Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

4 Mose 30 - KYERƐW KRONKRON


Bɔhyɛ ho mmara

1 Na Mose kasa kyerɛɛ Israelfo mmusuakuw no so atitiriw sɛ: Eyi ne asɛm a AWURADE ahyɛ

2 Sɛ obi hyɛ AWURADE bɔ anaasɛ ɔka ntam tua ne kra ade bi a, ommmu n'asɛm so; nea efi n'anom nyinaa, ɔnyɛ.

3 Na sɛ ɔbea bi hyɛ AWURADE bɔ de tua ne ho biribi n'agya fi, wɔ ne mmabaabere mu,

4 na n'agya te ne bɔhyɛ no ne n'ahotua a ɔde tua ne kra biribi no, na n'agya yɛ komm a, ɛnne ne bɔhyɛ ne n'ahotua a ɔde tuaa ne kra biribi no gyina hɔ.

5 Na sɛ da a n'agya bɛte no wampene a, ɛnne ne bɔhyɛ nyinaa ne n'ahotua a ɔde tuaa ne kra biribi no rennyina hɔ; na AWURADE de bɛkyɛ no, efisɛ n'agya ampene.

6 Na sɛ ɔyɛ ɔbarima yere, na ne bɔhyɛ anaa nea afi n'anom a ɔde atua ne kra biribi no da no so,

7 na ne kunu te, na da a ɔte no ɔyɛ komm a, ɛnne ne bɔhyɛ no gyina hɔ, na otua a ɔde atua ne kra biribi no gyina hɔ.

8 Na sɛ da a ne kunu te no, wampene a, na wasan ne bɔhyɛ a ɛda no so ne nea efii n'anom a ɔde tuaa ne kra biribi no, na AWURADE de bɛkyɛ no.

9 Na ɔbea kunafo anaa nea wɔako no bɔhyɛ de, ade biara a otua ne kra no da no so.

10 Na sɛ ne kunu fi na ɔhyɛ bɔ anaasɛ ɔde ntam tua ne kra biribi,

11 na ne kunu te, na ɔyɛ komm, na wammara no a, ne bɔhyɛ no nyinaa gyina hɔ, na ade biara a watua ne kra no gyina hɔ.

12 Nanso sɛ ne kunu san no da a ɔtee no a, ɛnne ade biara a afi n'anom a ɔde hyɛɛ bɔ anaasɛ ɔde tuaa ne kra biribi no rennyina hɔ; ne kunu asan, na AWURADE de bɛkyɛ no.

13 Bɔhyɛ nyinaa ne ahotua ntam a wɔde brɛ ɔkra ase nyinaa, ne kunu na ɔmma ennyina hɔ na ne kunu na ɔnsan;

14 na sɛ ne kunu no nka ho hwee daa a, wahyɛ ne bɔhyɛ no nyinaa anaa n'ahotua no nyinaa mu den, efisɛ da a ɔtee no, wanka ho hwee;

15 na sɛ ɔtee no akyi ansa na ɔresan a, ɛnne ɔnsoa ne yere amumɔyɛ.

16 Eyinom ne ahyɛde a AWURADE hyɛɛ Mose sɛ ɛnna ɔbarima ne ne yere ntam, ɛne agya ne ne babea a ɔwɔ ne mmabaabere mu, n'agya fi ntam.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan