4 Mose 2 - KYERƐW KRONKRONMmusuakuw no nsrabɔ nhyehyɛe 1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 2 Israelfo no mmobɔ nsra wɔn mu biara wɔ n'ankasa frankaa ho, ɛne wɔn mpanyimfi nsɛnkyerɛnne; ahyiae ntamadan no ntentenso na wɔmmɔ nsra no nhyia. 3 Wɔn a wɔmmɔ nsra apuei fam, no ne: Yuda nsra frankaa no ase nnipa, sɛ wɔn dɔm te. Yuda mma no safohempanyin ne Aminadab ba Nahasɔn, 4 na ne dɔm a wɔkan wɔn no, yɛ ɔpeduɔsɔn anan ne ahansia. 5 Na wɔn a wɔmmɔ nsra ntoa no so ne: Isakar abusuakuw. Isakar mma no safohempanyin ne Suar ba Netanel, 6 na ne dɔm a wɔkan wɔn no, ɔpeduonum anan ne ahannan. 7 Sebulon abusuakuw na ɛntoa so. Sebulon mma no safohempanyin ne Helon ba Eliab, 8 na ne dɔm a wɔkan wɔn no, ɔpeduonum ason ne ahanan. 9 Wɔn a wɔkan wɔn maa Yuda nsra no nyinaa si ɔpehaduɔwɔtwe asia ne ahanan, sɛ wɔn dɔm ahorow no te; wɔn na wontu kan. 10 Ruben nsra frankaa ase nnipa, sɛ wɔn dɔm ahorow no te. Ruben mma safohempanyin Sedeur ba Elisur, 11 na ne dɔm a wɔkan wɔn no, ɔpeduanan asia ne ahanum. 12 Na wɔn a wɔmmɔ nsra ntoa no so ne Simeon abusuakuw. Simeon mma no safohempanyin Surisadai ba Selumiel, 13 na ne dɔm a wɔkan wɔn no yɛ, ɔpeduonum akron ne ahasa. 14 Na Gad abusuakuw na ɛntoa so Gad mma safohempanyin Reuel ba Eliasaf, 15 na ne dɔm a wɔkan wɔn, ɔpeduanan anum ne ahansia aduonum. 16 Wɔn a wɔkan wɔn maa Ruben nsra no nyinaa si ɔpeha ne ɔpeduonum biako ne ahanan aduonum, sɛ wɔn dɔm ahorow no te. Na wɔn na wɔnto so abien ntu. 17 Afei ahyiae ntamadan no ne Lewifo nsra no ntu nni nsra horow no ntam. Sɛnea wɔbɔ nsra no, saa ara na wontu, wɔn nyinaa wɔ wɔn dibea sɛ wɔn afrankaa no te. 18 Efraim nsra frankaa nni atɔe fam, sɛ wɔn dɔm ahorow no te. Efraim mma safohempanyin Amihud ba Elisama, 19 na ne dɔm a wɔkan wɔn no, ɔpeduanan ahannum. 20 Na Manase abusuakuw ntoa so. Manase mma safohempanyin ne Pedahsur ba Gamaliel, 21 na ne dɔm a wɔkan wɔn no, ɔpeduasa abien ne ahanu. 22 Na Benyamin abusuakuw na ɛntoa so. Benyamin mma safohempanyin Gideoni ba Abidan, 23 na ne dɔm a wɔkan wɔn no, ɔpeduasa anum ne ahanan. 24 Wɔn a wɔkan wɔn maa Efraim nsra no nyinaa si nnipa ɔpeha ne awotwe ne ɔha, sɛ wɔn dɔm ahorow no te; na wɔn na wɔnto so abiɛsa ntu. 25 Dan nsra frankaa nni atifi fam, sɛ wɔn dɔm ahorow no te. Na Dan mma safohempanyin Amisadai ba Ahieser, 26 na ne dɔm a wɔkan wɔn no, ɔpeduosia abien ne ahansɔn. 27 Na wɔn a wɔmmɔ nsra ntoa no so ne Aser abusuakuw. Aser mma no safohempanyin Okran ba Pagiel 28 na ne dɔm a wɔkan wɔn no, ɔpeduanan biako ne ahanum. 29 Na Naftali abusuakuw na ɛntoa so. Naftali mma safohempanyin Enan ba Ahira, 30 na ne dɔm a wɔkan wɔn no, ɔpeduonum abiɛsa ne ahanan. 31 Wɔn a wɔkan wɔn maa Dan nsra no nyinaa si ɔpeha ne ɔpeduonum ason ne ahansia; wɔn na wonni akyiri ntu sɛ wɔn afrankaa no te. 32 Eyinom ne Israelfo a wɔkan wɔn, sɛ wɔn mpanyimfi te; nsra ahorow no mu wɔn a wɔkan wɔn nyinaa, sɛ wɔn dɔm ahorow no te, si ɔpehansia ne abiɛsa ne ahanum aduonum. 33 Na Lewifo no de, wɔankan wɔn amfra Israelfo no, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no. 34 Na Israelfo no yɛe, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa. Wɔbɔɔ nsra, sɛ wɔn afrankaa no te, na saa nso na wotui, wɔn nyinaa sɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanyimfi te no. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana