Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

4 Mose 7 - KYERƐW KRONKRON


Mmapɔmma no afɔrebɔ

1 Na Mose wiee tenabea no si, na ɔsraa ho ngo, na ɔyɛɛ no ne ɛho nneɛma nyinaa ne afɔremuka no ne ɛho nneɛma nyinaa kronkron, na ɔsraa ho ngo na ɔyɛɛ ho kronkron no,

2 Israel mmapɔmma, wɔn mpanyimfi so atitiriw a wɔyɛ mmusuakuw no asafohempanyin a wɔhwɛ wɔn a wɔkan wɔn no so no de ayɛyɛde bae.

3 Na wɔde wɔn ayɛyɛde baa AWURADE anim: nteaseɛnam a ɛso wɔ nkataso asia ne anantwi dumien; mmapɔmma baanu de teaseɛnam biako, na obiara de nantwi biako; na wɔde baa tenabea no anim.

4 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:

5 Gye wɔn ayɛyɛde no, na wɔmfa nyɛ ahyiae ntamadan no ho adwuma, na fa ma Lewifo no, obiara sɛnea n'adwuma te.

6 Na Mose de nteaseɛnam ne anantwi no maa Lewifo no,

7 ɔde nteaseɛnam abien ne anantwi anan maa Gerson mma, sɛ wɔn adwuma te,

8 na ɔde nteaseɛnam anan ne anantwi awotwe maa Merari mma, sɛ wɔn adwuma te, wɔ ɔsɔfo Aaron ba Itamar nsam;

9 na Kohat mma de, wamma wɔn bi, efisɛ wɔn adwuma ne sɛ wɔsoa kronkronbea no ho nneɛma no wɔn mmati so.

10 Na mmapɔmma no de afɔremuka no adwirade bae, da a wɔsraa ho ngo no; na wɔde wɔn ayɛyɛde baa afɔremuka no anim.

11 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Mmapɔmma no mfa wɔn afɔremuka dwira ho ayɛyɛde no mmra mmiako mmiako, obiara ne ne da.

12 Na nea ɔde n'ayɛyɛde bae da a edi kan ne Aminadab ba Nahasɔn a ofi Yuda abusuakuw mu no.

13 Na n'ayɛyɛde ne: dwetɛasanka biako a ano si nnwetɛbona ɔha aduasa; dwetɛkora biako a ano si nnwetɛbona aduɔsɔn, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te; n'abien no, asikresam a wɔde ngo afɔtɔw de rekɔyɛ aduan afɔre ayeyɛ no amaama;

14 sika asankawa biako a ano si nnwetɛbona du a aduhuam ayɛ no ma;

15 nantwinini biako, odwennini biako, oguanten ba biako a wadi afe a wɔde wɔn rekɔbɔ ɔhyew afɔre;

16 ɔpapo biako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔre;

17 ne asomdwoe afɔre de: anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum, nguanten mma a wɔadi afe afe anum. Eyi ne Aminadab ba Nahasɔn ayɛyɛde.

18 Da a ɛto so abien no, Suar ba Netanel a ɔyɛ Isakar bapɔmma de bae.

19 N'ayɛyɛde a ɔde bae ne: dwetɛ asanka biako a ano si nnwetɛbona ɔha aduasa; dwetɛkora biako, nnwetɛbona aduɔsɔn, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te; n'abien no, asikresam a wɔde ngo afɔtɔw de rekɔyɛ aduan afɔre ayeyɛ no maama;

20 sika nnwetɛbona du asankawa biako a aduhuam ayɛ no ma;

21 nantwinini biako, odwennini biako, oguanten ba biako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre;

22 ɔpapo biako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔre;

23 ne asomdwoe afɔre de: anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum, nguanten mma a wɔadi afe afe anum. Eyi ne Suar ba Netanel ayɛyɛde.

24 Da a ɛto so abiɛsa no, Sebulon mma bapɔmma Helon ba Eliab de n'ayɛyɛde bae.

25 N'ayɛyɛde ne: dwetɛ asanka biako a ano si nnwetɛbona ɔha aduasa; dwetɛkora biako, nnwetɛbona aduɔson, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te; n'abien no, asikresam a wɔde ngo afɔtɔw de rekɔyɛ aduan afɔre ayeyɛ no maama;

26 sika nnwetɛbona du asankawa biako a aduhuam ayɛ no ma;

27 nantwinini biako, odwennini biako, oguanten ba biako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre;

28 ɔpapo biako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔre;

29 ne asomdwoe afɔre de: anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum, nguanten mma a wɔadi afe afe anum. Eyi ne Helon ba Eliab ayɛyɛde.

30 Da a ɛto so anan no, Ruben mma bapɔmma Sedeur ba Elisur nso bae.

31 N'ayɛyɛde ne: dwetɛ asanka biako a ano si nnwetɛbona ɔha aduasa; dwetɛkora biako, nnwetɛbona aduɔson, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te; n'abien no, asikresam a wɔde ngo afɔtɔw de rekɔyɛ aduan afɔre ayeyɛ no amaama;

32 sika nnwetɛbona du asankawa biako a aduhuam ayɛ no ma;

33 nantwinini biako, odwennini biako, oguanten ba biako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre;

34 ɔpapo biako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔre;

35 ne asomdwoe afɔre de: anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum, nguanten mma a wɔadi afe afe anum. Eyi ne Sedeur ba Elisur ayɛyɛde.

36 Da a ɛto so anum no, Simeon mma bapɔmma Surisadai ba Selumiel bae.

37 N'ayɛyɛde ne: dwetɛ asanka biako a ano si nnwetɛbona ɔha aduasa; dwetɛkora biako, nnwetɛbona aduɔsɔn, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te; n'abien no, asikresam a wɔde ngo afɔtɔw de rekɔyɛ aduan afɔre ayeyɛ no maama;

38 sika nnwetɛbona du asankawa biako a aduhuam ayɛ no ma;

39 nantwinini biako, odwennini biako, oguanten ba biako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre;

40 ɔpapo biako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔre;

41 ne asomdwoe afɔre de, anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum, nguanten mma a wɔadi afe afe anum. Eyi ne Surisadai ba Selumiel ayɛyɛde.

42 Da a ɛto so asia no, Gad mma bapɔmma Deguel ba Eliasaf bae.

43 N'ayɛyɛde ne: dwetɛ asanka biako a ano si nnwetɛbona ɔha aduasa; dwetɛkora biako, nnwetɛbona aduɔsɔn, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te; n'abien no, asikresam a wɔde ngo afɔtɔw de rekɔyɛ aduan afɔre ayeyɛ no maama;

44 sika nnwetɛbona du asankawa biako a aduhuam ayɛ no ma;

45 nantwinini biako, odwennini biako, oguanten ba biako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre;

46 ɔpapo biako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔre;

47 ne asomdwoe afɔre de: anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguanten mma a wɔadi afe afe anum. Eyi ne Deguel ba Eliasaf ayɛyɛde.

48 Da a ɛto so ason no, Efraim mma bapɔmma Amihud ba Elisama.

49 N'ayɛyɛde ne dwetɛ asanka biako a ano si nnwetɛbona ɔha aduasa; dwetɛkora biako, nnwetɛbona aduɔsɔn, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te; n'abien no, asikresam a wɔde ngo afɔtɔw de rekɔyɛ aduan afɔre ayeyɛ no maama;

50 sika nnwetɛbona du asankawa biako a aduhuam ayɛ no ma;

51 nantwinini biako, odwennini biako, oguanten ba biako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre;

52 ɔpapo biako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔre;

53 ne asomdwoe afɔre de: anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum, nguanten mma a wɔadi mfe anum. Eyi ne Amihud ba Elisama ayɛyɛde.

54 Da a ɛto so awotwe no, Manase mma bapɔmma Pedahsur ba Gamaliel.

55 N'ayɛyɛde ne: dwetɛ asanka biako a ano si nnwetɛbona ɔha aduasa; dwetɛkora biako, nnwetɛbona aduɔsɔn, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te; n'abien no, asikresam a wɔde ngo afɔtɔw de rekɔyɛ aduan afɔre ayeyɛ no maama;

56 sika nnwetɛbona du asankawa biako a aduhuam ayɛ no ma;

57 nantwinini biako, odwennini biako, oguanten ba biako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre;

58 ɔpapo biako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔre;

59 ne asomdwoe afɔre de: anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum, nguanten mma a wɔadi afe afe anum. Eyi ne Pedahsur ba Gamaliel ayɛyɛde.

60 Da a ɛto so akron no, Benyamin mma bapɔmma Gideoni ba Abidan.

61 N'ayɛyɛde ne: dwetɛ asanka biako a ano si nnwetɛbona ɔha aduasa; dwetɛkora biako, nnwetɛbona aduɔsɔn, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te; n'abien no, asikresam a wɔde ngo afɔtɔw de rekɔyɛ aduan afɔre ayeyɛ no maama;

62 sika nnwetɛbona du asankawa biako a aduhuam ayɛ no ma;

63 nantwinini biako, odwennini biako, oguanten ba biako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre;

64 ɔpapo biako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔre;

65 ne asomdwoe afɔre de: anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum, nguanten mma a wɔadi mfe anum. Eyi ne Gideoni ba Abidan ayɛyɛde.

66 Da a ɛto so du no, Dan mma bapɔmma Amisadai ba Ahieser.

67 N'ayɛyɛde ne: dwetɛ asanka biako a ano si nnwetɛbona ɔha aduasa; dwetɛkora biako, nnwetɛbona aduɔsɔn, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te; n'abien no, asikresam a wɔde ngo afɔtɔw de rekɔyɛ aduan afɔre ayeyɛ no amaama;

68 sika nnwetɛbona du asankawa biako a aduhuam ayɛ no ma;

69 nantwinini biako, odwennini biako, oguanten ba biako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre;

70 ɔpapo biako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔre;

71 ne asomdwoe afɔre de: anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum, nguanten mma a wɔadi afe afe anum. Eyi ne Amisadai ba Ahieser ayɛyɛde.

72 Da a ɛto so dubiako no, Aser mma bapɔmma Okran ba Pagiel.

73 N'ayɛyɛde ne: dwetɛ asanka biako a ano si nnwetɛbona ɔha aduasa; dwetɛkora biako, nnwetɛbona aduɔsɔn, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te; n'abien no, asikresam a wɔde ngo afɔtɔw de rekɔyɛ aduan afɔre ayeyɛ no amaama;

74 sika nnwetɛbona du asankawa biako a aduhuam ayɛ no ma;

75 nantwinini biako, odwennini biako, oguanten ba biako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre;

76 ɔpapo biako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔre;

77 ne asomdwoe afɔre de: anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum, nguanten mma a wɔadi afe afe anum. Eyi ne Okran ba Pagiel ayɛyɛde.

78 Da a ɛto so dumien no, Naftali mma bapɔmma Enan ba Ahira.

79 N'ayɛyɛde ne: dwetɛ asanka biako a ano si nnwetɛbona ɔha aduasa; dwetɛkora biako, nnwetɛbona aduɔsɔn, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te; n'abien no, asikresam a wɔde ngo afɔtɔw de rekɔyɛ aduan afɔre ayeyɛ no maama;

80 sika nnwetɛbona du asankawa biako a aduhuam ayɛ no ma;

81 nantwinini biako, odwennini biako, oguanten ba biako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre;

82 ɔpapo biako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔre;

83 ne asomdwoe afɔre de: anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum, nguanten mma a wɔadi afe afe anum. Eyi ne Enan ba Ahira ayɛyɛde.

84 Eyi ne adwirade da a wɔsra afɔremuka no ho ngo no Israel mmapɔmma no nsam: dwetɛ nsanka dumien, dwetɛ nkora dumien, sika nsankawa dumien;

85 asanka no biako yɛ nnwetɛbona ɔha aduasa, na kora biako yɛ aduɔsɔn, na nneɛma yi dwetɛ nyinaa ano si nnwetɛbona mpennu ahannan, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te;

86 sika nsankawa a aduhuam ayeyɛ no maama dumien; asankawa no biako ano si nnwetɛbona du, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te, na nsankawa no sika nyinaa si nnwetɛbona ɔha aduonu.

87 Ɔhyew afɔre anantwi no nyinaa si anantwinini dumien, adwennini dumien, nguanten mma a wɔadi afe afe dumien ne wɔn nnuan ayɛyɛde ne bɔne ho afɔre mpapo dumien;

88 na asomdwoe afɔre anantwi no nyinaa si anantwinini aduonu anan, adwennini aduosia, mpapo aduosia, nguanten mma a wɔadi afe afe aduosia. Eyi ne afɔremuka no sra akyi adwirade.

89 Na Mose hyɛn ahyiae ntamadan no mu sɛ ɔne AWURADE rekɔkasa no, ɔtee ɛnne no sɛ ɛkasa kyerɛ no fi mpata agua a ɛwɔ adanse adaka no so no so wɔ kerubim abien no ntam; na Awurade kasa kyerɛɛ no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan