4 Mose 21 - KYERƐW KRONKRONKɔbere wɔ no 1 Na Arad hene a ɔyɛ Kanaanni a ɔte anafo fam no tee sɛ Israel aba Atarim kwan so no, ɔne Israel bɛkoe, na ɔfaa wɔn mu binom nnommum. 2 Ɛnna Israel hyɛɛ AWURADE bɔ sɛ: Sɛ wode ɔman yi hyɛ yɛn nsa a, yɛbɛsɛe wɔn nkurow pasaa. 3 Na AWURADE tiee Israel nne, na ɔde Kanaanfo no mae, na wɔsɛee wɔn ne wɔn nkurow pasaa, na wɔfrɛɛ hɔ sɛ Horma . 4 Na wotu fii Hor bepɔw ho faa mmɛw po kwan so sɛ wɔretwa Edom asase ho kontonkron akɔ. Na ɔman no ahome tew wɔn pii ɔkwan no so. 5 Na ɔman no kasa tiaa Onyankopɔn ne Mose sɛ ɛdɛn nti na muyii yɛn fii Misraim sɛ yemmewuwu sare so? Aduan biara nni hɔ, nsu nso nni hɔ, na aduan hunu yi afono yɛn. 6 Ɛnna AWURADE somaa awɔ a wɔn ano wɔ bɔre baa ɔman no mu bɛkekaa ɔman no, na Israel mu nnipa pii wuwui. 7 Ɛnna ɔman no baa Mose nkyɛn bɛkae sɛ: Yɛayɛ bɔne sɛ yɛkasa tiaa AWURADE ne wo; pa AWURADE kyɛw na ommeyi awɔ no mfi yɛn so. Na Mose paa kyɛw maa ɔman no. 8 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Yɛ ɔwɔ a n'ano wɔ bɔre nsɛso, na fa no sɛn frankaa dua so; na obiara a ebi aka no no, sɛ ɔhwɛ a, obenya nkwa. 9 Na Mose yɛɛ kɔbere wɔ no, na ɔde no sɛn frankaa dua no so; na sɛ ɔwɔ ka obi, na ɔhwɛ kɔbere wɔ no a, na wanya nkwa. Israelfo toa wɔn akwantu no so 10 Na Israelfo no tu kɔbɔɔ nsra wɔ Obot. 11 Na wotu fii Obot kɔbɔɔ nsra Iye-haabarim, sare a ɛwɔ Moab anim, owia puebea no so. 12 Ɛhɔ na wofi tu kɔbɔɔ nsra wɔ Sared subon mu. 13 Ɛhɔ na wofi tu kɔbɔɔ nsra wɔ asubɔnten Arnon a ɛsen sare so a efi Amori hye so no agya, efisɛ Arnon ne ɔhye a ɛda Moab ne Amori ntam. 14 Enti wɔka AWURADE akodi nhoma no mu sɛ: Wɔnam ahuntu so faa Waheb ne Arnon nsubon no, 15 ne nea nsubon no sensen a ɛdan kɔ Ar tenabea na etweri Moab hye ho no. 16 Ɛhɔ na wofi kɔɔ Beer, asubura a AWURADE kaa ho asɛm kyerɛɛ Mose sɛ: Boa ɔman no ano na mɛma wɔn nsu anom, no. 17 Ɛbere no mu na Israel too dwom yi sɛ Asubura, tue! Munnye no so! 18 Asubura a atitiriw tui na ɔman mu mmapɔmma fumfunui, wɔde ahempoma ne wɔn mpoma. Na wofi sare so kɔɔ Matana; 19 na wofi Matana kɔɔ Nahaliel, na wofi Nahaliel kɔɔ Bamot; 20 na wofi Bamot kɔɔ obon a ɛwɔ Moab petee mu, Pisga atifi a ɛkyerɛ sare pradada so no mu. Wodi Sihon ne Og so nkonim 21 Na Israel somaa abɔfo kɔɔ Amorifo hene Sihon nkyɛn se: 22 Ma memfa w'asase so; yɛremman mfuw mu ne nturo mu, yɛrennom abura mu nsu bi; ɔhene tempɔn so na yɛbɛnantew akosi sɛ yebetwam w'asase so. 23 Nanso Sihon amma Israel antwam n'asase so; na ɔboaa ne man nyinaa ano fi behyiaa Israel, sare so, na ɔbaa Yahas ne Israel bɛkoe. 24 Na Israel kum no nkrante ano faa n'asase fi Arnon kɔɔ Yabok so koduu Amonfo ho, efisɛ Amonfo no hye so hɔ yɛ den. 25 Na Israel faa nkurow yi nyinaa, na Israel tenaa Amorifo nkurow no nyinaa mu, Hesbon ne ɛho nkurow nyinaa mu; 26 na Hesbon ne Amorifo hene Sihon kurow, ɔno na ɔne kan Moab hene koe, na ogyee ne nsam nsaase nyinaa kosii Arnon ano. 27 Ɛno nti na mmebufo no ka sɛ: Mommra Hesbon! Momma wɔnkyekye na wonsiesie Sihon kurow no. 28 Na ogya bi fii Hesbon, ogyaframa fii Sihon kuro kɛse mu; ɛhyew Moab kurow Ar, Arnon sorɔnsorɔmmea so awuranom no. 29 Wo Moab, due! Kemos man, moayera! Wama ne mmammarima aguanguan, na ne mmabea adan Amorifo hene Sihon nnommum. 30 Na yɛabɔ wɔn agu, Hesbon ayera akodu Dibon; yɛasɛe wɔn akɔfa Memfis de akodu Medeba. 31 Na Israelfo no tenaa Amorifo asase so. 32 Na Mose soma kɔsraa Yaser, na wɔfaa ne nkurowa, na otuu Amorifo a wɔwɔ hɔ no. 33 Na wɔdan wɔn ho foro kɔɔ Basan kwan so. Na Basan hene Og fii adi behyiaa wɔn, ɔno ne ne man nyinaa, sɛ wɔrebɛko wɔ Edrei. 34 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Nsuro no, na mede no ne ne man nyinaa ne n'asase mahyɛ wo nsam, na woayɛ no sɛnea woyɛɛ Amorifo hene Sihon a ɔtenaa Hesbon no. 35 Na wokunkum no ne ne mma ne ne man nyinaa a obiara antumi anguan, na wɔfaa asase no dii so. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana