3 Mose 11 - KYERƐW KRONKRONMmoa a wonni ne nea wonnni 1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron see wɔn sɛ: 2 Monkasa nkyerɛ Israelfo sɛ: Eyinom ne mmoa a munni wɔ asase so mmoa nyinaa mu: 3 Ntɔteboa mu wɔn a wɔwɔ tɔte a emu apae na wɔn tɔte mu apae koraa, na wopuw nea wɔadi wesaw no, ɛno na munni. 4 Eyinom nko na munnni, wɔn a wopuw wesaw anaa wɔn tɔte mu apae mu: yoma, efisɛ opuw wesaw de, nanso ne tɔte mu mpae, enti ne ho ntew mma mo; 5 ne atwaboa, efisɛ opuw wesaw de, nanso ne tɔte mu mpae, ne ho ntew mma mo; 6 ne adanko, efisɛ opuw wesaw de, nanso ne tɔte mu mpae, ne ho ntew mma mo; 7 ne prako efisɛ ne tɔte mu apae koraa de, nanso ompuw nwesaw, ne ho ntew mma mo. 8 Munnni wɔn nam, na monnka wɔn afunu; wɔn ho ntew mma mo. 9 Eyi ne nea munni nea ɛwɔ nsu mu nyinaa mu: Nea ɛwɔ ntɛtɛw ne abon, nsu mu, ɛpo ne nsuwansuwa mu, ɛnonom na munni. 10 Na biribiara a enni ntɛtɛw ne abon, ɛpo ne nsuwansuwa mu, ade a ɛwɔ nsu mu nyinaa nkwa wɔ mu; nyɛ akyide mma mo. 11 Na ɛnyɛ mo akyide, munnni wɔn nam, na wɔn afunu nso, munkyi. 12 Ade biara a enni ntɛtɛw ne abon nsu mu no yɛ mo akyide. 13 Na eyinom na munkyi ntuboa mu; munnni wɔyɛ akyide, ɔkɔre ne ɔkɔrebia ne asu so kɔre, 14 ne ɔkom ne asansa, sɛnea wɔn su te, 15 anene ahorow nyinaa, 16 sohori, patukɛse, ɛpo so asomfena ne akoroma, sɛnea wɔn su te, 17 ne patubiaa, ɛpo so anene, patukɛse, 18 bakanoma, pokupoku, opete, 19 asukɔnkɔn, asukɔnkɔn ahorow, asuakwaa ne ampan. 20 Ntuboa nyinaa a wɔnantew nan anan anan so nyinaa nyɛ akyide mma mo. 21 Nanso eyinom na munni ntuboa a wɔnantew nan anan anan so nyinaa mu, wɔn a wɔwɔ aprɛw abien wɔ wɔn nan so a wɔde huruhuruw asase so no; 22 wɔn mu nea munni ni: Mmoadabi ahorow, abirinkran ahorow, atutuafuru ahorow, mmɛbɛw ahorow. 23 Na ntuboa manyamanya a wɔwɔ nan anan anan nyinaa yɛ akyide ma mo. 24 Na eyinom na mode begu mo ho fi; obiara a ɔka wɔn funu no ho ntew kosi anwummere. 25 Na obiara a ɔsoa wɔn funu ho biribi no, ɔnhoro ne ntade, efisɛ ne ho ntew ara kosi anwummere. 26 Ntɔteboa a wɔn tɔte mu apae, nanso emu nwie pae na wompuw nwesaw no nyinaa ho ntew mma mo; obiara a ɔka wɔn no, ne ho ntew. 27 Na mmoa a wɔnam nan anan anan so nyinaa mu wɔn a wɔnam wɔn nsa ne wɔn nan mu no, wɔn ho ntew mma mo; obiara a ɔka wɔn funu no ho ntew kosi anwummere. 28 Na nea ɔsoa wɔn funu bi no nhoro ne ntade, na ne ho ntew kosi anwummere; wɔn ho ntew mma no. 29 Na mmoa a wɔwea asase so mu wɔn a wɔn ho ntew mma mo ni: Kɔkɔbo, akura, aketew ahorow, 30 ɔdan-ne-na, ɔmampam, ɔketew, sare so ketew ne ɔbosomaketew. 31 Eyinom ne wɔn a wɔn ho ntew mma mo, mmoa a wɔwea nyinaa mu; sɛ wowu a, obiara a ɔka wɔn no ho ntew kosi anwummere. 32 Na ade biara a wɔn mu bi awu atɔ so no, ɛho ntew: dua ade biara oo, atade oo, nhoma oo, awere oo, ade biara a wɔde yɛ adwuma; wɔmfa nhyɛ nsu mu, na ɛho ntew kosi anwummere ansa na ɛho atew. 33 Na kuku biara a wɔn mu bi bɛhwe mu no, nea ɛwɔ mu nyinaa ho ntew, na kuku no nso mommɔ no. 34 Aduan a wodi biara a nsu no bi begu mu no ho ntew, na anonne biara a wɔnom wɔ ade biara a ɛte saa mu no ho ntew. 35 Na ade biara a wɔn funu ho biribi bɛhwe so, ɛho ntew; fononoo oo, muka oo, wɔmmubu: ɛho ntew, na mummu no sɛ ɛho ntew. 36 Nanso nsuaniwa anaa abura a nsu wom de, ɛho tew ara; na biribiara a ɛka wɔn funu na ɛho ntew. 37 Na sɛ wɔn funu ho biribi hwe kuade a wodua biara so a, ɛho tew; 38 na sɛ wɔde nsu gu kuade no so na wɔn funu ho biribi hwe so a, ɛho ntew mma mo. 39 Na sɛ mmoa a mudi no bi wu a, nea ɔka ne funu no ho ntew kosi anwummere. 40 Na nea odi ne funu no bi no nhoro ne ntade, na ne ho ntew kosi anwummere; na nea ɔsoa ne funu no nhoro ne ntade, na ne ho ntew kosi anwummere. 41 Na ade biara a ɛwea fam yɛ akyide, munnni. 42 Ade biara a ɛnam yafunu so ne ade biara a ɛnam nan anan so kosi ade biara a ɛwɔ nan bebree so, wɔn a wɔwea fam nyinaa mu no, munnni, efisɛ ɛyɛ akyide. 43 Munnhura mo kra ho, mmoa a wɔwea no biara ho, na monnyɛ mo ho fi a ɛmma mo ho ntew wɔ wɔn ho. 44 Na mene AWURADE mo Nyankopɔn, enti montew mo ho na monyɛ kronkron, efisɛ meyɛ kronkron; enti mommma mo kra ho nnkum ade biara a ɛwea a ɛtwe ne ho ase no ho. 45 Na mene AWURADE a miyii mo Misraim asase so sɛ mɛyɛ mo Nyankopɔn no; enti monyɛ kronkron, efisɛ meyɛ kronkron. 46 Eyi ne ntɔteboa ne ntuboa ne aboa biara a ɛwɔ nsu mu ne mmoa a wɔwea fam nyinaa ho mmara, 47 sɛ wɔmfa mpae ade a ɛho ntew ne nea ɛho tew mu, ne mmoa a wodi ne mmoa a wonni mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana