Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

4 Mose 28 - KYERƐW KRONKRON


Daadaa afɔrebɔ
( Eksodɔs 29.38-46 )

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Hyɛ Israelfo na ka kyerɛ wɔn sɛ: M'ayɛyɛde, m'aduan a wɔde bɔ ogya afɔre ma eyi hua huamhuam ma me no, monhwɛ na momfa mmrɛ me ne bere a ɛsɛ mu.

3 Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Ogya afɔre a momfa mmrɛ AWURADE ni: Nguanten mma abien a wɔadi afe afe a wodi mu na wɔmfa mmɔ da koro hyew afɔre daa yi.

4 Oguammaa biako na fa bɔ anɔpa, na fa oguammaa biako no bɔ anwummere de.

5 Na fa asikresam olonka abupɛn du mu biako yɛ aduan afɔre a wɔde ngodua aba a wɔasiw ngo susutoa abupɛn anan mu biako afɔtɔw.

6 Ɛyɛ daa ɔhyew afɔre a wɔhyehyɛe Sinai bepɔw so a eyi hua huamhuam a ɛyɛ AWURADE gya afɔre.

7 Na n'ahwiesa susutoa abupɛn anan mu biako nka oguammaa biako ho. Kronkronbea hɔ na hwie nsa a wohwie no ma AWURADE.

8 Na oguammaa a ɔto so abien no, fa bɔ anwummere de, na fa aduan afɔre ne n'ahwiesa ka ho sɛ anɔpa de no ma ɛnyɛ ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma AWURADE.


Homeda afɔre

9 Na homeda de, nguanten mma abien a wɔadi afe afe a wodi mu, ne aduan afɔre asikresam olonka abupɛn du mu abien a wɔde ngo afɔtɔw, ne ɛho ahwiesa:

10 daa homeda hyew afɔre a ɛka daa ɔhyew afɔre ne ɛho ahwiesa no ho ne no.

11 Na mo asram foforo asefi nso, momfa ɔhyew afɔre mmrɛ AWURADE: anantwinini abien ne odwennini biako, nguanten mma ason a wɔadi afe afe a wodi mu.

12 Na aduan afɔre asikresam abupɛn du mu abiɛsa a wɔde ngo afɔtɔw nka nantwinini biara ho, na aduan afɔre asikresam abupɛn du mu abien a wɔde ngo afɔtɔw nka odwennini biako no ho,

13 na aduan afɔre asikresam abupɛn du mu biako a wɔde ngo afɔtɔw nka oguammaa biara ho: ɔhyew afɔre a eyi hua huamhuam a wɔhyew ma AWURADE ne no.

14 Na ɛho ahwiesa, bobesa susutoa fa nka nantwinini biara ho, na susutoa abupɛn abiɛsa mu biako nka odwennini no ho, na susutoa abupɛn anan mu biako nka oguammaa biara ho. Eyi ne ɔsram biara hyew afɔre, afirihyia asram no mu.

15 Na wɔmfa ɔpapo biako nso mmɔ bɔne ho afɔre mma AWURADE nka daa ɔhyew afɔre no ne ɛho ahwiesa no so.


Twam afahyɛ afɔre

16 Na ɔsram a edi kan da a ɛto so dunan no yɛ AWURADE Twam.

17 Na ɔsram no ara da a ɛto so dunum no yɛ dapɔnna, nnanson na wonni apiti abodoo.

18 Da a edi kan no, munhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwuma biara;

19 na momfa ogya afɔre a ɛyɛ ɔhyew afɔre mmrɛ AWURADE: anantwinini abien ne odwennini biako ne nguanten mma ason a wɔadi afe afe; monhwɛ sɛ wodi mu;

20 ne ɛho aduan afɔre: asikresam a wɔde ngo afɔtɔw abupɛn du mu abiɛsa nka nantwinini biako ho, na abupɛn du mu abien nka odwennini no ho,

21 na abupɛn du mu biako nka nguammaa ason no mu biara ho;

22 ne bɔne ho afɔre papo biako a wɔde bɛpata ama mo;

23 monyɛ eyinom nka anɔpa hyew afɔre a ɛyɛ daa ɔhyew afɔre no ha.

24 Saa ara na nnansɔn no mu da biara momfa aduan mmɛbɔ ogya afɔre a eyi hua huamhuam mma AWURADE; wɔnyɛ eyi mpae daa ɔhyew afɔre ne ɛho ahwiesa no so.

25 Na da a ɛto so ason no, munhyia nhyia kronkron; munni adwuma biara.

26 Na sɛ mo adapɛn afahyɛ du a, aduankan da a mode mo aduan foforo afɔre rebrɛ AWURADE no, munhyia nhyia kronkron; munni adwuma biara;

27 na momfa ɔhyew afɔre mmra na enyi hua huamhuam mma AWURADE: anantwinini abien ne odwennini biako ne nguanten mma ason a wɔadi afe afe;

28 ne ɛho aduan afɔre: asikresam a wɔde ngo afɔtɔw abupɛn du mu abiɛsa nka nantwinini biara ho, abupɛn du mu abien nka odwennini no ho,

29 abupɛn du mu biako nka nguammaa ason no mu biara ho;

30 ne ɔpapo biako a wɔde bɛpata ama mo;

31 monyɛ eyi ne ɛho ahwiesa no nka daa ɔhyew afɔre ne ɛho aduan afɔre no so; monhwɛ sɛ wodi mu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan