3 Mose 3 - KYERƐW KRONKRONAsomdwoe afɔrebɔ 1 Na sɛ obi ayɛyɛde yɛ asomdwoe afɔre, na anantwi no bi na ɔde reba a, onini oo, ɔbere oo, nea odi mu na ɔmfa no mmra AWURADE anim. 2 Na ɔmfa ne nsa nto n'ayɛyɛde no atifi, na onkum no, ahyiae ntamadan no ano, na Aaron mma no, asɔfo no, mfa mogya no mpete afɔremuka no so nhyia. 3 Na onyi asomdwoe afɔre no bi mmra mmɛyɛ AWURADE gya afɔre: srade a ɛkata ayamde no so no ne ayamde no ho srade nyinaa, 4 ne asaabo abien no ne srade a ɛwɔ ho, sisia mu no, ne mmerɛbo so ntontan no; omfi asaabo ho nyi. 5 Na Aaron mma no nhyew, afɔremuka no so, mpae ɔhyew afɔre a egu ogya no so no, na ɛnyɛ ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma AWURADE. 6 Na sɛ n'ayɛyɛde a ɔde rebɛbɔ asomdwoe afɔre ama AWURADE no yɛ nguan no bi a, onini oo, ɔbere oo, nea odi mu na ɔmfa mmra. 7 Sɛ n'ayɛyɛde no yɛ oguammaa na ɔde reba a, ɔmfa mmra AWURADE anim; 8 na ɔmfa ne nsa nto n'ayɛyɛde no atifi, na onkum no ahyiae ntamadan no ano, na Aaron mma no mfa ne mogya mpete afɔremuka no so nhyia. 9 Na onyi asomdwoe afɔre no bi mmra mmɛbɔ ogya afɔre mma AWURADE: ne srade ne ne sradedua mu a ontwa no pidua so pa ara ne srade a ɛkata ayamde no so ne ayamde no ho srade nyinaa, 10 ne asaabo abien no ne srade a ɛwɔ ho, sisia mu no, ne mmerɛbo so ntontan no; omfi asaabo ho nyi. 11 Na ɔsɔfo no nhyew wɔ afɔremuka no so: ɛyɛ aduan afɔre a wɔbɔ no gya so ma AWURADE. 12 Na sɛ n'ayɛyɛde no yɛ abirekyi a, ɔmfa mmra AWURADE anim; 13 na ɔmfa ne nsa nto n'atifi, na onkum no, ahyiae ntamadan no ano, na Aaron mma no mfa ne mogya mpete afɔremuka no so nhyia. 14 Na onyi bi mmra mmɛyɛ n'ayɛyɛde, AWURADE gya afɔre: srade a ɛkata ayamde so no ne ayamde ho srade nyinaa; 15 ne asaabo abien no, ne srade a ɛwɔ ho, sisia mu no, ne mmerɛbo so ntontan no; omfi asaabo ho nyi. 16 Na ɔsɔfo no nhyew wɔ afɔremuka no so, ɛyɛ ogya afɔreduan a eyi hua huamhuam; srade no nyinaa yɛ AWURADE dea. 17 Ɛnyɛ daa ahyɛde, mo awo ntoatoaso nyinaa mu ne mo tenabea nyinaa sɛ munnni srade anaa mogya biara. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana