4 Mose 4 - KYERƐW KRONKRONKohatfo no 1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 2 Bu Kohat mma no ano fi Lewi mma no mu, sɛnea wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te, 3 fa fi nea wadi mfe aduasa de rekɔ no so kosi nea wadi mfe aduonum so, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa, na wɔnyɛ m'adwuma ahyiae ntamadan no mu. 4 Eyi ne Kohat mma no ahyiae ntamadan no mu som adwuma: akronkronne mu ade kronkron no. 5 Na sɛ nsra no rebetu a, Aaron ne ne mma mmra mmeyi ntwamu mmɔhɔɔ no, na wɔmfa nkata adanse adaka no ho, 6 na wɔmfa sukraman nhoma nkataso nto so, na wɔmfa bibitama mu ntrɛw so, na wɔmfa ne mpoma no nwurawura mu. 7 Na wɔmfa bibitama nkata anim pon no so, na wɔmfa nsanka no ne nsankawa ne nkora ne nkuruwa a wɔde hwie no nsisi so, na daa abodoo no nsisi so; 8 na wɔmfa tankɔkɔɔ ntrɛw nneɛma no so, na wɔmfa sukraman nhoma nkataso nkata ho, na wɔmfa ne mpoma nwurawura mu. 9 Na wɔmfa bibitama nkata kaneadua no ne n'akanea ne n'adabaw ne ne nso nkukuwa ne ne ngo ntoa a wɔde som no nyinaa ho. 10 Na wɔmfa ɛno ne ɛho ade nyinaa nhyɛ sukraman nhoma nkataso mu, na wɔmfa nto mpata so. 11 Na wɔmfa bibitama ntrɛw sika afɔremuka no so, na wɔmfa sukraman nhoma nkataso nkata ho, na wɔmfa ne mpoma nwurawura mu. 12 Na wɔmfa ɔsom nneɛma a wɔde som kronkronbea hɔ no nyinaa nhyɛ bibitama mu, na wɔmfa sukraman nhoma nkataso nkata ho, na wɔmfa nto mpata so. 13 Na afɔremuka no, wɔnsesaw so nso ngu, na wɔmfa ntama a ɛbere dum ntrɛw so, 14 na wɔmfa ɛho nneɛma a wɔde som so nyinaa, nsrama kukuwa ne adinam ne sofi ne nkora no, afɔremuka no ho nneɛma nyinaa, na wɔmfa sukraman nhoma nkataso ntrɛw so, na wɔmfa ɛho mpoma no nwurawura mu. 15 Na nsra no rebetu na Aaron ne ne mma no wie akronkronne no ne kronkronbea nneɛma no nyinaa ho kata a, ɛno akyi ansa na Kohat mma no nhyɛn mu nkɔma so, na wɔanka akronkronne no amma wɔanwuwu. Eyi ne Kohat mma adwuma, ahyiae ntamadan no mu. 16 Na ɔsɔfo Aaron ba Eleasar ahwɛde ne kanea ngo ne nnuhuam ne daa aduan afɔre ne ɔsra ngo no, tenabea no nyinaa ne nea ɛwɔ mu nyinaa ne kronkronbea hɔ ne ɛho nneɛma sohwɛ. 17 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 18 Momma wontwa Kohatfo mmusua mu abusuakuw no mmfi Lewifo mu, na eyi na monyɛ mma wɔn, 19 na wɔanya nkwa na wɔanwuwu sɛ wɔabɛn akronkronne mu adekronkron no: Aaron ne ne mma no nhyɛn mu, na wɔmfa wɔn nsisi wɔn adwuma ne wɔn nnosoa ho; 20 na wɔn de, wɔnnhyɛn mu mmfa wɔn ani mmmɛbɔ akronkronne no so, na wɔanwuwu. 21 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 22 Bu Gerson mma no nso ano sɛ wɔn mpanyimfi ne wɔn mmusua te; 23 kan wɔn fi nea wadi mfe aduasa de rekɔ so kosi nea wadi mfe aduonum so, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa, na wɔnsom ahyiae ntamadan no ho. 24 Eyi ne Gersonfo mmusua no som a wɔnsom ne nneɛma a wɔnsoa, 25 wɔn na wɔnsoa: tenabea no ntama no ne ahyiae ntamadan no, ne nkataso ne sukraman nkataso a ɛwɔ so no, ne ahyiae ntamadan no ano nkataano no, 26 ne adiwo no ho mmɔhɔɔ ne adiwo a etwa tenabea ne afɔremuka no ho hyia no abobow ano nkataano no, ne ne ntampehama ne ɛho adwuma ho nneɛma nyinaa; na wɔnyɛ ho adwuma a ehia sɛ wɔyɛ nyinaa. 27 Aaron ne ne mma asɛm so na Gersonfo mma no nyɛ wɔn adwuma nyinaa, wɔn asɛde nyinaa ne wɔn adwuma no nyinaa fam; na momfa wɔn adwuma nyinaa nhyɛ wɔn nsa na wɔnhwɛ so. 28 Eyi ne Gersonfo mma mmusua no ahyiae ntamadan no mu som adwuma, na wɔn adwuma no sohwɛ wɔ ɔsɔfo Aaron ba Itamar nsam. 29 Merari mma no nso, kan wɔn sɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te. 30 Kan wɔn fi nea wadi mfe aduasa de rekɔ so kosi nea wadi mfe aduonum so, obiara a obetumi akɔ ɔsa no, na wɔnyɛ ahyiae ntamadan no ho adwuma. 31 Na eyi ne nnosoa a wɔnsoa sɛ wɔn ahyiae ntamadan no mu adwuma: Tenabea no ntaaboo ne ne mmeae ne n'adum ne ne nnyinaso, 32 ne adiwo a ehyia ho no adum ne ne nnyinaso ne ne mmofunnua ne ne ntampehama ne ɛho nneɛma ne nea ɛkeka ho nyinaa; na monkan nneɛma a wɔnsoa no mmobɔ din mfa nhyɛ wɔn nsa. 33 Eyi ne Merari mma mmusua no adwuma, wɔn ahyiae ntamadan no mu adwuma nyinaa, wɔ ɔsɔfo Aaron ba Itamar nsam. 34 Na Mose ne Aaron ne asafo no mu mmapɔmma no kɔkan Kehatfo mma no sɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te, 35 wɔde fi nea wadi mfe aduasa so de kosi nea wadi mfe aduonum so, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa, sɛ wɔnyɛ ahyiae ntamadan no mu adwuma. 36 Na wɔn nnipa a wɔkan wɔn wɔn mmusua no so si mpennu ahansɔn aduonum. 37 Eyinom ne Kohatfo mmusua mu nnipa a wɔkan wɔn, wɔn a wɔsom ahyiae ntamadan no mu nyinaa a Mose ne Aaron nam AWURADE asɛm a ɛwɔ Mose nsam so kan wɔn. 38 Na Gerson mma mu nnipa a wɔkan wɔn sɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te, 39 fi nea wadi mfe aduasa so de kosi nea wadi mfe aduonum so, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa, sɛ wɔnyɛ ahyiae ntamadan no mu adwuma: 40 wɔn nnipa a wɔkan wɔn wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi so si mpennu ahansia aduasa. 41 Eyinom ne Gerson mma mmusua mu nnipa a wɔkan wɔn, wɔn a wɔsom ahyiae ntamadan no mu nyinaa a Mose ne Aaron nam AWURADE asɛm so kan wɔn. 42 Na Merari mma mu nnipa a wɔkan wɔn sɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te, 43 fi nea wadi mfe aduasa so de kosi nea wadi mfe aduonum so, wɔn a wobetumi akɔ ɔsa nyinaa, sɛ wɔnyɛ ahyiae ntamadan no mu adwuma, 44 wɔn nnipa a wɔkan wɔn, sɛ wɔn mmusua te, si mpensa ne ahanu. 45 Eyinom ne Merari mma mmusua mu nnipa a wɔkan wɔn a Mose ne Aaron nam AWURADE asɛm a ɛwɔ Mose nsam no so kan wɔn. 46 Na Lewifo a Mose ne Aaron ne Israel mmapɔmma no kan wɔn, sɛnea wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te, 47 fi nea wadi mfe aduasa so de kosi nea wadi mfe aduonum so, wɔn a wotumi yɛ ɔsom adwuma anaa nnesoasoa adwuma ahyiae ntamadan no mu no, 48 wɔn nnipa a wɔkan wɔn no si mpemnwɔtwe ahanum aduɔwɔtwe. 49 Sɛnea AWURADE nam Mose so hyɛe no na wɔde wɔn sisii wɔn som adwuma ne wɔn nnosoa ne nea wɔde hyehyɛɛ wɔn nsa no so mmiako mmiako; enti wɔkan wɔn sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana