Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

3 Mose 5 - KYERƐW KRONKRON


Bɔne ahorow ho afɔrebɔ

1 Na sɛ obi yɛ bɔne sɛ wato ntanka bi na ɔne ɛho dansefo, sɛ ohui oo, ɔtee oo, na wanka a, ɔbɛsoa ne mmusu;

2 anaasɛ sɛ obi ka afide biara, sɛ aboa bi a ne ho ntew funu, anaa afieboa bi a ne ho ntew funu, anaa aboaa bi a ne ho ntew funu, na onnim mpo a, ne ho agu fi, na odi so;

3 anaasɛ sɛ ɔka onipa ho fi bi, na sɛ afide a ama onii ko ho agu fi no te dɛn ara, na onnim mpo a, sɛ akyi no ohu a, odi so.

4 Sɛ asɛnhunu fi onipa anom anaasɛ ɔka ntam sɛ ɔbɛyɛ bɔne anaa papa bi, na onnim mpo a, sɛ akyi no n'ani ba ne ho so a, odi ade yi mu biara ho so;

5 na afei, sɛ odi ade yi mu biara ho so a, ɔnka nea wayɛ mu bɔne no,

6 na ne bɔne a wayɛ no nti, ɔmfa n'asodi ho afɔre mmrɛ AWURADE, nguan mu ɔbere, oguanten anaa abirekyi, na ɛnyɛ bɔne ho afɔre, na ɔsɔfo no mpata mma no wɔ ne bɔne no ho.

7 Na sɛ ne nsa anso oguan so a, ɔmfa nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien mmrɛ AWURADE mmɛyɛ bɔne a wayɛ no mu asodi ho afɔre; biako nyɛ bɔne ho afɔre, na biako nyɛ ɔhyew afɔre.

8 Na ɔmfa mmrɛ ɔsɔfo no, na ɔmfa nea ɛyɛ bɔne ho afɔre no kan, na onkyim ne ti, nanso ɔnntew mmfi so;

9 na ɔmfa bɔne ho afɔre no mogya no bi mpete afɔremuka no ho, na mogya no nkae no, ɔmfa ngu ɔhyew afɔremuka no ase: bɔne ho afɔre ne no.

10 Na nea ɔto so abien no, ɔmfa no mmɔ ɔhyew afɔre, sɛnea ne yɛbea te. Na ɔsɔfo no mpata mma no wɔ ne bɔne a wayɛ no ho, na wɔde bɛkyɛ no.

11 Na sɛ ne nsa anso nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien so a, nea ɔmfa nyɛ ne bɔne a ɔyɛe ho ayɛyɛde ne asikresam olonka abupɛn du mu biako, na ɛnyɛ bɔne ho afɔre; ɔmmfa ngo nngu so, na ɔmmfa ohuamfufu nnto so, efisɛ ɛyɛ bɔne ho afɔre.

12 Na ɔmfa mmrɛ ɔsɔfo no, na ɔsɔfo no mfa mu nsa ma nyɛ nkae ade, na ɔnhyew wɔ afɔremuka no so, sɛnea AWURADE gya afɔrebɔ te no; bɔne ho afɔre ne no.

13 Na ɔsɔfo no mpata mma no, ne bɔne a wayɛ nneɛma yi biara mu no ho, na wɔde befiri no; na nkae no nyɛ ɔsɔfo no de, sɛ aduan afɔre.


Asodi ho afɔre

14 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

15 Sɛ obi anhyɛ da na ɔyɛ bɔne a ɛyɛ kusumdi AWURADE akronkronne ho a, ɛnne n'asodi afɔre a ɔmfa mmrɛ AWURADE ne odwennini a odi mu, sɛnea wobɛbɔ ne bo, dwetɛ nnwetɛbona mu, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te; na ɛnyɛ asodi ho afɔre.

16 Na nea wayɛ ho bɔne, akronkronne mu no, onsi ananmu, na ɔmfa mu abupɛn anum mu biako mpae so, na ɔmfa mmrɛ ɔsɔfo no, na ɔsɔfo no mfa asodi ho afɔre dwennini no mpata mma no, na wɔde bɛkyɛ no.

17 Na sɛ obi yɛ bɔne wɔ nneɛma a AWURADE ahyɛ sɛ wɔnnyɛ no mu ade biako a, sɛ wanhu mpo a, odi so na ɔso ne mmusu;

18 na ɔmfa odwennini a odi mu mmrɛ ɔsɔfo no, sɛnea wɔbɛbɔ ne bo, na ɛnyɛ asodi ho afɔre; na ɔsɔfo no mpata mma no, ɔfom a wafom na wanhu no ho, na wɔde bɛkyɛ no.

19 Asodi ho afɔre ne no; AWURADE ho so na wadi.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan