Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

4 Mose 17 - KYERƐW KRONKRON


Aaron poma fefɛw

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Kasa kyerɛ Israelfo no, na gyigye wɔn hɔ wɔn mpanyimfi so mpoma mmiako mmiako, mmapɔmma no nyinaa hɔ mpoma dumien, sɛ wɔn mpanyimfi te no, na kyerɛkyerɛw wɔn din hyehyɛ wɔn mpoma no so;

3 Aaron din na kyerɛw hyɛ Lewi poma so; efisɛ poma biara yɛ mpanyimfi biara so otitiriw no de.

4 Na gyaw gu ahyiae ntamadan no mu, Adanse no anim, nea me ne mo hyia hɔ no.

5 Na ɔbarima a meyi no no poma bɛfefɛw, na mama me ho anwiinwii a Israelfo nwiinwii hyɛ mo no agyae.

6 Na Mose kasa kyerɛɛ Israelfo no; na wɔn mmapɔmma no nyinaa momaa no mpoma mmiako mmiako; mpoma dumien, sɛ wɔn mpanyimfi te no; na Aaron poma wɔ wɔn mpoma no mu.

7 Na Mose gyaw mpoma no guu AWURADE anim, adanse ntamadan no mu.

8 Na ade kyee a Mose kɔɔ adanse ntamadan no mu no, na hwɛ, Aaron poma a ɛyɛ Lewi fi de no afefɛw ayɛ frɔmfrɔm agu nhwiren na asow amandola aba abere.

9 Na Mose tasee mpoma no nyinaa de fi AWURADE anim fii adi brɛɛ Israelfo no nyinaa, na wɔhwɛe, na wɔn mu biara faa ne poma.

10 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Fa Aaron poma no san bra Adanse no anim na wɔmfa nsie, na ɛnyɛ sɛnkyerɛnne mma asoɔdenfo no, na woatwa wɔn anwiinwii a wonwiinwii hyɛ me no to, na wɔanwuwu.

11 Na Mose yɛɛ sa. Sɛnea AWURADE hyɛɛ no no, saa ara na ɔyɛe.

12 Na Israelfo no ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, yɛrewuwu, yɛresɛe, yɛn nyinaa resɛe!

13 Obiara a ɔbɛn AWURADE tenabea no wu: so yɛn nyinaa nwie sa?

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan