3 Yohane 1 - KYERƐW KRONKRONNkyia ne ayeyi 1 Me, ɔpanyin no, kyerɛw kɔma ɔdɔfo Gaio a medɔ no nokware mu no. 2 Ɔdɔfo, miyi mpae sɛ, ade nyinaa mu, ensi wo yiye, na nya ahoɔden, sɛnea asi wo kra yiye. 3 Bere a anuanom bi bae, na wobedii wo nokware ho adanse sɛnea wonam nokware mu no, m’ani gyei sɛ. 4 Minni anigye a ɛsen eyi, sɛ mete sɛ me mma nam nokware mu. 5 Ɔdɔfo, nea woyɛ ma anuanom a wɔyɛ ahɔho no, ne kwan so ara nen. 6 Wɔn nso adi wo dɔ no ho adanse asafo no anim. Na wugya wɔn kwan sɛnea ɛsɛ, Onyankopɔn anim a na wayɛ no yiye. 7 Na ne din nti na wɔnam, na wɔannye amanaman no hɔ biribiara. 8 Enti na ɛsɛ yɛn sɛ yegye saa nkurɔfo no, na yɛayɛ yɔnko adwumayɛfo ama nokware no. Diotrefe ne Demetrio 9 Mekyerɛw mekɔmaa asafo no. Na Diotrefe a ɔpɛ wɔn mu panyin adi no nnye yɛn ara. 10 Eyi nti, sɛ meba a, mɛkae ne nnwuma a ɔyɛ no, sɛ ɔkeka yɛn ho nsɛmmɔne, na eyi mpo annɔɔ no so, na n’ankasa nnye anuanom no ntom, na osiw wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ saa no kwan, na otu wɔn fi asafo no mu. 11 Ɔdɔfo, nhwɛ bɔne nsua, na mmom hwɛ papa sua. Nea ɔyɛ papa no fi Nyankopɔn mu, na nea ɔyɛ bɔne no nhuu Nyankopɔn. 12 Demetrio de, wɔn nyinaa di ne ho adanse, wɔ nokware mu, na yɛn nso yedi ne ho adanse, na wunim sɛ yɛn adanse yɛ nokware. Awiei 13 Anka mewɔ nsɛm pii mekyerɛw, nanso mempɛ sɛ mede adubiri ne kyerɛwdua kyerɛw brɛ wo. 14 Na m’ani da so sɛ mehu wo ntɛm na yɛde ano ne ano akasa. 15 Asomdwoe nka wo. Nnamfonom kyiakyia wo. Bobɔ nnamfonom no din mmiako mmiako kyia wɔn. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana