3 Mose 12 - KYERƐW KRONKRONAwo akyi ahodwira 1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 2 Kasa kyerɛ Israelfo no sɛ: Sɛ ɔbea bi nyinsɛn na ɔwo ɔbabanin a, ne ho ntew nnansɔn sɛ n'asabu nna mu a ne ho ntew no. 3 Na da a ɛto so awotwe no, wontwa abofra no twetia. 4 Na ɔntena ntannan mu adaduasa abiɛsa n'ahodwira mogya mu; ɔnnka adekronkron biara na ɔmmma kronkronbea hɔ kosi sɛ n'ahodwira nna bewie du. 5 Na sɛ ɔwo ɔbea a, ne ho ntew adapɛn abien sɛ n'asabu nna mu, na ɔntena ntannan mu adaduosia asia n'ahodwira mogya mu. 6 Na sɛ ahodwira nna no wie du ma ɔbabanin anaa ɔbabea no a, ɔmfa oguanten ba a wadi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre, ne aborɔnoma ba anaa aturukuku a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre mmra ahyiae ntamadan no ano mmɛma ɔsɔfo no. 7 Na ɔmfa mmra AWURADE anim, na ɔmpata mma no, na ne ho ntew mfi ne mogya gugu no mu. Eyi ne mmara a ɛda hɔ ma ɔbea a wawo ɔbabarima anaa ɔbabea no. 8 Na sɛ ne nsa anso ade a edu oguan ba no ano a, ɔmfa nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien mmra mmɛma, biako nyɛ ɔhyew afɔre, na biako nso nyɛ bɔne ho afɔre, na ɔsɔfo no mpata mma no, na ne ho ntew. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana