4 Mose 6 - KYERƐW KRONKRONAhotuafo mmara 1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 2 Kasa kyerɛ Israelfo no, Sɛ ɔbarima anaa ɔbea bi de ne ho kɔhyɛ ahotuafo mu hyɛ bɔ sɛ obetua ne ho ade de ne ho ama AWURADE a, 3 ɛnne ontua ne ho bobesa ne nsa nyinaa; ɔnnnom bobesa a akaw ne nsa a akaw, na ade biara a wɔde bobe aba ayɛ nso, ɔnnnom, na bobe aba momono ne guanee nso, onnni; 4 n'ahotua nna nyinaa mu, biribiara a wɔde bobe ho biribi ayɛ, ne nsowee mu aba oo, ɛho hono oo, onnni. 5 N'ahotua bɔhyɛnna nyinaa mu no oyiwan bi nnka ne ti; ɔnyɛ kronkron nkosi sɛ nna a otuaa ne ho maa AWURADE no bewie du; onsiw atimum. 6 Nna a watua ne ho ade ama AWURADE no, ɔnnkɔ funu ho. 7 N'agya ne ne na ne ne nuammarima ne ne nuabea wu mu mpo, onnkogu ne ho fi, efisɛ ne Nyankopɔn ahotua wɔ n'atifi. 8 N'ahotua nna nyinaa ɔyɛ kronkron ma AWURADE. 9 Na sɛ obi kowu mpofirim wɔ ne ho afrɛso ma ogu n'ahotua ti ho fi a, onyi ne ti n'ahodwira da a ɛne da a ɛto so ason no. 10 Na ɛda a ɛto so awotwe no, ɔmfa nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien mmrɛ ɔsɔfo no, ahyiae ntamadan no ano. 11 Na ɔsɔfo no mfa biako mmɔ bɔne ho afɔre, na biako nso ɔmfa nyɛ ɔhyew afɔre, na ɔmpata mma no sɛ funu no nti wafom, na ɔnyɛ ne ti kronkron bio da no ara. 12 Na ontua ne ho ade mma AWURADE n'ahotua nna no, na ɔmfa oguanten ba a wadi afe mmra mmɛbɔ asodi ho afɔre; na kan nna no ayera, efisɛ n'ahotua no ho agu fi. 13 Na eyi ne ɔhotuafo ho mmara, ɛda a n'ahotua nna wie du no, wɔmfa no mmra ahyiae ntamadan no ano, 14 na ɔmfa n'ayɛyɛde mmrɛ AWURADE: oguanten ba a wadi afe a odi mu biako mmɛbɔ ɔhyew afɔre, ne oguammere biako a wadi afe a odi mu nso mmɛbɔ bɔne ho afɔre, ne odwennini biako a odi mu mmɛbɔ asomdwoe afɔre; 15 ne apiti abodoo, asikresam tetare a wɔde ngo afɔtɔw ne apiti fam a wɔasra ho ngo kɛntɛn ne ɛho aduan afɔre ne ahwiesa. 16 Na ɔsɔfo no mfa mmra AWURADE anim, na ɔmmɔ ne bɔne ho afɔre ne ne hyew afɔre. 17 Na ɔmfa odwennini no mmɔ AWURADE asomdwoe afɔre mpae apiti kɛntɛn no so, na ɔsɔfo no mmɔ n'aduan afɔre ne n'ahwiesa afɔre. 18 Na ɔhotuafo no nyi n'ahotua ti, ahyiae ntamadan no ano, na ɔmfa n'ahotua ti nwi no ngu asomdwoe afɔre no ase gya mu. 19 Na ɔsɔfo no mfa odwennini no basa a wɔanoa ne kɛntɛn no mu apiti tetare biako ne apiti fam biako ngu ɔhotuafo a wayi n'ahotua ti no nsam; 20 na ɔsɔfo no nhim no ohim afɔre AWURADE anim, ɛyɛ kronkron ma ɔsɔfo no, ɛne ohim yan ne soma srɛ no; ɛno akyi no ɔhotuafo no nnom bobesa. 21 Eyi ne mmara a ɛda hɔ ma ɔhotuafo a n'ahotua no nti wahyɛ n'ayɛyɛde ho bɔ ama AWURADE, de ka nea ne nsa bɛso so ho; sɛ ne bɔ a ɔhyɛe te no, saa na ɔmfa n'ahotua mmara so nyɛ. Nhyira a wɔmfa nhyira ɔman no 22 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 23 Kasa kyerɛ Aaron ne ne mma no sɛ: Sɛ munhyira Israelfo nka nkyerɛ wɔn ni: 24 AWURADE nhyira wo, na ɔnhwɛ wo so; 25 AWURADE ntew n'anim nkyerɛ wo, na ɔnnom wo; 26 AWURADE mma n'ani so nhwɛ wo, na ɔmma wo asomdwoe. 27 Na wɔmfa me din nto Israelfo so, na me de, mehyira wɔn. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana