3 Mose 4 - KYERƐW KRONKRONBɔne ho afɔre 1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 2 Kasa kyerɛ Israelfo sɛ: Sɛ obi anhyɛ da na ɔyɛ nneɛma a AWURADE ahyɛ sɛ wɔnnyɛ no mu biara no, na ɔkɔyɛ emu biara a, 3 sɛ nso ɛyɛ ɔsɔfo a wɔasra no (ɔsɔfopanyin) yɛ bɔne ma ɔman no di so a, ɛnne ne bɔne a ɔyɛe nti ma ɔmfa nantwi ba onini a odi mu mmrɛ AWURADE mmɛbɔ bɔne ho afɔre. 4 Na ɔmfa nantwinini no mmra ahyiae ntamadan no ano, na ɔmfa ne nsa nto n'atifi, na onkum no, AWURADE anim. 5 Na ɔsɔfo a wɔasra no no mfa nantwi no mogya no bi nkɔ ahyiae ntamadan no mu, 6 na ɔsɔfo no mfa ne nsatea mmɔ mogya no mu, na ɔmpete mogya no bi mpɛn asɔn, AWURADE anim, kronkronbea ntwamu mmɔhɔɔ no anim. 7 Na ɔsɔfo no mfa mogya no bi nkeka aduhuamhyew muka a ɛwɔ AWURADE anim, ahyiae ntamadan mu no mmɛn ho, na onhwie nantwi no mogya nyinaa ngu ɔhyew afɔremuka a ɛwɔ ahyiae ntamadan ano no ase. 8 Na onyi bɔne ho afɔre nantwi no srade nyinaa mfi ne ho: srade a ɛkata ayamde no so ne ayamde no ho srade nyinaa, 9 ne asaabo abien no ne srade a ɛwɔ so, sisia mu no, ne mmerɛbo so ntontan no; omfi asaabo ho nyi, 10 sɛnea woyi fi asomdwoe afɔre nantwi ho no; na ɔsɔfo no nhyew wɔ ɔhyew afɔremuka no so. 11 Na ɔmfa nantwinini no nhoma ne ne nam nyinaa ne ne ti ne ne nnyawa ne n'ayamde ne ne n'agyanan no, 12 nantwinini mu no nyinaa, mfi nkɔ nsra no akyi, nea ɛhɔ tew, nea wohwie nso gu, na ɔmfa ogya nhyew wɔ mmabaa so; nea wohwie nso gu na wɔnhyew. Ɔman mu no 13 Na sɛ Israel asafo nyinaa fom, na asɛm no ahintaw ɔman no, na wɔyɛ nneɛma a AWURADE ahyɛ sɛ wɔnnyɛ no mu bi, na wodi so, 14 na wohu bɔne a wɔayɛ de afom no a, ɛnne asafo no mfa nantwi ba onini mmra mmɛbɔ bɔne ho afɔre, na wɔmfa no mmra ahyiae ntamadan no ano. 15 Na asafo no mu mpanyimfo mfa wɔn nsa ngu nantwinini no atifi, na wonkum nantwi no, AWURADE anim. 16 Na ɔsɔfo a wɔasra no no mfa nantwinini no mogya no bi nhyɛn ahyiae ntamadan no mu, 17 na ɔsɔfo no mfa ne nsatea mmɔ mogya no mu mfa mpete mpɛn asɔn, AWURADE anim, ntwamu mmɔhɔɔ no anim, 18 na ɔmfa mogya no bi nkeka afɔremuka a esi AWURADE anim, ahyiae ntamadan no mu no mmɛn ho, na onhwie mogya no nyinaa ngu ɔhyew afɔremuka a esi ahyiae ntamadan ano no ase. 19 Na onyi ne srade nyinaa mfi so, na ɔnhyew wɔ ɔhyew afɔremuka no so. 20 Na sɛnea ɔyɛɛ bɔne ho afɔre nantwinini no, saa ara na ɔnyɛ eyi nso; na ɔsɔfo no mpata mma wɔn, na wɔde bɛkyɛ wɔn. 21 Na ɔmfa nantwinini no mfi nkɔ nsra no akyi, na ɔnhyew no sɛnea wɔhyew kan nantwinini no, asafo no bɔne ho afɔre ne no. Ɔman no mu atitiriw 22 Sɛ otitiriw bi anhyɛ da na ɔyɛ nneɛma a AWURADE ne Nyankopɔn ahyɛ sɛ wɔnnyɛ no nyinaa mu ade biako, na odi so, na sɛ wɔma ohu ne bɔne a wayɛ no a, 23 ɛnne ɔmfa n'ayɛyɛde a ɛyɛ ɔpapo a odi mu mmra; 24 na ɔmfa ne nsa nto ɔpapo no atifi, na onkum no nea wokum ɔhyew afɔre no wɔ AWURADE anim: bɔne ho afɔre nen. 25 Na ɔsɔfo no mfa ne nsatea mfa bɔne ho afɔre no mogya no bi nkeka ɔhyew afɔremuka no mmɛn ho, na onhwie ne mogya no ngu ɔhyew afɔremuka no ase. 26 Na ɔnhyew ne srade nyinaa wɔ ɔhyew afɔremuka no so sɛ asomdwoe afɔre srade no; na ɔsɔfo no mpata mma no, ne bɔne no ho, na wɔde bɛkyɛ no. Ɔmanfo no 27 Na sɛ asase no so nkurɔfo no mu biara anhyɛ da na ɔyɛ nneɛma a AWURADE ahyɛ sɛ wɔnnyɛ no mu ade biako, na odi so, na sɛ wɔma ohu ne bɔne a wayɛ a, 28 ɛnne, ne bɔne a wayɛ no nti, ɔmfa n'ayɛyɛde, abirekyibere a odi mu mmra mmɛma; 29 na ɔmfa ne nsa nto bɔne ho afɔre no atifi, na onkum bɔne ho afɔre no, nea wokum ɔhyew afɔre hɔ. 30 Na ɔsɔfo no mfa ne nsatea nka mogya no bi nkeka ɔhyew afɔremuka no mmɛn ho, na onhwie ne mogya nyinaa ngu ɔhyew afɔremuka no ase. 31 Na onyi ɛho srade sɛnea woyi asomdwoe afɔre de no, na ɔsɔfo no nhyew wɔ ɔhyew afɔremuka no so, na enyi hua huamhuam mma AWURADE; na ɔsɔfo no mpata mma no, na wɔde bɛkyɛ no. 32 Na sɛ ɔde oguammaa bɛyɛ n'ayɛyɛde aba abɛbɔ bɔne ho afɔre a, ɔmfa ɔbere a odi mu mmra; 33 na ɔmfa ne nsa nto bɔne ho afɔre no atifi, na onkum no nyɛ bɔne ho afɔre, nea wokum ɔhyew afɔre hɔ. 34 Na ɔsɔfo no mfa ne nsatea nka bɔne ho afɔre no mogya no bi nkeka ɔhyew afɔremuka no mmɛn ho, na onhwie mogya no nyinaa ngu afɔremuka no ase. 35 Na onyi ne srade nyinaa, sɛnea woyi asomdwoe afɔre guammaa ho srade no, na ɔsɔfo no nhyew wɔ afɔremuka no so, sɛnea AWURADE gya afɔrebɔ te no; na ɔsɔfo no mpata mma no, ne bɔne a wayɛ no ho, na wɔde bɛkyɛ no. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana