Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

3 Mose 8 - KYERƐW KRONKRON


Mose hyɛ Aaron ne ne mma asɔfo

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Fa Aaron ne ne mma ka ne ho, ne ntade no, ne ɔsra ngo no, ne bɔne ho afɔre nantwinini no ne adwennini abien no ne apiti kɛntɛn no.

3 Na ma asafo no nyinaa mmɔ gua, ahyiae ntamadan no ano.

4 Na Mose yɛe sɛnea AWURADE hyɛɛ no no, na ɔmaa asafo no bɔɔ gua, ahyiae ntamadan no ano.

5 Na Mose ka kyerɛɛ asafo no sɛ: Eyi ne ade a AWURADE ahyɛ sɛ wɔnyɛ.

6 Na Mose ne Aaron ne ne mma no bae, na ɔde nsu hohoroo wɔn ho;

7 na ɔde atade yuu no hyɛɛ no, na ɔde abɔmu no bɔɔ n'asen, na ɔde batakari no hyɛɛ no, na ɔde asɔfotade no hyɛɛ no, na ɔde asɔfotade no nkyekyeremu no bɔɔ no so;

8 na ɔde adɛbo no hyehyɛɛ no, na ɔde Urim ne Tumim no hyɛɛ adɛbo no mu;

9 na ɔde abotiten no bɔɔ ne ti, na ɔde sikatɛre no, kronkronyɛ ahyehyɛde no, fam abotiten no anim, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no.

10 Na Mose faa ɔsra ngo no de sraa tenabea no ne nea ɛwɔ mu nyinaa, na ɔyɛɛ no kronkron;

11 na ɔde bi petee afɔremuka no so mpɛn asɔn, na ɔsraa afɔremuka no ne ɛho nneɛma nyinaa ne asankasɔn no ne ne ntaase no ngo de yɛɛ no kronkron.

12 Na ohwiee ɔsra ngo no bi guu Aaron atifi sraa no ngo de yɛɛ no kronkron.

13 Na Mose de Aaron mma no nso bae, na ɔhyehyɛɛ wɔn ntade, na ɔde abotiri bobɔɔ wɔn, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no.

14 Na ɔma wɔde bɔne ho afɔre nantwinini no bae, na Aaron ne ne mma no de wɔn nsa guu bɔne ho afɔre nantwinini no atifi.

15 Na okum no, na Mose de ne nsatea kaa mogya no bi kekaa afɔremuka no mmɛn ho hyiae, na oyii afɔremuka no ho bɔne, na ohwiee mogya no petee afɔremuka no ase de dwirae sɛ ɔde repata so.

16 Na ɔfaa srade a ɛwɔ ayamde no ho nyinaa, ne mmerɛbo so ntontan no, ne asaabo abien no ne ɛho srade, na Mose hyewee wɔ afɔremuka no so.

17 Na nantwinini no ankasa ne ne nhoma ne ne nam ne ne bin no, ɔde ogya hyewee, nsra no akyi, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no.

18 Na ɔde ɔhyew afɔre dwennini no bae, na Aaron ne ne mma de wɔn nsa guu odwennini no atifi.

19 Na okum no, na Mose hwiee mogya no petee afɔremuka no so hyiae,

20 na otwitwaa odwennini no mu asinasin, na Mose too tiri no ne asinasin no ne awongua no mu gya;

21 na n'ayamde ne ne nnyawa no, ɔde nsu hohoroo ho; na Mose too odwennini mu no nyinaa mu gya, afɔremuka no so, ɔhyew afɔre a eyi hua huamhuam ne no, AWURADE gya afɔre ne no, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no.

22 Na ɔde odwennini a ɔto so abien no, nsamhyɛ afɔre dwennini no bae, na Aaron ne ne mma no de wɔn nsa guu odwennini no atifi.

23 Na okum no, na Mose faa ne mogya no bi de kaa Aaron aso nifa ano ne ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti ano.

24 Na ɔde Aaron mma no bae, na Mose de mogya no bi kekaa wɔn aso nifa ano ne wɔn nsa nifa kokurobeti ne wɔn nan nifa kokurobeti ano; na Mose hwiee mogya no petee afɔremuka no so hyiae.

25 Na ɔfaa srade no ne sradedua no ne srade a ɛwɔ ayamde no ho nyinaa ne mmerɛbo so ntontan no ne asaabo abien no ne ɛho srade ne ɔsrɛ nifa no,

26 na ɔfaa apiti kɛntɛn a esi AWURADE anim no mu apiti tetare biako ne ngo abodoo tetare biako ne ɔfam biako de guu srade no ne ɔsrɛ nifa no so,

27 na ɔde ne nyinaa hyɛɛ Aaron ne ne mma no nsa, na ohim yɛɛ ohim afɔre, AWURADE anim.

28 Na Mose gyee wɔn nsam, na ɔtoo mu gya wɔ afɔremuka no so wɔ ɔhyew afɔre no so de yɛɛ nsamhyɛ afɔre a eyi hua huamhuam: ɛyɛ ogya afɔre a wɔbɔ maa AWURADE.

29 Na Mose faa nsamhyɛ afɔre dwennini no yan no, na ohim yɛɛ ohim afɔre, AWURADE anim; ɛyɛɛ Mose dea, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no.

30 Na Mose faa ɔsra ngo no bi ne afɔremuka no so mogya no bi de petee Aaron ne ne ntade ne ne mma ne ne mma ntade nyinaa so de dwiraa Aaron ne ne ntade ne ne mma ne ne mma ntade no.

31 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mma no sɛ: Monnoa nam no ahyiae ntamadan no ano, na munni no hɔ ara, ɛne nsamhyɛ afɔre kɛntɛn no mu abodoo no, sɛnea mehyɛe sɛ Aaron ne ne mma nni no.

32 Na nam ne abodoo no mu nea ɛbɛka no, momfa ogya nhyew.

33 Na mummfi ahyiae ntamadan no ano nnansɔn, nkosi da a mo nsamhyɛ nna no bewie du, efisɛ nnansɔn na wɔde rehyɛ mo asɔfo.

34 Sɛnea wɔreyɛ nnɛ da yi no, AWURADE na ɔhyɛe sɛ wɔnyɛ mfa mpata mma mo.

35 Na montena ahyiae ntamadan no ano awia ne anadwo nnansɔn, na monwɛn sɛnea AWURADE ahyɛ no, na moanwuwu; na saa na wɔahyɛ me.

36 Na Aaron ne ne mma no dii nsɛm a AWURADE nam Mose so hyɛe no nyinaa so.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan