4 Mose 8 - KYERƐW KRONKRONAkanea no sɔbea 1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 2 Ka kyerɛ Aaron sɛ Wode akanea no sisi akaneadua no so a, akanea ason no nnɛw wɔ so nkyerɛ anim. 3 Na Aaron yɛɛ saa: ɔde akanea no sisii kaneadua no so kyerɛɛ anim, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no. 4 Na eyi ne kaneadua no yɛbea: Ɛyɛ sika a wɔaboro; efi n'ase kosi ne nhwiren so, ɛyɛ sika a wɔaboro ara nko; sɛ nhwɛso a AWURADE de kyerɛɛ Mose no te no, saa ara na ɔyɛɛ kaneadua no. Lewifo dwira 5 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ 6 Yi Lewifo fi Israelfo mu, na dwira wɔn. 7 Na sɛnea dwira wɔn ni: Fa bɔneyi nsu pete wɔn so, na wɔmfa oyiwan nyiyi wɔn ho nyinaa, na wɔnhoro wɔn ntade, na wɔmfa ntew wɔn ho. 8 Na wɔmfa nantwinini ne ɛho aduan afɔre, asikresam a wɔde ngo afɔtɔw; na fa nantwinini foforo nso a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre. 9 Na fa Lewifo no bra ahyiae ntamadan no ano, na ma Israelfo asafo mu no nyinaa mmɛbɔ gua; 10 na fa Lewifo no bra AWURADE anim, na Israelfo no mfa wɔn nsa ngu Lewifo no so: 11 na Aaron nhim Lewifo no, AWURADE anim, sɛ ohim afɔre a efi Israelfo nsam, na wɔntena ase nyɛ AWURADE som adwuma. 12 Na Lewifo no mfa wɔn nsa ngu anantwi no atifi, na fa biako bɔ bɔne ho afɔre, na fa biako nso bɔ AWURADE hyew afɔre, na pata ma Lewifo no. 13 Na fa Lewifo no gyina Aaron ne ne mma no anim, na him wɔn yɛ ohim afɔre ma AWURADE. 14 Na tew Lewifo no fi Israelfo mu, na Lewifo no mmɛyɛ me de. 15 Ɛno akyi ansa na Lewifo no mmra mmɛsom ahyiae ntamadan no ho. Na tew wɔn ho, na him wɔn yɛ ohim afɔre, 16 efisɛ ɔma na wɔde wɔn ama me afi Israelfo mu; mede wɔn masi ade a ebue yafunu ano nyinaa, Israelfo mu mmakan nyinaa, ananmu mafa. 17 Na Israelfo mu mmakan nyinaa, nnipa mu oo, afieboa mu oo, wɔyɛ me dea: da a mebobɔɔ Misraim asase so mmakan nyinaa no na meyɛɛ wɔn kronkron mefae; 18 na mafa Lewifo no masi Israelfo mu mmakan nyinaa ananmu; 19 na mede Lewifo no mama Aaron ne ne mma sɛ akyɛde afi Israelfo mu sɛ wɔnyɛ Israelfo adwuma, ahyiae ntamadan no mu, na wɔmpata mma Israelfo, na Israelfo no rebɛn kronkronbea hɔ a, ɔhaw bi amma wɔn so. 20 Na Mose ne Aaron ne Israelfo asafo mu no nyinaa yɛɛ Lewifo no sa; sɛ AWURADE hyɛɛ Mose maa Lewifo no nyinaa no, saa na Israelfo no yɛɛ wɔn. 21 Na Lewifo no yii wɔn ho bɔne, na wɔhoroo wɔn ntade, na Aaron him wɔn sɛ ohim afɔre, AWURADE anim, na Aaron pata maa wɔn de dwiraa wɔn ho. 22 Ɛno akyi na Lewifo no bae bɛyɛɛ wɔn som adwuma ahyiae ntamadan no mu, Aaron ne ne mma no anim; sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose, Lewifo no ho no, saa na wɔyɛɛ wɔn. 23 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ 24 Eyi nkɔma Lewifo no: Wɔn a wɔadi mfirihyia aduonu anum ne akyiri no mmra mmɛyɛ ahyiae ntamadan no ho som mu adwuma no. 25 Na wɔn a wɔadi mfe aduonum no mfi adwuma no mu, na wɔnnyɛ bio. 26 Nanso wonni mmoa wɔn nuanom no, ahyiae ntamadan no mu, nkura ɛsohwɛ no mu bi, na ɔsom adwuma no na wɔnnyɛ. Saa na hyehyɛ Lewifo no, wɔn asɛde no ho. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana