Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

3 Mose 18 - KYERƐW KRONKRON


Nna mu akyiwade

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Kasa kyerɛ Israelfo na ka kyerɛ wɔn sɛ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

3 Misraim asase a motenaa hɔ no so nneyɛe de, monnyɛ. Na Kanaan asase a mede mo merekɔ hɔ no so nneyɛe nso, monnyɛ, na munnni wɔn ahyɛde so.

4 M'atemmude na monyɛ, na monkora m'ahyɛde sɛ, mubedi so.

5 Mene AWURADE mo Nyankopɔn. Na monkora m'ahyɛde ne m'atemmude a onipa a ɔyɛ no benya mu nkwa no. Mene AWURADE.

6 Obiara nnkɔ ne bogya biara a ɔyɛ ne honam no ho nnkoyi n'adagyaw so. Mene AWURADE.

7 Nyi w'agya anaa wo na adagyaw so; wo na ne no, nyi n'adagyaw so.

8 Nyi w'agya yere adagyaw so; w'agya adagyaw ne no.

9 Wo nuabea a ɔyɛ w'agya ba anaa wo na ba no, wɔwoo no ofie oo, wɔwoo no baabi oo, nyi wɔn adagyaw so.

10 Wo babanin babea anaa wo babea babea, nyi wɔn adagyaw so, efisɛ ɛyɛ w'adagyaw.

11 W'agya yere babea a w'agya awo no no, ɔyɛ wo nuabea, nyi n'adagyaw so.

12 Nyi w'agya nuabea adagyaw so; ɔyɛ w'agya honam.

13 Nyi wo na nuabea adagyaw so, efisɛ ɔyɛ wo na honam.

14 Nyi w'agya nuabarima adagyaw so nkɔ ne yere ho; wo na kumaa ne no.

15 Nyi w'ase adagyaw so; wo babarima yere ne no, nyi n'adagyaw so.

16 Nyi wo nua yere adagyaw so; ɛyɛ wo nua adagyaw.

17 Nyi ɔbea bi ne ne ba adagyaw so; mfa ne babanin babea anaa ne babea babea nyi wɔn adagyaw so; ne honam ne wɔn; ɛyɛ abusude.

18 Na mma ɔbea ne ne nua nware, na wɔatwe kora, mmere a ɔda so te ase no, wubeyi n'adagyaw so aka ho.

19 Na nkɔ ɔbea a n'asabu mu ne ho ntewee no ho nkoyi n'adagyaw so.

20 Na wo ne wo yɔnko yere nnna, na mfa wo ho nsu mma no mfa ngu wo ne no ho fi.

21 Na mfa w'asefo mu bi mma ɔnnkɔfa ogya mu mmma Molek, na nhura wo Nyankopɔn din ho; mene AWURADE.

22 Na wo ne ɔbarima nnna, sɛ ɔbea; ɛyɛ akyide.

23 Wo ne aboa biara nnna mmfa nngu wo ho fi; na ɔbea bi nnnyina aboa bi anim nnnan ne ho mmma no; ɛyɛ basabasayɛ.

24 Mommfa nneɛma yi biara nngu mo ho fi, efisɛ eyinom nyinaa na amanaman a merebetu wɔn afi mo anim yi de agu wɔn ho fi,

25 na asase no so agu fi, enti na meretua ɛso amumɔyɛ no so ka, na asase no afe ɛsotefo no agu.

26 Na mo de, munni m'ahyɛde ne m'atemmude so, na monnnyɛ saa akyide yi mu biara, okuromani oo, ɔhɔho a wabɛsoɛ mo mu oo,

27 efisɛ saa akyide yi nyinaa na asase no sofo a wodi mo kan no ayɛ, na asase no so agu fi;

28 na asase no amfe mo sɛ moagu ho fi, sɛnea ɛfee amanaman a wodii mo anim no.

29 Na obiara a ɔbɛyɛ saa akyide yi mu biara no, wobetwa akra a wɔyɛ no afi wɔn aman mu akyene.

30 Enti monhwɛ m'ahwɛde, na moanyɛ ahyɛde a wokyi a wodii mo anim yɛe no amfa angu mo ho fi: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan