3 Mose 2 - KYERƐW KRONKRONAduan afɔrebɔ 1 Na sɛ obi de aduan afɔre ayɛyɛde rebrɛ AWURADE a, n'ayɛyɛde no nyɛ asikresam, na ongu so ngo, na ɔmfa ohuamfufu nto so. 2 Na ɔmfa mmrɛ Aaron mma no, asɔfo no, na ɔsɔfo no mfa asikresam ne ngo no nsa mama, ne ohuamfufu no nyinaa, na ɔnhyew wɔ afɔremuka no so sɛ nkae ade. Ɛyɛ ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma AWURADE. 3 Na aduan afɔre no mu nea ɛbɛka no nyɛ Aaron ne ne mma dea. AWURADE gya mu akronkronne mu ade kronkron ne no. 4 Na sɛ wode aduan afɔre ayɛyɛde a wɔato no fononoo mu reba a, fa asikresam apiti a wɔde ngo afɔtɔw tetare ne apiti fam a wɔagu so ngo bra. 5 Na sɛ w'ayɛyɛde no yɛ aduan afɔre a wɔakyew no dade so a, ma ɛnyɛ asikresam apiti a wɔde ngo afɔtɔw; 6 bubu mu asinasin, na hwie ngo gu so; aduan afɔre ne no. 7 Na sɛ w'ayɛyɛde no yɛ kutu mu aduan afɔre a, fa asikresam ne ngo yɛ. 8 Na fa aduan afɔre a wɔde nneɛma yi ayɛ no brɛ AWURADE; na wɔde brɛ ɔsɔfo no a, ɔmfa mmra afɔremuka no ho. 9 Na ɔsɔfo no nyi ayɛyɛde no so nkae ade no, na ɔnhyew wɔ afɔremuka no so, ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma AWURADE ne no. 10 Na aduan afɔre no nkae nyɛ Aaron ne ne mma dea; akronkronne mu adekronkron a efi AWURADE gya afɔre mu ne no. 11 Aduan afɔre a mode bɛbrɛ AWURADE no nyinaa, mommfa mmɔkaw nnyɛ; na monnhyew mmɔkaw biara ne ɛwo biara sɛ ogya afɔre mma AWURADE. 12 Momfa nneɛma yi mmrɛ AWURADE sɛ aba a edi kan mu afɔrebɔde, nanso wɔmmfa bi mmma afɔremuka no so sɛ emmeyi hua huamhuam. 13 Na w'aduan afɔre ayɛyɛde nyinaa, to mu nkyene, na mma wo Nyankopɔn apam nkyene mmpa w'aduan afɔre mu; fa nkyene ka w'ayɛyɛde nyinaa ho. 14 Na sɛ wode aba a edi kan ayɛyɛde rebrɛ AWURADE a, fa aburow mmɛtem a wɔato no ogya mu atutu apa ho yɛ w'aba a edi kan mu ayɛyɛde; 15 na fa ngo gu so, na fa ohuamfufu to so: aduan afɔre ne no. 16 Na ɔsɔfo no nhyew aburow mfuamfua a wɔapa ho no bi ne ngo no bi ne ohuamfufu no nyinaa sɛ nkae ade: ɛyɛ ogya afɔre a wɔbɔ ma AWURADE. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana