2 Tesalonikafo 1 - KYERƐW KRONKRONNkyia 1 Paulo ne Silwano ne Timoteo de kɔma Tesalonikafo asafo wɔ yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mu: 2 Adom ne asomdwoe a efi Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. Aseda 3 Anuanom, ɛsɛ yɛn sɛ yɛda Onyankopɔn ase daa sɛnea ɛfata mo nti, efisɛ mo gyidi nyin boro so, na dɔ a mo nyinaa mode dodɔ mo ho mmiako mmiako no mu adɔ. 4 Mo boasetɔ ne gyidi a mukura mu, mo taa nyinaa ne amane a mumiaa mo ani hui no mu nti, ɛma yɛn ankasa hoahoa yɛn ho ma mo Onyankopɔn asafo no mu. 5 Ɛno na ɛyɛ Onyankopɔn atɛntrenee agyirae, sɛ wobebu mo sɛ Onyankopɔn ahenni a muhu ho amane no fata mo. Kristo bɛba sɛ otemmufo 6 Efisɛ ɛteɛ Onyankopɔn anim sɛ ɔde ahohia tua wɔn a wohiahia mo ho no ka, 7 na wama mo a wohiahia mo ho no ne yɛn ahome, ɛda a wobeyi Awurade Yesu ne ne tumi abɔfo adi afi soro, ogyaframa mu, 8 na watɔ wɔn a wonnim Nyankopɔn ne wɔn a wɔantie yɛn Awurade Yesu asɛmpa no were. 9 Wɔn na wobenya akatua, daa ɔsɛe, ne yi a woyi wɔn fi Awurade anim ne ne tumi anuonyam ho, 10 bere a ɔbɛba sɛ wɔnhyɛ no anuonyam n’ahotefo mu. Na wɔnhwɛ n’anwonwade wɔ wɔn a wɔagye adi nyinaa mu, efisɛ wɔagye yɛn adanse a yedii mo no adi, ɛda no ara mu. 11 Enti nso yɛbɔ mpae ma mo daa, sɛ yɛn Nyankopɔn mmu mo sɛ mosɛ ɔfrɛ no, na ɔmfa tumi so mma n’ayamye anisɔde ne gyidi adwuma nyɛ ma, 12 na wɔahyɛ yɛn Awurade Yesu din anuonyam wɔ mo mu, ne mo nso wɔ no mu, sɛnea yɛn Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom no te. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana