3 Mose 16 - KYERƐW KRONKRONMpata Da 1 Na Aaron mma baanu no wu a wɔbaa AWURADE anim na wowui no akyi no, AWURADE kasa kyerɛɛ Mose, 2 na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kasa kyerɛ wo nua Aaron sɛ, ɔnnhyɛn kronkronbea hɔ nnkɔ mmɔhɔɔ no akyi, mpata agua a ɛwɔ adaka no so no anim, bere nyinaa mu, na wanwu, efisɛ omununkum no mu na miyi me ho mekyerɛ, mpata agua no so. 3 Na eyi ne nea Aaron mfa nhyɛn kronkronbea hɔ, nantwininiforo a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre, ne odwennini a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre. 4 Ɔnhyɛ nwera atade kronkron no, na nwera ntwakoto nkata ne ho, na nwera abomu no mmɔ n'asen, na ɔmmɔ nwera abotiten no, ɛne ntade kronkron no; ɔmfa nsu nguare ne ho ansa na ɔnhyɛ. 5 Na onnye Israel asafo no hɔ mpapo abien, na wɔmfa mmɔ bɔne ho afɔre, ne odwennini biako, na wɔmfa mmɔ ɔhyew afɔre. 6 Na Aaron mfa bɔne ho afɔre nantwinini a ɛyɛ ne de no mmra, na ɔmfa mpata mma n'ankasa ne ho ne ne fi. 7 Na ɔmfa mpapo abien no mmegyina AWURADE anim, ahyiae ntamadan no ano. 8 Na Aaron mmɔ mpapo abien no so ntonto, AWURADE ntonto biako ne Asase ntonto biako. 9 Na Aaron mfa ɔpapo a AWURADE ntonto bɔɔ no no mmra mmɛbɔ bɔne ho afɔre. 10 Na ɔpapo a Asasel ntonto bɔɔ no no, ɔmfa no animono nnyina AWURADE anim mfa mpata mma no na wonkogyaa no nkɔ sare so mma Asasel. 11 Na Aaron mfa bɔne ho afɔre nantwinini a ɛyɛ ne de no mmra mfa mpata mma n'ankasa ne ho ne ne fi, na onkum bɔne ho afɔre nantwinini a ɛyɛ ne de no. 12 Na ɔmfa gyasɔ ade nnyansramma ma mfi afɔremuka no so, AWURADE anim, ne aduhuam a wɔasiw no fekɔfekɔ ne nsa abien ma, na ɔmfa nkɔ ntwamu mmɔhɔɔ no akyi; 13 na ɔmfa aduhuam no ngu ogya no so, AWURADE anim, na aduhuam no wusiw nkata mpata agua a ɛwɔ Adanse no so no ho, na wanwu. 14 Na ɔmfa nantwinini no mogya no bi, na ɔmfa ne nsatea nka mpete mpata agua no so anim fam, na ɔmfa ne nsatea nka mogya no bi mpete mpata agua no anim hɔ mpɛn asɔn. 15 Na onkum bɔne ho afɔre papo a ɔyɛ ɔman de no, na ɔmfa ne mogya nkɔ ntwamu mmɔhɔɔ no akyi, na ɔmfa mogya no nyɛ sɛnea ɔde nantwinini no mogya yɛe no, na ɔmfa mpete mpata agua no so ne mpata agua no anim, 16 na ɔmpata mma kronkronbea no Israelfo no afide, ne wɔn mmara a wɔto, ne wɔn bɔne nyinaa nti; na saa na ɔnyɛ mma ahyiae ntamadan a esi wɔn mu esiane wɔn afide no nti. 17 Na onipa biara nntena ahyiae ntamadan no mu, bere a ɔhyɛn hɔ kɔpata kronkronbea no mu, kosi sɛ obefi adi a wapata ama n'ankasa ne ne fi ne Israelfo asafo nyinaa. 18 Na omfi adi mmra afɔremuka a esi AWURADE anim no ho, na ɔmpata mma no, na ɔmfa nantwinini no mogya no bi ne ɔpapo no mogya no bi nkeka afɔremuka no mmɛn ho nhyia, 19 na ɔmfa ne nsatea nka mogya no bi mpete so mpɛn asɔn, na ɔntew ho nyɛ no kronkron mfi Israelfo no afide mu. 20 Na sɛ ɔpata ma kronkronbea ne ahyiae ntamadan ne afɔremuka no wie a, ɔmfa ɔpapo animono no mmra. 21 Na Aaron mfa ne nsa abien ngu ɔpapo animono no atifi, na ɔnka Israelfo no mfomso nyinaa ne wɔn mmarato nyinaa sɛ wɔn bɔne nyinaa te no ngu ɔpapo no so, na ɔmma ɔbarima bi a ɔwɔ hɔ nkogyaa no nkɔ sare so, 22 na ɔpapo no nsoa wɔn mfomso nyinaa mfa nkɔ asase fo so, na onkogyaa ɔpapo no sare so. 23 Na Aaron nhyɛn ahyiae ntamadan no mu, na onyi nwera atade a ɔhyɛ kɔɔ kronkronbea no, na onnyaw wɔ hɔ. 24 Na ɔmfa nsu nguare ne ho, nea ɛhɔ yɛ kronkron, na ɔnhyɛ ne ntade na omfi adi nkɔbɔ ne hyew afɔre ne ɔman no hyew afɔre, na ɔmpata mma n'ankasa ne ho ne ɔman no. 25 Na ɔnhyew bɔne ho afɔre srade no afɔremuka no so. 26 Na nea ɔde ɔpapo no kɔe kogyaa no maa Asasel no nhoro ne ntade, na ɔmfa nsu nguare ne ho, na ɛno akyi ansa na ɔmmra nsra no mu. 27 Na bɔne ho afɔre nantwinini ne bɔne ho afɔre papo a wɔde wɔn mogya kɔɔ kronkronbea hɔ kɔpatae no, wɔmfa wɔn mfi nkɔ nsra no akyi, na wɔmfa ogya nhyew wɔn nhoma ne wɔn nam ne wɔn agyanan. 28 Na nea ɔkɔ kɔhyewee no nhoro ne ntade na ɔmfa nsu nguare ne ho, na ɛno akyi ansa na ɔmmra nsra no mu. 29 Na eyi nyɛ mo daa ahyɛde: ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so du no, mommrɛ mo ho ase, okuromani oo, ɔhɔho a ɔbɛsoɛ mo mu oo, monnyɛ adwuma biara. 30 Na da no na wɔpata ma mo de dwira mo, na mo ho atew afi mo bɔne nyinaa mu, AWURADE anim. 31 Ɛnyɛ mo ɔhome mu homeda na mommrɛ mo ho ase; ɛyɛ daa ahyɛde. 32 Na mpata no, ɔsɔfo a wɔasra no ngo a wɔde ahyɛ ne nsa sɛ onni sɔfo nsi n'agya ananmu no na ɔmpata, na ɔnhyɛ nwera ntade no, ntade kronkron no, 33 na ɔmpata mma kronkronbea kronkron no, na ɔmpata mma ahyiae ntamadan ne afɔremuka no, na ɔmpata mma asɔfo no ne ɔman asafo mu no nyinaa. 34 Na eyi nyɛ mo daa ahyɛde, na wɔde apata ama Israelfo no afi wɔn bɔne nyinaa mu pɛnkoro daa afirihyia. Na Mose yɛe sɛnea AWURADE hyɛɛ no no. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana