3 Mose 15 - KYERƐW KRONKRONMmarima ahosen fi 1 Na AURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 2 Monkasa nkyerɛ Israelfo no nse wɔn sɛ, ɔbarima biara sɛ ne ho sen gu a, n'ahosen no nti ne ho ntew. 3 Na nea egu ne ho fi n'ahosen no mu ni: Sɛ n'ahosen fi ne honam anaasɛ n'ahosen ma ne honam ano siw a, ɛyɛ ne ho figu. 4 Nnae biara a nea ne ho sen no bɛda so no ho ntew, na ade biara a ɔbɛtena so no ho ntew. 5 Na nea ɔka ne nnae no nhoro ne ntade na ɔmfa nsu nguare, na ne ho ntew kosi anwummere; 6 na nea ɔtena ade a nea ne ho sen no tenaa so no, ɔnhoro ne ntade na ɔmfa nsu nguare, na ne ho ntew kosi anwummere. 7 Na nea ɔka nea ne ho sen no honam no, ɔnhoro ne ntade na ɔmfa nsu nguare na ne ho ntew kosi anwummere; 8 na sɛ nea ne ho sen no fe ntasu gu nea ne ho tew so a, ɔnhoro ne ntade na ɔmfa nsu nguare, na ne ho ntew kosi anwummere. 9 Na aboa so agua biara a ɔhosenfo no bɛtena so no ho ntew; na obiara a ɔka biribiara a ɛwɔ ɔhosenfo no ase no ho ntew kosi anwummere. 10 Na nea ɔsoa saa ade no nhoro ne ntade na ɔmfa nsu nguare, na ne ho ntew kosi anwummere. 11 Na obiara a ɔhosenfo no amfa nsu anhohoro ne nsa na ɔbɛka no no, ɔnhoro ne ntade na ɔmfa nsu nguare, na ne ho ntew kosi anwummere. 12 Na kuku a ɔhosenfo no bɛka no, wɔmmɔ, na dua ade biara de, wɔmfa nsu nhohoro ho. 13 Na sɛ ɔhosenfo no ho tew fi n'ahosen no mu a, ɔnkan nnansɔn ngu n'ahofi so, na ɔnhoro ne ntade, na ɔmfa mmasu nguare ne honam, na ne ho atew. 14 Na da a ɛto so awotwe no, ɔmfa nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien mmra AWURADE anim, ahyiae ntamadan no ano, na ɔmfa mma ɔsɔfo no. 15 Na ɔsɔfo no mfa biako nyɛ bɔne ho afɔre, na biako no nso ɔmfa nyɛ ɔhyew afɔre, na ɔsɔfo no mpata mma no AWURADE anim mfi n'ahosen no mu. 16 Na sɛ ɔbarima bi ahoboa fi no mu a, ɔmfa nsu nguare ne honam nyinaa, na ne ho ntew kosi anwummere. 17 Na ntama biara anaa nhoma biara a ahoboa begu mu no, wɔmfa nsu nhoro, na ɛho ntew kosi anwummere. 18 Na sɛ ɔbarima ne ɔbea da na ahoboa gu no a, wɔmfa nsu nguare na wɔn ho ntew kosi anwummere. Mmea ahosen fi 19 Na ɔbea sɛ, ne ho sen na mogya fi ne honam mu gu a, ɔntena n'asabu mu nnansɔn, na obiara a ɔka no no ho ntew kosi anwummere. 20 Na ade biara a ɔda so n'asabu mu no ho ntew, na ade biara a ɔtena so no ho ntew. 21 Na obiara a ɔka ne nnae no, ɔnhoro ne ntade na ɔmfa nsu nguare, na ne ho ntew kosi anwummere; 22 na obiara a ɔka ade biara a watena so no, ɔnhoro ne ntade na ɔmfa nsu nguare na ne ho ntew kosi anwummere; 23 na sɛ biribi wɔ nnae no so anaasɛ ade a watena so no so a, obi ka a, ne ho ntew kosi anwummere. 24 Na sɛ ɔbarima ne no da, na n'asabu ade no bi ka ne ho a, ne ho ntew nnansɔn, na ne nnae a ɔda so no nyinaa ho ntew. 25 Na ɔbea, sɛ ne ho sen mogya gu nna pii, na ɛnyɛ n'asabu bere, anaasɛ ne ho sen tra n'asabu nna no a, ɛnne n'ahosen a ɛho ntew nna no nyinaa ne ho ntew te sɛ n'asabu nna mu. 26 Ne nnae a ɔda so biara n'ahosen nna nyinaa mu nyɛ no sɛ n'asabu nnae, na ade biara a ɔtena so no ho ntew sɛ n'asabu mu de no. 27 Na obiara a ɔde ne nsa ka nneɛma no ho ntew, na ɔnhoro ne ntade na ɔmfa nsu nguare, ne ho ntew kosi anwummere. 28 Na sɛ ne ho tew fi n'ahosen no mu a, ɔnkan nnansɔn mfa, na ɛno akyi no ne ho atew. 29 Na da a ɛto so awotwe no, ɔmfa nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien mmrɛ ɔsɔfo, ahyiae ntamadan no ano. 30 Na ɔsɔfo no mfa biako mmɔ bɔne ho afɔre, na biako no ɔmfa mmɔ ɔhyew afɔre, na ɔsɔfo no mpata mma no, AWURADE anim, mfi n'ahosen a ɛho ntew no mu. 31 Na momma Israelfo no nyi wɔn ho mfi wɔn fi mu, na wɔanwuwu wɔn fi mu sɛ wɔrekogu me tenabea a ɛwɔ wɔn mu no ho fi. 32 Eyi ne mmara a ɛda hɔ ma nea ne ho sen ne nea ne ho nsu fi no mu gu ne ho fi, 33 ne ɔbea a ne ho nyɛ no den n'asabu mu, ne nea ne ho sen, ɔbarima oo, ɔbea oo, ne ɔbarima a ɔne ɔbea a ne ho ntew bɛda. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana