3 Mose 24 - KYERƐW KRONKRONNkanea no ngo 1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 2 Hyɛ Israelfo no ma wɔmmrɛ wo ngodua aba a wɔasiw ngo kurunnyenn na wɔmfa nsɔ ɔkanea no, na ɔkanea no nsi so daa; 3 adanse ntwamu mmɔhɔɔ no akyi, ahyiae ntamadan no mu na Aaron nsiesie mfi anwummere nkosi anɔpa, AWURADE anim daa; ɛyɛ daa ahyɛde ma mo awo ntoatoaso nyinaa. 4 Sika amapa kaneadua a ɛho tew no so na onsiesie akanea no, AWURADE anim daa yi. Kyerɛ abodoo 5 Na fa asikresam to tetare dumien; olonka abupɛn du mu abien nyɛ tetare biako. 6 Na fa sensɛm so akyerɛpɛn abien, asia nyɛ kyerɛpɛn biako, sika amapa ɔpon a ɛho tew no so, AWURADE anim. 7 Na fa ohuamfufu kurunnyenn toto akyerɛpɛn no so, na ɛnyɛ abodoo no so nkae ade, ogya afɔre a wɔsɔ ma AWURADE. 8 Daa homeda na onsiesie wɔ AWURADE anim daa yi, ɛyɛ Israelfo fam daa apam. 9 Na ɛnyɛ Aaron ne ne mma de, na wonni wɔ nea ɛhɔ yɛ kronkron, efisɛ ɛyɛ akronkronne mu ade kronkron a efi AWURADE gya afɔre so ma no, ɛyɛ daa kyɛfa. Mmusu so asotwe 10 Na Israelni bea bi ba a n'agya yɛ Misraimni fii adi Israelfo no mu, na Israelni bea no ba no ne Israelni bi hamee nsra no mu. 11 Na Israelni bea no ba no kaa din no ho abususɛm, na ɔdomee. Na wɔde no brɛɛ Mose; nso ne na din de Selomit, Dibri ba a ofi Dan abusuakuw mu; 12 na wɔbɔɔ no dua mu sɛ enkosi sɛ obenya AWURADE anom asɛm aka akyerɛ wɔn. 13 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 14 Fa nea wadome no fi adi kɔ nsra no akyi, na wɔn a wɔtee no nyinaa mfa wɔn nsa ngu n'atifi, na asafo no nyinaa nsiw no abo. 15 Na kasa kyerɛ Israelfo nso sɛ obiara a ɔbɛdome ne Nyankopɔn no, ɔbɛsoa ne bɔne. 16 Na nea ɔka AWURADE din ho abususɛm no, okum na wonkum no: osiw na asafo no nyinaa nsiw no abo; ɔhɔho oo, okuromani oo, sɛ ɔka din no ho abususɛm a, wonkum no. 17 Na sɛ obi kum onipa biara a, okum na wonkum no. 18 Na nea okum afieboa no, onsi ananmu, ɔkra nsi ɔkra ananmu. 19 Na nea opira ne yɔnko nipa no, sɛnea ɔyɛe no, wɔnyɛ no saa ara. 20 Obu nsi obu ananmu, aniwa nsi aniwa ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu; sɛnea opiraa onipa no, saa ara na wɔnyɛ no. 21 Na nea okum afieboa no, onsi ananmu, na nea okum onipa no, wonkum no. 22 Atemmu koro nna hɔ mma mo: ɔhɔho nyɛ sɛ okuromani; na mene AWURADE mo Nyankopɔn. 23 Na Mose kasa kyerɛɛ Israelfo no, na wɔde nea ɔdomee no fii adi kɔɔ nsra no akyi kosiw no abo. Na Israelfo yɛɛ sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana