ ɔde bɛma w’agyanom no nyinaa ma wo, 9 na sɛ wudi mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nyinaa so yɛ, na wodɔ AWURADE wo Nyankopɔn na wonantew n’akwan so nna nyinaa a, ɛnne yiyi nkurow abiɛsa bio ka abiɛsa yi ho fa, 10 na wɔanhwie mogya a bɔne nni mu angu w’asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di so no so, na woanni mogya ho so. 11 Na sɛ obi tan ne yɔnko, na ɔtɛw no, tow hyɛ no so, na ɔbɔ no ade ma owu, na oguan kɔ nkurow yi biako mu a, 12 ɛnne ne kurom mpanyimfo nsoma mma wɔnkɔfa no mfi hɔ, na wɔmfa no nhyɛ mogya ho werefo no nsa, na onwu. 13 Mma w’aniwa nnhu no mmɔbɔ, na yi mogya a edi bem ho afobu fi Israel, na ensi wo yiye. 14 Ntwiw wo yɔnko hye a tetefo atwa, w’agyapade a woanya mu, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ fa no so. Adansefo ho asɛm 15 Ɔdansefo biako nnsɔre nnhyɛ obi, amumɔyɛ biara anaa bɔne biara ho, bɔne biara a wɔyɛ mu: Adansefo baanu anaa baasa anom nsɛm so na asɛm biara nnyina. 16 Sɛ ɔdansekurumfo bi sɔre hyɛ obi di no mfomso ho adanse a, 17 ɛnne nnipa baanu a ɔham da wɔn ntam no mmegyina AWURADE anim, asɔfo ne atemmufo a wɔwɔ hɔ saa bere no anim. 18 Na atemmufo no mpɛɛpɛe mu yiye, na sɛ ɔdansefo no yɛ ɔdansekurumfo na wadi ne nua ho adansekurum a, 19 ɛnne monyɛ no sɛnea osusuwii sɛ anka ɔbɛyɛ ne nua no; na yi bɔne no fi wo mu, 20 na wɔn a aka no nte na wonsuro, na wɔankɔ so anni asɛmmɔne a ɛte sɛɛ wɔ wo mu bio. 21 Na mma w’aniwa nnhu mmɔbɔ; ɔkra nsi ɔkra ananmu, aniwa nsi aniwa ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu, nsa nsi nsa ananmu, ɛnan nsi ɛnan ananmu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana