4 Mose 3 - KYERƐW KRONKRONLewifo dodow ne wɔn asɛde 1 Na eyinom ne Aaron ne Mose mmusua, da a AWURADE ne Mose kasae, Sinai bepɔw so no. 2 Na eyinom ne Aaron mma din: Nadab a ɔyɛ abakan, ne Abihu, Eleasar ne Itamar. 3 Eyinom ne Aaron mma, asɔfo a wɔsraa wɔn ngo a wɔde hyɛɛ wɔn nsa sɛ wonni asɔfo no din. 4 Na Nadab ne Abihu wuwui, AWURADE anim, sɛ wɔde ananagya bi kɔɔ AWURADE anim, Sinai sare so no, na wɔannya mma; na Eleasar ne Itamar dii asɔfo wɔn agya Aaron anim. 5 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 6 Fa Lewi abusuakuw no bra, na fa wɔn begyina ɔsɔfo Aaron anim, na wɔnsom no, 7 na wɔnyɛ ɔno ne asafo no nyinaa adwuma mma wɔn, ahyiae ntamadan no anim, tenabea no ho som mu, 8 na wɔnhwɛ ahyiae ntamadan no mu nneɛma nyinaa so, nyɛ Israelfo nnwuma mma wɔn, tenabea no ho som mu. 9 Na fa Lewifo no ma Aaron ne ne mma no, wɔde wɔn ama no koraa afi Israelfo mu. 10 Na Aaron ne ne mma no de, yi wɔn si hɔ na wonkura wɔn asɔfodi no mu; na ɔhɔho biara a otwiw bɛn ho no, wonkum no. 11 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 12 Na me de, hwɛ, mafa Lewifo no mafi Israelfo mu masi Israelfo mu mmakan a wobue ɔyafunu ano no nyinaa ananmu, enti Lewifo no ayɛ me dea. 13 Na mmakan nyinaa yɛ me dea; da a mebobɔɔ Misraim asase so mmakan nyinaa no, meyɛɛ Israel mu mmakan nyinaa kronkron mefae, efi onipa so kosi afieboa so; wɔyɛ me dea: Mene AWURADE. 14 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose, Sinai sare so sɛ: 15 Kan Lewi mma no sɛnea wɔn mpanyimfi ne wɔn mmusua te, mmarima a wɔadi ɔsram ne akyiri nyinaa, kan wɔn. 16 Na Mose nam AWURADE asɛm no so kan wɔn sɛnea ɔhyɛɛ no no. 17 Na eyinom ne Lewi mma sɛ wɔn din te: Gerson, Kohat ne Merari. 18 Na eyinom ne Gerson mma din, sɛ wɔn mmusuakuw te: Libni ne Simei. 19 Na Kohat mma sɛ wɔn mmusua te ne: Amram ne Ishar, Hebron ne Usiel. 20 Na Merari mma sɛ wɔn mmusua te ne: Mahli ne Musi. Eyinom ne Lewi mmusua no sɛ wɔn mpanyimfi te. 21 Gerson de ne Libni abusua ne Simei abusua; eyinom ne Gersonfo mmusua no. 22 Wɔn mu wɔn a wɔkan wɔn no, mmarima a wɔadi ɔsram ne akyiri nyinaa, wɔn a wɔkan wɔn no si mpem nsɔn ne ahannum. 23 Na Gersonfo mmusua yi, tenabea no akyi na wɔbɔɔ nsra wɔ atɔe fam. 24 Na Gersonfo agya fi bapɔmma ne Lael ba Eliasaf. 25 Na nea Gerson mma no nhwɛso wɔ, ahyiae ntamadan no, ne tenabea no ne ntamadan no, ne nkataso ne ahyiae ntamadan no ano nkataano no, 26 ne adiwo no ho mmɔhɔɔ no ne adiwo a etwa tenabea no ne afɔremuka no ho hyia no ano nkataano ne ne ntampehama, ntamadan no ho adwuma nyinaa. 27 Na Kohat de ne Amramfo abusua, Iseharfo abusua, Hebronfo abusua ne Usielfo abusua; eyinom ne Kohatfo mmusua no. 28 Mmarima a wɔadi ɔsram ne akyiri no nyinaa dodow si mpemnwɔtwe ne ahansia wɔn na wɔyɛ kronkronbea so ahwɛfo no. 29 Kohat mma no mmusua mmɔ nsra tenabea no nkyɛn, anafo fam. 30 Na Kohatfo mmusua no agya fi bapɔmma ne Usiel ba Elisafan. 31 Na nea wɔnhwɛ ne adaka no ɔpon no, kaneadua no afɔremuka no ne kronkronbea hɔ nneɛma a wɔde som no nyinaa ne mmɔhɔɔ no ne ɛho adwuma nyinaa. 32 Na Lewi mmapɔmma mu panyin ne ɔsɔfo Aaron ba Eleasar, ɔne wɔn a wɔhwɛ kronkronbea no so no mu panyin. 33 Merari de ne Mahli abusua ne Musi abusua; eyinom ne Merari mmusua no. 34 Na wɔn a wɔkan wɔn no, mmarima a wɔadi ɔsram ne akyiri no nyinaa dodow si mpemnsia ne ahanu. 35 Na Merari mmusua no agya fi bapɔmma ne Abihail ba Suriel. Tenabea no nkyɛn na wɔmmɔ wɔn nsra atifi fam. 36 Na Merari mma hwɛ adwuma ne tenabea no ntaaboo ne ne mmeae ne n'adum ne ne nnyinaso ne ɛho nneɛma nyinaa ne ɛho adwuma nyinaa, 37 ne adiwo no ho adum a ehyia ho no ne ne nnyinaso ne ɛho mmofunnua ne ɛho ntampehama so. 38 Na wɔn a wɔmmɔ nsra, ahyiae ntamadan no anim, apuei no, ne Mose ne Aaron ne ne mmammarima a wɔhwɛ kronkronbea no so ma Israelfo no; na ɔhɔho a otwiw bɛn no, wonkum no. 39 Lewifo a wɔkan wɔn a Mose ne Aaron nam AWURADE asɛm so kan wɔn sɛ wɔn mmusua te no, mmarima a wɔadi ɔsram ne akyiri no nyinaa si ɔpeduonu abien. Lewifo gye mmakan 40 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ Kan Israelfo mu mmakan mmarima a wɔadi ɔsram ne akyiri nyinaa, na bu wɔn din dodow ano; 41 na fa Lewifo ma me, mene AWURADE fa si Israelfo mu mmakan nyinaa ananmu, ne Lewifo afieboa, si Israelfo afieboa mmakan nyinaa ananmu. 42 Na Mose kanee Israelfo mu mmakan nyinaa sɛnea AWURADE hyɛɛ no no. 43 Na mmakan mmarima a wɔadi ɔsram ne akyiri no nyinaa din dodow, sɛ wɔn a wɔkan wɔn no te no ano si ɔpeduonu abien ne ahanu aduɔsɔn abiɛsa. 44 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 45 Fa Lewifo si Israelfo mu mmakan nyinaa ananmu ne Lewifo afieboa si wɔn afieboa ananmu, na Lewifo nyɛ me dea: Mene AWURADE. 46 Na Israelfo mmakan mu nnipa ahanu aduɔsɔn abiɛsa a wɔboro Lewifo so no agyede de, 47 gye obiara nnwetɛbona anum, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te na gye, gera aduonu nyɛ dwetɛbona biako; 48 na fa dwetɛ a ɛyɛ wɔn a wɔboro wɔn so no agyede no ma Aaron ne ne mma. 49 Na Mose gyigyee dwetɛ no wɔn a wɔboro wɔn a Lewifo gyee wɔn no so hɔ. 50 Israelfo mmakan hɔ na ogyigyee dwetɛ no, apem ahasa aduosia anum, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te. 51 Na Mose nam AWURADE asɛm so de wɔn a wɔagye wɔn no ti dwetɛ no maa Aaron ne ne mma, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana