Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Yohane 1 - KYERƐW KRONKRON


Nkyia

1 Me, ɔpanyin no, kyerɛw kɔma Awuraa a wɔayi no, ne ne mma a medɔ wɔn nokware mu, na ɛnyɛ me nko ara, na wɔn a wɔahu nokware no nyinaa,

2 nokware a ɛte yɛn mu na ɛne yɛn bɛtena hɔ daa no nti:

3 Adom, mmɔborohunu ne asomdwoe mfi Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo, Agya no Ba no, nkyɛn mmra yɛn so, nokware ne ɔdɔ mu no.


Nokware ne ɔdɔ

4 M’ani agye sɛ, sɛ mahu wo mma no mu bi sɛ wɔnam nokware mu, sɛnea yɛanya ahyɛde afi Agya no nkyɛn no.

5 Na afei, Awuraa, mesrɛ wo, ɛnyɛ sɛ merebɛkyerɛw wo ahyɛde foforo, na mmom nea yenyae fi mfiase no ara, sɛ yɛnnodɔ yɛn ho no.

6 Na eyi ne ɔdɔ no, sɛ yɛbɛnantew sɛnea ahyɛde no te. Eyi ne ahyɛde no, sɛnea moate fi mfiase, sɛ monnantew mu.

7 Na nnaadaafo bebree aba wiase a wɔmpaem nka sɛ Yesu Kristo aba ɔhonam mu. Eyinom ne ɔdaadaafo ne antikristo no.

8 Monhwɛ mo ho so yiye, na moanhwere nea yɛayɛ adwuma anya no, na mmom moanya akatua mu.

9 Obiara a ɔfom so na ɔntena Kristo nkyerɛkyerɛ no mu no, onni Nyankopɔn. Na nea ɔtena nkyerɛkyerɛ no mu no, ɔno na ɔwɔ Agya no ne Ɔba no.

10 Sɛ obi ba mo nkyɛn na onkura nkyerɛkyerɛ yi a, munnnye no nnkɔ mo fi, nso munnkyia no!

11 Na nea okyia no no yɛ ne nnwuma bɔne no fafafo.


Awiei

12 Mewɔ nsɛm pii a anka mɛkyerɛw mabrɛ mo de, nanso mempɛ sɛ mede krataa ne adubiri mekyerɛw. Na m’ani da so sɛ mɛba mo nkyɛn na yɛde ano ne ano akasa, na yɛn anigye awie pɛyɛ.

13 Wo nuabea a wɔayi no, mma no kyia wo.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan