Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Timoteo 1 - KYERƐW KRONKRON


Nkyia

1 Paulo a ɔnam Onyankopɔn pɛ so yɛ Kristo Yesu somafo, sɛnea nkwa a ɛwɔ Kristo Yesu mu bɔhyɛ no te no,

2 de kɔma ɔdɔba Timoteo: Adom, mmɔborohunu, asomdwoe mfi Agya Onyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu nka wo.


Aseda

3 Meda Onyankopɔn a mifi me nenanom so mesom no sɛ m'agyanom no ase sɛ mekae mo daa wɔ me mpaebɔ mu awia ne anadwo,

4 na mekae wo nusu a, ɛma m’ani gyina sɛ mehu wo, na anigye ayɛ me ma,

5 na ɛma mekae wo gyidi a nkontompo nnim a kan ɛwɔ wo nena Lois ne wo na Eunike mu, na migye midi sɛ ɛwɔ wo nso mu no.


Afotu ahorow

6 Ɛno nti merekae wo sɛ: Nyan Onyankopɔn adom akyɛde a ɛnam me nsa a mede miguu wo so no a ɛwɔ wo mu no so ka sɔ ano bio;

7 efisɛ Onyankopɔn amma yɛn ehu honhom, na mmom ahoɔden ne ɔdɔ ne adwenemtew de.

8 Enti mma w’ani nnwu yɛn Awurade adansedi ne me a meyɛ ne deduani no ho, na mmom hu asɛmpa no ho amane bi, sɛnea Onyankopɔn ahoɔden te no.

9 Ɔno na wagye yɛn, na ɔde ɔfrɛ kronkron afrɛ yɛn, ɛnyɛ yɛn nnwuma nti, na mmom ne tirim agyina ne adom a wɔde adom yɛn Kristo Yesu mu fi teteete

10 na afei wɔnam yɛn agyenkwa Kristo Yesu ahoyi so ayi adi no ho. Ɔno na wayi owu hɔ, na ɔnam asɛmpa no so ayi nkwa ne ade a ɛmporɔw adi hann.

11 Ɛno na wɔabɔ din ahyɛ me ɔsɛnkafo ne ɔsomafo ne ɔkyerɛkyerɛfo.

12 Ɛno ara nti na mihu amane yi nso, nanso m’ani nwu ho; efisɛ minim onii ko a magye no madi, na migye midi sɛ obetumi ahwɛ nea wɔde ahyɛ me nsa no so asie da no.

13 So nsɛm pa a eye a wotee me nkyɛn no nhwɛso no mu yiye, gyidi ne ɔdɔ a ɛwɔ Kristo Yesu no mu.

14 Ade pa a wɔde ahyɛ wo nsa no, fa Honhom Kronkron a ɔte yɛn mu no so hwɛ so.


Figelo, Hermogene, Onesiforo

15 Wunim eyi, sɛ wɔn a wɔwɔ Asia nyinaa adan afi me nkyɛn, wɔn mu bi ne Figelo ne Hermogene.

16 Awurade nhu Onesiforo fi mmɔbɔ, efisɛ ɔtaa huhuw me maa me ho dwoo me, na n’ani anwu me nkɔnsɔnkɔnsɔn ho.

17 Na ɔbaa Roma no, ɔbɔɔ mmɔden hwehwɛɛ me, na ohuu me.

18 Awurade mma onnya Awurade hɔ mmɔborohunu ɛda no! Na som a ɔsomee Efeso no, wo ara wunim yiye.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan