5 Mose 11 - KYERƐW KRONKRONOsetie ho kɔkɔbɔ 1 Enti dɔ AWURADE wo Nyankopɔn, na hwɛ n’ahwɛde ne n’ahyɛde ne n’atemmude ne ne mmara nsɛm nna nyinaa. 2 Na munhu nnɛ, na menne mo mma a wonnim na wɔanhu no, munhu AWURADE mo Nyankopɔn nteɛso, ne kɛseyɛ, ne nsa a ɛyɛ den ne ne basa a wateɛ mu, 3 ne ne nsɛnkyerɛnne ne ne nneyɛe a ɔyɛe Misraim a ɔde yɛɛ Misraim hene Farao ne n’asase nyinaa, 4 ne nea ɔyɛɛ Misraim dɔm ne n’apɔnkɔ ne ne nteaseɛnam a wɔde retiw mo a ɔmaa Mmɛw-Po mu nsu bu faa wɔn so, na AWURADE sɛee wɔn, de abedu nnɛ da yi, 5 ne nea ɔyɛɛ mo sare so besii sɛ muduu ha yi, 6 ne nea ɔyɛɛ Ruben ba Eliab mma Datan ne Abiram a asase buee n’anom menee wɔn ne wɔn afi ne wɔn ntamadan ne wɔn a wodii wɔn akyi nyinaa fii Israel nyinaa mfinimfini no; 7 na mo ani ahu AWURADE nneyɛe akɛse a ɔyɛe no nyinaa. 8 Enti munni mmara nsɛm a merehyɛ mo nnɛ yi nyinaa so, na mo ho ayɛ den, na moakɔ akɔfa asase a moretwam akɔ so akɔfa no, 9 na mo nna aware asase a AWURADE kaa mo agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn ne wɔn asefo no so, asase a ɛsen nufusu ne ɛwo no. 10 Na asase a worekɔ akɔfa no nte sɛ Misraim asase a mufi so bae a wuguu w’aba na wode wo nan guguu so nsu sɛ ɛfan turo mu no; 11 na asase a moretwam akɔ so akɔfa no yɛ mmepɔw ne abon asase a ɛnom ɔsoro su mu nsu, 12 asase a AWURADE wo Nyankopɔn hwɛ so daa yi, AWURADE wo Nyankopɔn ani wɔ so fi afe mfiase kosi afe awiei. 13 Na sɛ mutie me mmara nsɛm a mede merema mo nnɛ yi, na mode mo koma nyinaa bɛdɔ AWURADE mo Nyankopɔn na moasom no a, 14 ɛnne mɛma mo asase so su atɔ ne bere mu, asusow ne adom, na woaboaboa w’aburow ne wo nsa ne wo ngo ano, 15 na mɛma wo sare so aba wura ama w’afieboa, na woadidi amee. 16 Monhwɛ mo ho yiye na wɔannaadaa mo koma, na moamman ankɔsom anyame foforo ansɔre wɔn, 17 na AWURADE abufuw annɛw anhyɛ mo, na wanto ɔsoro mu sɛ osu nntɔ na asase mmma ne nnɔbae, na moansɛe ntɛmso amfi asase pa a AWURADE de rema mo no so. 18 Enti momfa me nsɛm yi nsie mo koma ne mo kra mu, na fa yɛ nsɛnkyerɛnne kyekyere wo nsa, na ɛnyɛ w’aniwa ntam nkae ntamabamma; 19 na momfa nkyerɛkyerɛ mo mma, na kasa ho w’afitena mu ne wo kwan so nantew mu, ne wo nna mu ne wo sɔre mu; 20 na kyerɛw gu wo fi apongua ho ne w’aponkɛse so; 21 na wo nna ne wo mma nna adɔɔso asase a AWURADE kaa w’agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so, sɛ ɔsoro a ɛkata asase so yi nna te. 22 Na sɛ mubedi mmara nsɛm a merehyɛ mo yi so ayɛ, na mobɛdɔ AWURADE mo Nyankopɔn anantew n’akwan nyinaa so na moabata ne ho a, 23 ɛnne AWURADE betutu amanaman yi nyinaa afi mo anim, na moafa amanaman akɛse a wɔyɛ den sen mo. 24 Baabiara a mo nan betia no bɛyɛ mo de, efi sare so ne Lebanon, efi asu no, asubɔnten Eufrate, ho kosi akyiri po no ano bɛyɛ mo asase. 25 Obiara rentumi nnyina mo anim; AWURADE mo Nyankopɔn de mo ho hu ne mo ho suro begu asase a mobɛfa so nyinaa so, sɛnea ɔka kyerɛɛ mo no. Nhyira ne nnome 26 Hwɛ, mede nhyira ne nnome meregu mo anim nnɛ: 27 Sɛ mutie AWURADE mo Nyankopɔn mmara nsɛm a merehyɛ mo nnɛ yi a, mubenya nhyira 28 na sɛ moantie AWURADE mo Nyankopɔn mmara nsɛm na moman fi ɔkwan a merehyɛ mo nnɛ yi so kodi anyame foforo a munnim wɔn akyi a, nnome. 29 Na sɛ AWURADE wo Nyankopɔn de wo du asase a worekɔ so akɔfa no so a, ka nhyira no Gerisim bepɔw so ne nnome no nso Ebal bepɔw so. 30 So enni Yordan agya, owiatɔe kwan no akyi, Kanaanfo a wɔte Araba asase so, Gilgal ntentenso, More pɔw ho? 31 Na morebetwa Yordan akɔ akɔfa asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema mo no, na mobɛfa atena so. 32 Enti monhwɛ yiye na monyɛ ahyɛde ne atemmude a mede meresi mo anim nnɛ yi nyinaa. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana