3 Mose 22 - KYERƐW KRONKRONAsɔfo a wɔn ho agu fi nnhura akronkronne no ho 1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 2 Kasa kyerɛ Aaron ne ne mma no sɛ wɔntwe wɔn ho mfi Israelfo akronkronne ho, na wonnhura me din kronkron no ho, ade a wɔyɛ no kronkron ma me no mu: Mene AWURADE. 3 Ka kyerɛ wɔn sɛ: Mo awo ntoatoaso mu ɔbarima biara a ofi mo asefo nyinaa mu a ɔbɛn akronkronne a Israelfo ayɛ no kronkron ama AWURADE, na ne fi wɔ no so no, wobetwa saa ɔkra no afi m'anim akyene. Mene AWURADE. 4 Aaron asefo mu ɔbarima biara a ɔyɛ ɔkwatani anaa nea ne ho sen no nnni akronkronne no bi kosi sɛ ne ho bɛtew; na nea ɔka ade a funu agu ɛho fi anaa obi a ne ho nsu afi ne mu, 5 anaa obi a ɔka ade biara a ɛwea a ɛmma ne ho ntew anaa onipa a ne ho fi nti ne ho ntew no. 6 Ɔkra a ɔka no ho ntew kosi anwummere na onnni akronkronne no bi gye sɛ ɔde nsu aguare ansa. 7 Na sɛ owia kɔtɔ a, ne ho tew, ɛno akyi ansa na onni akronkronne no bi, efisɛ ɛyɛ n'aduan. 8 Aboa funu anaa nea wɔatetew ne mu no, onnni mmfa nngu ne ho fi. Mene AWURADE. 9 Na wɔnhwɛ m'ahwɛde na wɔansoa ɛho bɔne, na sɛ wohura ho a, wɔanwuwu: Mene AWURADE a meyɛ wɔn kronkron no. 10 Ɔhɔho biara nnni akronkronne no bi, na nea wabɛtena ɔsɔfo bi nkyɛn anaa ɔpaani nnni akronkronne no bi. 11 Na sɛ ɔsɔfo bi de ne sika tɔ onipa bi a, ɔno de, onni bi, ne nea wɔwoo no ne fi, wɔn na wonni n'aduan no bi. 12 Na sɛ ɔsɔfo babea bi kɔware ɔhɔho bi a, onnni akronkronne soma afɔrebɔde no bi. 13 Na sɛ ɔsɔfo babea bi yɛ okunafo anaasɛ wɔako no, na onni ba, na ɔsan ba n'agya fi sɛ ne mmofraase a, onni n'agya aduan no bi; na ɔhɔho biara de, onnni bi. 14 Na sɛ obi anhyɛ da, na odi akronkronne no bi a, ɔmfa n'abupɛn anum mu biako mpae so, na ɔnnan akronkronne no mma ɔsɔfo no. 15 Na wonnhura Israelfo akronkronne a wɔde bɔ afɔre ma AWURADE no ho, 16 na wɔmmma wɔnnsoa asodi bɔne bi wɔn akronkronne no di mu, efisɛ mene AWURADE a ɔyɛ wɔn kronkron. 17 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 18 Kasa kyerɛ Aaron ne ne mma ne Israelfo nyinaa na ka kyerɛ wɔn sɛ: Obiara a ofi Israel fi anaa Israel mu ahɔho mu a ɔde n'ayɛyɛde bɛba, wɔn bɔhyɛ ade biara anaa wɔn ayamye ade biara a wɔde rebrɛ AWURADE abɛbɔ ɔhyew afɔre: 19 nea ɛbɛyɛ na ɛbɛsɔ ani ama mo nti, ɛnyɛ onini a odi mu a ofi anantwi, nguanten anaa mmirekyi mu; 20 ade biara a dɛm wɔ ne ho no, mommfa mmma, efisɛ ɛrensɔ ani mma mo. 21 Na obiara a ɔde asomdwoe afɔre bɛbrɛ AWURADE sɛ ɔde rewie n'aboade ma anaa ayamye ade a efi anantwi anaa nguan mu no, ɔmma enni mu, na ɛnsɔ ani; ennni dɛm biara. 22 Nea n'ani afura, wabubu, wapira, watutu akuru a emu sen nsu anaasɛ ntwemu anaasɛ nea nsawa bi wɔ ne ho no, mommfa eyinom biara mmmrɛ AWURADE, na mommfa wɔn mu bi mmmɔ afɔremuka no so gya afɔre mmma AWURADE. 23 Na nantwi anaa oguan a ne ho biribi boro so anaasɛ watɔ ape no, ayamye afɔre de, fa no bɔ, na aboade de, ɛnsɔ ani. 24 Na nea wɔapɛtɛw, wɔabɔ, wɔatu, anaa wɔasa no, mommfa mmmrɛ AWURADE, na mo asase so nso monnyɛ sa. 25 Na ɔnanani bi nsam nso munnnye eyinom mu biara mmfa mmmɛyɛ mo Nyankopɔn aduan, efisɛ wɔn ho aka, dɛm wɔ wɔn ho, ɛrensɔ ani mma mo. 26 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 27 Nantwi, oguanten anaa abirekyi, sɛ wɔwo no a, ɔntena ne na ase nnansɔn, na efi da a ɛto so awotwe de rekɔ no, wɔde yɛ ayɛyɛde ma AWURADE gya afɔre a, ɛbɛsɔ ani. 28 Na munnkum nantwi anaa oguan ne ne ba nyinaa da koro. 29 Na sɛ mobɔ aseda afɔre ma AWURADE a, mommɔ no sɛnea ɛbɛma moasɔ ani; 30 da no ara na wonni; munnnyaw bi nnkosi anɔpa: Mene AWURADE. 31 Na munni me mmara nsɛm so na monyɛ. Mene AWURADE. 32 Na munnhura me din kronkron no ho, na wommu me kronkron Israelfo mu: Mene AWURADE a meyɛ mo kronkron. 33 Me a miyii mo fii Misraim asase so sɛ merebɛyɛ mo Onyankopɔn. Mene AWURADE. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana